Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 23:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na Pilato ka kyerɛɛ asɔfo mpanyin ne nkurɔfo akuwakuw no sɛ: Minhu afobusɛm biara onipa yi mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Na Pilato ka kyerɛɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne nkurɔfoɔ akuakuo no sɛ: Menhunu afobusɛm biara onipa yi mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Pilato ka kyerɛɛ asɔfo mpanyin ne nnipadɔm no se, “Minhu asɛm biara a megyina so abu onipa yi fɔ.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Na Pilato ka kyerɛɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne nkurɔfoɔ akuakuo no sɛ: Menhunu afobusɛm biara onipa yi mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Pilato ka kyerɛɛ asɔfoɔ mpanin ne nnipadɔm no sɛ, “Menhunu asɛm biara a mɛgyina so abu onipa yi fɔ.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Na Pilato ka kyerɛɛ asɔfo mpanyin ne nkurɔfo akuwakuw no sɛ: Minhu afobusɛm biara onipa yi mu.

Ver Capítulo Copiar




Luka 23:4
13 Referencias Cruzadas  

Na ɔte atemmu agua so no, ne yere soma baa ne nkyɛn sɛ: Mma asɛm bi mmma wo ne onipa trenee no ntam; na ne nti mahu amane pii ɔdae mu nnɛ.


Na Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Na bɔne bɛn na wayɛ? Na wɔteɛɛm dennennen sɛ: Bɔ no asɛnnua mu.


Na ɔkaa nea ɛto so abiɛsa kyerɛɛ wɔn sɛ: Na bɔne bɛn na wayɛ? Manhu nea ɛfata sɛ wokum no, enti mɛhwe no, na magyaa no.


Pilato see no sɛ: Dɛn ne nokware? Na ɔkaa eyi no, ofii adi kɔɔ Yudafo no nkyɛn bio na osee wɔn sɛ: Me de, minhu ne mu afobusɛm biara.


Mahu sɛ ɔnyɛɛ biribiara a ɛsɛ owu, nanso ɔno ankasa de asɛm no akɔdan Ɔhempɔn nti, mahyɛ sɛ mɛma wɔde no akɔ hɔ.


Abraham ne Isak ne Yakob Nyankopɔn, yɛn agyanom Nyankopɔn, na wahyɛ n’abofra Yesu anuonyam. Ɔno na muyii no mae na mopaa no wɔ Pilato a obuu ntɛn sɛ obegyaa no anim no.


Na ɔsɔfo panyin a ɔfata yɛn ne saa ɔsɔfo panyin yi a ne ho tew, onni bɔne, ne ho nni nkekae, wɔayi no afi nnebɔneyɛfo ho, na wɔama no so akyɛn ɔsoro.


na mmom wɔde Kristo a ɔte sɛ oguammaa a onni dɛm ne nkekae no mogya a ne bo yɛ den no na egyee mo.


Ɔno na wanyɛ bɔne, nanso wɔanhu nnaadaa n’anom.


Efisɛ Kristo nso huu bɔne ho amane prɛko, nea ɔteɛ hu maa wɔn a wɔnteɛ, sɛ ɔde yɛn bɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn. Wokum no ɔhonam mu, na wɔma ɔtenaa ase honhom mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios