Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 21:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Na ose: Monhwɛ na wɔannaadaa mo, na nnipa bebree bɛba me din mu abɛka sɛ: Mene no, na afei nso ɛbere no abɛn. Na enti munnni wɔn akyi!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Na ɔse: Monhwɛ na wɔannaadaa mo, na nnipa bebree bɛba me din mu abɛka sɛ: Mene no, na, Ɛberɛ no abɛn. Na enti monnni wɔn akyi!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Yesu buae se, “Monhwɛ mo ho so yiye na obi annaadaa mo, efisɛ nnipa pii bɛsɔre aka se, ‘Mene Kristo no’ na bere no abɛn, nanso monnnye wɔn nni!

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Na ɔse: Monhwɛ na wɔannaadaa mo, na nnipa bebree bɛba me din mu abɛka sɛ: Mene no, na, Ɛberɛ no abɛn. Na enti monnni wɔn akyi!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Yesu buaa sɛ, “Monhwɛ mo ho so yie na obi annaadaa mo, ɛfiri sɛ, nnipa pii bɛsɔre aka sɛ, ‘Mene Kristo no’ na ɛberɛ no abɛn, nanso monnnye wɔn nni!

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Na ose: Monhwɛ na wɔannaadaa mo, na nnipa bebree bɛba me din mu abɛka sɛ: Mene no, na afei nso ɛbere no abɛn. Na enti munnni wɔn akyi!

Ver Capítulo Copiar




Luka 21:8
26 Referencias Cruzadas  

Na sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Mommma mo adiyifo a wɔwɔ mo mu no ne mo nkɔmhyɛfo no nnsisi mo, na munntie mo adae a mososo no,


Na adiyifo atorofo bebree bɛsɔre, na wɔabɛdaadaa nnipa bebree.


sɛ: Monsakra mo adwene; na ɔsoro ahenni no abɛn.


Efi saa bere no, Yesu fii ase kaa asɛm sɛ: Monsakra mo adwene; na ɔsoro ahenni no abɛn.


Na wobese mo sɛ: Hwɛ ha! Anaa: Hwɛ hɔ! a, monnkɔ, nso munnni wɔn akyi!


Na wobisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, da bɛn na eyinom bɛba, na eyinom rebɛba a, ɛho sɛnkyerɛnne ne dɛn?


Na sɛ mote ɔko ne basabasayɛ a, mommma no mmɔ mo hu; na etwa sɛ eyinom ba kan; nanso na awiei no de, ennui.


Me de, mebae m’Agya din mu, na munnye me; sɛ ɔfoforo ba n’ankasa din mu a, ɔno na mubegye no.


Enti mise mo sɛ: Mubewu mo bɔne mu; na sɛ moannye anni sɛ mene no a, mubewu mo bɔne mu.


Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Sɛ munya ma Onipa Ba no so a, ɛno na mubehu sɛ mene no, na memmɔ m’ankasa me tirim menyɛ biribi, na sɛnea Agya no kyerɛkyerɛ me no, ɛno ara na meka.


Anaasɛ munnim sɛ wɔn a wɔnteɛ no rennya Onyankopɔn ahenni no? Mommma wɔnnnaadaa mo: Aguamammɔfo, abosonsomfo, awaresɛefo, mmarima ahohwifo ne mmarima a wɔne wɔn ho da


Mommma obi mmfa nsɛnhunu nnnaadaa mo; na saa nneɛma no nti na Onyankopɔn abufuw ba wɔn a wɔyɛ asoɔden so.


Mommma obiara nnnaadaa mo biribiara fam, efisɛ ɛremma, gye sɛ ɔwae a wɔbɛwae no aba ansa, na wɔayi onipa a onni mmara no adi, ɔsɛe ba no


Na nnipa bɔne asisifo bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu, wɔdaadaa na wɔadaadaa wɔn nso.


Adɔfo, munnnye ahonhom nyinaa nnni, na mmom monsɔ ahonhom no nhwɛ sɛ wofi Nyankopɔn anaa; efisɛ atoro adiyifo bebree aba wiase.


Na nnaadaafo bebree aba wiase a wɔmpaem nka sɛ Yesu Kristo aba ɔhonam mu. Eyinom ne ɔdaadaafo ne antikristo no.


Nhyira ne nea ɔkekan ne wɔn a wotie adiyi nsɛm no, na wɔde nea wɔakyerɛw wɔ mu no sie; na ɛbere no abɛn.


Na wotuu ɔtweaseɛ kɛse no, ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no ɔbonsam ne Satan, nea ɔdaadaa amanaman nyinaa no, fii hɔ tow no kyenee asase so, na wɔtow n’abɔfo kaa ne ho gui.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios