Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 2:51 - KYERƐW KRONKRON

51 Na ɔne wɔn siim san kɔɔ Nasaret, na ɔbrɛɛ ne ho ase maa wɔn. Na ne na de nsɛm yi nyinaa siee ne komam.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

51 Na ɔne wɔn sii mu sane kɔɔ Nasaret, na ɔbrɛɛ ne ho ase maa wɔn. Na ne na de nsɛm yi nyinaa siee n’akomam.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

51 Yesu ne nʼawofo kɔɔ Nasaret no, ɔyɛɛ osetie maa wɔn. Ne na de nsɛm a esisii no nyinaa siee ne tirim.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

51 Na ɔne wɔn sii mu sane kɔɔ Nasaret, na ɔbrɛɛ ne ho ase maa wɔn. Na ne na de nsɛm yi nyinaa siee n’akomam.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

51 Yesu ne nʼawofoɔ kɔɔ Nasaret no, ɔyɛɛ ɔsetie maa wɔn. Ne maame de nsɛm a ɛsisiiɛ no nyinaa siee ne tirim.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

51 Na ɔne wɔn siim san kɔɔ Nasaret, na ɔbrɛɛ ne ho ase maa wɔn. Na ne na de nsɛm yi nyinaa siee ne komam.

Ver Capítulo Copiar




Luka 2:51
15 Referencias Cruzadas  

Na ne nuanom ani beree no; na n'agya de, ɔde asɛm no siei.


Mede wo nsɛm makora me komam, na manyɛ wo ho bɔne bi.


Ɛha na nsɛm no ase asi. Na me, Daniel de, m’adwene haw me pii, na m’anim sakrae, na mede asɛm no misiee me koma mu.


Na ogu so kasa kyerɛ nkurɔfo akuwakuw no, hwɛ, ne na ne ne nuanom begyinaa afikyiri pɛe sɛ wɔne no kasa.


Na Yesu bua see no sɛ: Mprempren de, ma ho kwan; na ɛnam eyi so na yɛhyɛ trenee nyinaa ma. Ɛnna ɔmaa no kwan.


Na ɛbae sɛ nna no mu no, Yesu fi Nasaret a ɛwɔ Galilea bae, na Yohane bɔɔ no asu wɔ Yordan mu.


Ɛnyɛ duadwumfo yi ɔyɛ Maria ba no, Yakob ne Yose ne Yuda ne Simon nom nua no ni? Na ɛnyɛ ne nuammeanom na wɔwɔ yɛn nkyɛn ha yi? Na ɔyɛɛ hintidua maa wɔn.


Na wɔka kyerɛɛ no sɛ, Yesu Nasareni no na ɔretwam.


Na Maria de, ɔde nsɛm yi nyinaa siei dwennwen ho ne koma mu.


Na wowiee amanne nyinaa yɛ sɛnea Awurade mmara kyerɛ no, wɔsan kɔɔ wɔn kurow Nasaret a ɛwɔ Galilea mu.


Na ɔbaa Nasaret a wɔtetew no wɔ hɔ no, na homeda, sɛnea ɔyɛ daa no, ɔkɔɔ hyiadan mu, na ɔsɔre gyinae sɛ ɔrebɛkenkan.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ampa ara, mode bɛ yi bebu me sɛ: Ɔsafo, sa wo ho yare! Nneɛma a yɛate sɛ woyɛe Kapernaum no, yɛ bi w’agya kurom ha nso!


mommrɛbrɛ mo ho ase mma mo ho wɔ suro a mowɔ wɔ Kristo mu mu.


Na eyi na wɔbɔɔ din frɛɛ mo, efisɛ Kristo nso huu amane maa mo, gyaw mo nhwɛso, sɛ munni n’anammɔn akyi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios