Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 19:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Ɔdehye bi kɔɔ asase bi so akyirikyiri sɛ ɔrekogye n’ahenni na wasan aba.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Ɔdehyeɛ bi kɔɔ asase bi so akyirikyiri, sɛ ɔrekɔgye n’ahennie na wasane aba.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Ɔkae se, “Ɔdehye bi a watu kwan akɔ akyirikyiri asase bi so san kɔɔ ne kurom se ɔrekɔ na wɔakosi no ɔhene.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

12 Ɔdehyeɛ bi kɔɔ asase bi so akyirikyiri, sɛ ɔrekɔgye n’ahennie na wasane aba.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Ɔkaa sɛ, “Ɔdehyeɛ bi a watu kwan akɔ akyirikyiri asase bi so sane kɔɔ ne kurom kɔhunuu nʼabusua mu mpanimfoɔ sɛ wɔnsi no ɔhene.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Ɔdehye bi kɔɔ asase bi so akyirikyiri sɛ ɔrekogye n’ahenni na wasan aba.

Ver Capítulo Copiar




Luka 19:12
18 Referencias Cruzadas  

Nanso ahwɛsofo no huu ɔba no, wɔkekae wɔn mu sɛ: Oyi ne ɔdedifo no; mommra mma yenkum no, na n'agyapade no nyɛ yɛn de!


Na Yesu bae bɛkasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me.


Na ofii ase nam mmebu so kasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Onipa bi yɛɛ bobeturo, na ogyee ho ban hyiae, na otuu mu nsa-kyi-amoa, na ɔtoo mu abantenten, na ɔde fɛm akuafo bi, na ogyaw tuu bata.


Na afei, Awurade Yesu ne wɔn kasae akyi no, wɔfaa no kɔɔ ɔsoro, na ɔkɔtenaa Onyankopɔn nifa.


Na ofii ase buu ɔman no bɛ yi sɛ: Onipa bi yɛɛ bobe turo, na ɔde fɛm akuafo bi, na ogyaw hɔ kɔɔ baabi kɔkyɛe.


Na ɛbae sɛ ɔrehyira wɔn no, ɔne wɔn paepaee mu, na wɔmaa no so kɔɔ soro.


Ɛnna Pilato see no sɛ: Na woyɛ ɔhene nen? Yesu buae sɛ: Wo na woreka sɛ meyɛ ɔhene. Me de, eyi nti na wɔwoo me, na mebaa wiase, sɛ merebedi nokware no ho adanse; obiara a ofi nokware no mu no tie me nne.


efisɛ wayi da bi ato hɔ a ɔnam ɔbarima bi a wayi no asi hɔ so bebu wiase ntɛn trenee mu; ɔno na wama no asɔre afi awufo mu de adi adanse sɛ nnipa nyinaa nnye nni.


Na etwa sɛ odi hene kosi sɛ ɔde atamfo no nyinaa bɛhyɛ ne nan ase.


saa ara nso na Kristo a wɔde no bɔɔ afɔre prɛko sɛ ɔnsoa nnipa bebree bɔne no bɛkwati bɔne ayi ne ho adi ne mprenu so, akyerɛ wɔn a wɔhwɛ no kwan no, de wɔn akɔ nkwagye mu.


Ɔno na ɔkɔɔ ɔsoro no, ɔte Onyankopɔn nifa, na abɔfo ne wɔn a wɔwɔ ahoɔden ne tumi mu no abrɛ wɔn ho ase ama no.


Hwɛ, ɔnam amununkum mu reba, na aniwa nyinaa behu no, ɛne wɔn a wɔwɔɔ no peaw no, na asase so mmusua nyinaa bɛbɔ ne ho abubuw. Saa ara na ɛbɛyɛ. Amen.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios