Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 19:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Na Onipa Ba no bae sɛ ɔrebɛhwehwɛ na wabegye nea ayera.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Na Onipa Ba no baa sɛ ɔrebɛhwehwɛ na wabɛgye deɛ ayera.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Na mebae sɛ merebɛhwehwɛ wɔn a wɔayera na magye wɔn nkwa.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Na Onipa Ba no baa sɛ ɔrebɛhwehwɛ na wabɛgye deɛ ayera.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Na Onipa Ba no baeɛ sɛ ɔrebɛhwehwɛ wɔn a wɔayera na wagye wɔn nkwa.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Na Onipa Ba no bae sɛ ɔrebɛhwehwɛ na wabegye nea ayera.

Ver Capítulo Copiar




Luka 19:10
17 Referencias Cruzadas  

Sɛnea oguanhwɛfo hwehwɛ ne nguankuw akyi kwan da a ɔwɔ ne nguan a wɔabɔ apete no mu no, saa ara na mɛhwehwɛ me nguan akyi kwan, na meyi wɔn afi nea wɔapansam wɔn akɔ nyinaa, omununkum ne sum kabii da no.


Nea wayera no, mɛhwehwɛ no, na nea wɔapam no no, mɛkɔ makɔfa no aba, na nea wabubu no, mɛkyekyere no, na nea ɔyare no, mɛhyɛ no den; na nea wadɔ srade ne nea ne ho yɛ den no, mɛhwɛ no so; mɛhwɛ wɔn trenee mu.


Na ɔbɛwo babanin, na woato ne din Yesu, efisɛ ɔno na obegye ne man afi wɔn bɔne mu.


na mmom monkɔ Israel fi nguan a ayera no nkyɛn!


Na Yesu buae sɛ: Israel fi nguan a ayera no nko ara nkyɛn na wɔsomaa me.


Monhwɛ, na moammu nkumaa yi mu biako abomfiaa; na mise mo sɛ ɔsoro no, wɔn abɔfo hwɛ m’agya a ɔwɔ soro no anim daa.


(Na onipa ba no bae sɛ obegye nea ayera.)


Na ɛsɛ sɛ yɛn ani gye na yɛn bo tɔ yɛn yam, efisɛ wo nua yi wui, na wanyan; na ɔyerae, na wɔahu no.


Anaasɛ ɔbea bɛn na ɔwɔ nnwetɛbona du, na emu biako yera a, ɔrensɔ kanea, na ɔmpra ɔdan no mu, na ɔnhwehwɛ yiye nkosi sɛ obehu?


Na Onyankopɔn ansoma Ɔba no wiase sɛ ommebu wiase atɛn, na mmom sɛ wɔmfa no so nnye wiase.


Na yɛda so yɛ mmerɛw no, bere a ɛsɛ mu no, Kristo wu maa abusuyɛfo.


Saa nti, obetumi agye wɔn a wɔnam no so ba Onyankopɔn nkyɛn no koraa, efisɛ ɔte ase daa sɛ obedi ama wɔn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios