Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 17:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: Ɛdan sɛ dɛn ara a, hintiduato bɛba de, nanso nea ɛnam no so bɛba no nnue!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: Ɛdane sɛ deɛn ara a, suntiduatoɔ bɛba deɛ, nanso deɛ ɛnam ne so bɛba no nnue!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Ɛyɛ dɛn ara a hintinnua no bɛba, nanso obiara a ebi bɛfa ne so aba no nnue.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Na ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: Ɛdane sɛ deɛn ara a, suntiduatoɔ bɛba deɛ, nanso deɛ ɛnam ne so bɛba no nnue!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ɛda bi Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Ɛyɛ dɛn ara a sɔhwɛ a ɛde onipa kɔ bɔne mu no bɛba, nanso onipa a ɛnam ne so bɛba no, ɔnnue.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: Ɛdan sɛ dɛn ara a, hintiduato bɛba de, nanso nea ɛnam no so bɛba no nnue!

Ver Capítulo Copiar




Luka 17:1
14 Referencias Cruzadas  

Hintiduato nti wiase nnue! Na etwa sɛ hintiduato ba de, nanso onipa a hintiduato nam no so ba no nnue!


Enti sɛ aduan to me nua hintidua a, ɛnne merenni ara da, na manto me nua hintidua.


Enti mommma yemmmubu yɛn ho yɛn ho atɛn bio, na mummu atɛn yi mmom sɛ obi mmfa abew anaa hintidua bi nnto hɔ mmma ne nua.


Wiɛ, etwa sɛ fekuw horow ba mo mu, na wɔn a wɔfra no ada adi mo mu.


Nanso, anuanom, mitu mo fo sɛ monkari wɔn a wɔde mpaepaemu ba na wɔto hintidua de sɛe nkyerɛkyerɛ a moasua no, na montwe mo ho mfi wɔn ho.


Na ɔdan ne ho ka kyerɛɛ Petro sɛ: Fi me so, Satan! Woyɛ hintidua ma me, efisɛ wunnwen Onyankopɔn de, na mmom nnipa de na wudwen.


Monnyɛ nea ɛto Yudafo anaa Helafo anaa Onyankopɔn asafo hintidua;


Nanso mewɔ wo ho nsɛm kakra: Sɛ wowɔ nnipa bi wo hɔ a wokura Bileam nkyerɛkyerɛ mu, nea ɔkyerɛɛ Balak sɛ ɔnto Israel mma hintidua na wonni nam a wɔakum ama abosom na wɔmmɔ aguaman no.


Nanso mewɔ wo ho asɛm, sɛ woma ɔbea Yesebel a ɔfrɛ ne ho sɛ odiyifo no kwan sɛ ɔnkyerɛkyerɛ na ɔnnaadaa me nkoa na wɔmmɔ aguaman na wonni nam a wɔakum ama abosom.


Na osee no sɛ: Sɛ wɔantie Mose ne adiyifo no a, obi fi awufo mu sɔre mpo a, wɔrennye no nni.


Na honhom no ka no pefee sɛ nna no mu no, ebinom bɛfam nnaadaa ahonhom ne ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ ho atwe wɔn ho afi gyidi no ho,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios