Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 16:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Na owura no kamfoo ofiepanyin nitewfo no sɛ wadi no nyansam, eyi mpo kyerɛ sɛ, wiase yi mma wɔ nyansa sen hann mma wɔn mfɛfo mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Na owura no kamfoo efiepanin oniteɛfoɔ no sɛ wadi no nyansam; yei mpo kyerɛ sɛ, wiase yi mma wɔ nyansa sene hann mma wɔn mfɛfoɔ mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 “Ɔdefo no huu nea ofi sohwɛfo no yɛe no akyi, nanso ɔnam fɛwdi so kamfoo no wɔ nʼanifiri no ho. Saa ara nso na wiase yi mma susuw sɛ wonim nyansa sen wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn akyidifo no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Na owura no kamfoo efiepanin oniteɛfoɔ no sɛ wadi no nyansam; yei mpo kyerɛ sɛ, wiase yi mma wɔ nyansa sene hann mma wɔn mfɛfoɔ mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 “Ɔdefoɔ no hunuu deɛ efie sohwɛfoɔ no yɛeɛ no akyi, nanso ɔnam fɛdie so kamfoo no wɔ nʼanifire no ho. Saa ara nso na ewiase yi mma susu sɛ wɔnim nyansa sene wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn akyidifoɔ no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Na owura no kamfoo ofiepanyin nitewfo no sɛ wadi no nyansam, eyi mpo kyerɛ sɛ, wiase yi mma wɔ nyansa sen hann mma wɔn mfɛfo mu.

Ver Capítulo Copiar




Luka 16:8
23 Referencias Cruzadas  

Na ɔwɔ yɛ anifere kyɛn wuram mmoadoma a AWURADE Nyankopɔn yɛɛ wɔn nyinaa. Na obisaa ɔbea no sɛ: Ampa sɛ Nyankopɔn aka sɛ Munnni turom ha nnua nyinaa bi?


Na Amnon wɔ adamfo bi a wɔfrɛ no Yonadab, Dawid ne nua Simea ba. Na Yonadab yɛ onitefo sɛ.


Na afei, Baal adiyifo nyinaa, ne n’asomfo nyinaa ne n’asɔfo nyinaa, momfrɛ wɔn mmra me nkyɛn, mommma obiara nnka, na mewɔ afɔre kɛse mebɔ mema Baal; obiara a ɔbɛka no rennya nkwa. Na Yehu yɛɛ no anitew mu, sɛ ɔrebɛsɛe Baal asomfo.


AWURADE, fa wo nsa begye me, fi nnipa nsam, nnipa a wɔn nkwa kyɛfa ne wiase de, fa nea wasiesie ama wɔn hyɛ wɔn yafunu ma ma wɔn mma nnya no mmoroso na wɔmfa bi nnyaw nkyirimma.


Momma yɛmpɛ nyansa kwan bi mfa wɔn mfa so, na wɔannɔɔso, na sɛ ɔsa bi ba a, wɔankɔdɔm yɛn atamfo ne yɛn ammɛko, na wɔansɔre asase yi so ankɔ.


Onipa nimdeɛ so na woyi no ayɛ, na nea wakyea ne koma no anim begu ase.


Na nea ɔbɛkasa atia Onipa Ba no, wɔde bɛkyɛ no; na nea ɔbɛkasa atia Honhom Kronkron de, wɔremfa nkyɛ no wiase ha ne wiase a ɛreba no mu.


Na obuae sɛ: ananafo hɔ no, Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnne na mma no de wɔn ho.


Nea odi ade ketewaa mu nokware no di pii mu nokware; na nea ɔnteɛ ade ketewaa mu no, na ɔnteɛ bebree mu nso.


Yiw, mahu nea mɛyɛ, na wotu me fi me panyinni so a, wɔagye me akɔ wɔn afi.


Ɛnna osee ɔfoforo sɛ: Na wo nso, ahe na wode? Na ose: Mede awi nkotoku ɔha. Na osee no sɛ: Fa wo nhoma, na kyerɛw aduɔwɔtwe!


Na Awurade se: Muntie nea ɔtemmufo a ɔnteɛ yi ka!


Na Yesu bua see wɔn sɛ: Wiase yi mma ware, na wɔde wɔn ma aware;


na wɔn a wobebu wɔn sɛ ɛsɛ wɔn sɛ wɔn nsa bɛka wiase foforo no ne ɔsɔre a wɔbɛsɔre afi awufo mu no de, wɔnware, nso wɔmfa wɔn mma aware.


Mowɔ hann no yi, munnye hann no nni, na moayɛ hann no mma. Yesu kaa eyinom, na ofii wɔn anim hɔ kohintawee.


Obiara nnnaadaa ne ho. Sɛ obi susuw sɛ ɔyɛ onyansafo mo mu wiase a, ma ɔnyɛ ɔkwasea, na wayɛ onyansafo.


Na kan no na moyɛ sum, na afei de, moyɛ hann, Awurade mu; monnantew sɛ hann mma,


wɔn na wɔn awiei ne ɔsɛe, wɔn nyame ne yafunu, na wɔn anuonyam wɔ wɔn aniwu mu, na asase so nneɛma ho na wodwen.


Mo nyinaa moyɛ hann mma ne adekyee mma; yɛnyɛ anadwo anaa esum dea.


Na mo de, moyɛ abusua a wɔapaw wɔn, ahene asɔfokuw, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ɔno ara de, sɛ monka nea ɔfrɛɛ mo fii sum mu baa ne hann a ɛyɛ nwonwa mu no ayeyi nkyerɛ.


Eyi mu na Onyankopɔn mma ne ɔbonsam mma da adi. Obiara a ɔnyɛ nea ɛteɛ ne nea ɔnnɔ ne nua no mfi Nyankopɔn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios