Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 15:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Na ɔba fie a, ɔfrɛfrɛ ne nnamfo ne n’afipamfo boa ano ka kyerɛ wɔn sɛ: Mo ne me ani nnye, efisɛ mahu me guan a ɔyerae no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Na ɔba fie a, ɔfrɛfrɛ ne nnamfo ne n’afipamfoɔ boa ano ka kyerɛ wɔn sɛ: Mo ne me ani nnye, ɛfiri sɛ mahunu me dwan a ɔyeraeɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Na sɛ odu fie a, wafrɛfrɛ ne nnamfo ne nʼafipamfo nyinaa aka akyerɛ wɔn se, ‘Momma yennye yɛn ani, efisɛ mahu me guan a ɔyerae no.’

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Na ɔba fie a, ɔfrɛfrɛ ne nnamfo ne n’afipamfoɔ boa ano ka kyerɛ wɔn sɛ: Mo ne me ani nnye, ɛfiri sɛ mahunu me dwan a ɔyeraeɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Na sɛ ɔduru efie a, wafrɛfrɛ ne nnamfo ne nʼafipamfoɔ nyinaa aka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Momma yɛnnye yɛn ani, ɛfiri sɛ, mahunu me odwan a ɔyeraeɛ no.’

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na ɔba fie a, ɔfrɛfrɛ ne nnamfo ne n’afipamfo boa ano ka kyerɛ wɔn sɛ: Mo ne me ani nnye, efisɛ mahu me guan a ɔyerae no.

Ver Capítulo Copiar




Luka 15:6
19 Referencias Cruzadas  

Saa ara na mise mo sɛ: Anigye ba Onyankopɔn abɔfo anim ɔdebɔneyɛfo biako a ɔsakra n’adwene ho.


efisɛ me ba yi wui, na wanyan bio; ɔyerae, na wɔahu no. Na wofii ase gyee wɔn ani.


Na anka mote sɛ nguan a wɔayera, na afei moasan aba mo kra Hwɛfo ne Wɛmfo nkyɛn.


Na ɔbae na obehuu Onyankopɔn adom no, n’ani gyei, na otuu wɔn nyinaa fo sɛ wonsi wɔn adwene pi mmata Awurade ho.


Mafom kwan sɛ oguan a wayera, hwehwɛ w’akoa, na me werɛ mfi wo mmara nsɛm.


Na mpo sɛ wɔhwie me gu sɛ afɔrebɔ wɔ mo gyidi ne som ho a, m’ani gye, na me ne mo nyinaa di ahurusi.


Na asafo no gyaa wɔn kwan no, wɔkɔfaa Foenike ne Samaria kaa amanaman mufo no adwensakra ho asɛm, na wɔmaa anuanom no nyinaa ani gyei kɛse.


Sɛ moyɛ nea mehyɛ mo a, na moyɛ me nnamfo.


Nea ayeforo wɔ no no ne ayeforokunu; na ayeforokunu adamfo a ogyina hɔ na otie no de, ogye na n’ani gye, ayeforokunu no nne nti. Ɛno nti afei na me saa anigye yi awie pɛyɛ.


Mise mo sɛ: Saa ara na anigye bɛba ɔsoro, ɔdebɔneyɛfo biako a ɔsakra n’adwene ho sen nnipa trenee aduakron akron a enhia wɔn adwensakra.


Mo a kan no monyɛ ɔman, na afei moayɛ Onyankopɔn man, mo a munnyaa mmɔborohunu, na afei de, moanya mmɔborohunu.


Na hena ne yɛn anidaso anaa anigye anaa ahohoahoa abotiri yɛn Awurade Yesu Kristo anim wɔ ne ba mu, ɛnyɛ mo anaa?


Enti, me nuanom a medɔ mo na mefe mo, m’anigye ne m’abotiri, munnyina Awurade mu sa, adɔfo.


Nso daa, me mpaebɔ nyinaa mu, mede anigye mesrɛ mema mo nyinaa,


Na n’afipamfo ne n’abusuafo tee sɛnea Awurade ayɛ no adɔe kɛse no, wɔne no ani gyei.


Na sɛ ohu no a, ɔde no bɔ ne kɔn ho, na n’ani gye.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios