Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 15:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Na sɛ ohu no a, ɔde no bɔ ne kɔn ho, na n’ani gye.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Na sɛ ɔhu no a, ɔde no bɔ ne kɔn ho, na n’ani gye.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Na sɛ ohu no a, ɔde no abɔ ne kɔn ho, de anigye de no aba.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Na sɛ ɔhu no a, ɔde no bɔ ne kɔn ho, na n’ani gye.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Na sɛ ɔhunu no a, ɔde no abɔ ne kɔn ho, de anigyeɛ de no aba.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na sɛ ohu no a, ɔde no bɔ ne kɔn ho, na n’ani gye.

Ver Capítulo Copiar




Luka 15:5
31 Referencias Cruzadas  

nhwɛ gyidi mu adikanfo ne ne wiefo Yesu a ɔhwɛɛ anigye a ɛda n’anim tɔɔ ne bo ase huu asɛnnua ho amane, na wammu aniwu, na wakɔtena Onyankopɔn ahengua nifa.


Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: ampa ara, ɛnnɛ na nkwagye aba ofi yi mu, efisɛ ɔno nso yɛ Abraham ba.


Hena ne Onyankopɔn sɛ wo a wode amumɔyɛ kyɛ na wutwa mmarato ho ma w’agyapade nkae no? Ɔrenso n’abufuw mu daa, na adɔe mmom na ɔpɛ;


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Nokware mise wo sɛ, nnɛ wobɛka me ho Paradise hɔ.


Na ɛsɛ sɛ yɛn ani gye na yɛn bo tɔ yɛn yam, efisɛ wo nua yi wui, na wanyan; na ɔyerae, na wɔahu no.


So ɔpɛ na mepɛ ɔbɔnefo wu? AWURADE Nyankopɔn asɛm ni; so ɛnyɛ sɛ ɔsan fi ne kwan so na onya nkwa na mepɛ?


a wɔnam gyidi so wɛn mo wɔ Onyankopɔn tumi mu de kɔ nkwagye a wɔasiesie sɛ wɔrebeyi no adi bere a edi akyiri no mu.


na wɔn ani so atetew afi ɔbonsam a wakyere wɔn sɛ wɔnyɛ nea ɔpɛ no afiri mu.


efisɛ yɛn asɛmpa no amma mo nkyɛn sɛ ɔkasa ara kwa, na mmom ɛbae ahoɔden ne Honhom Kronkron ne ntease bebree mu nso, sɛnea munim sɛ mo nti yɛbɔɔ yɛn bra fae wɔ mo mu no.


Ɛno ho na wɔayɛ me somfo, sɛnea Onyankopɔn adom akyɛde a wɔde akyɛ me, ne tumi adwumayɛ no so, te no.


Na yɛyɛ n’adwinni a ɔyɛe, ɔbɔɔ yɛn Kristo Yesu mu maa nnwuma pa a Onyankopɔn asiesie ato hɔ sɛ yɛnnantew mu no.


Maka eyinom nyinaa makyerɛ mo, na m’anigye atena mo mu, na mo anigye awie pɛyɛ.


Awurade wo Nyankopɔn ne wo wɔ hɔ, ɔkofoni a ɔma nkonimdi; ne ho bɛsan no, anigye mu, ɔbɛyɛ wo foforo ne dɔ no mu, ne ho bɛsɛpɛw no, ahurusi dwom mu,


Na obegyina hɔ ayɛn wɔn, AWURADE ahoɔden mu, AWURADE ne Nyankopɔn din kɛseyɛ mu, na wɔatena ase; na afei ɔbɛso akosi asase awiei.


Ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mete ase yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, ampa ara, ɔbɔnefo wu nyɛ me fɛ, na mmom sɛ ɔbɔnefo bɛsan afi ne kwan so na wanya nkwa. Monsan, monsan mfi mo akwammɔne so! Ɛdɛn nti na morewuwu yi, Israel fi?


Wɔn ahohia nyinaa mu no, ne ho hiaa no, na n’anim bɔfo no gyee wɔn; ne dɔ ne ne nkyɛeso mu na ogyee wɔn, na ɔmomaa wɔn so, na ɔsoaa wɔn tete nna no nyinaa mu.


Na wɔbɛfrɛ wɔn sɛ: Ɔman kronkron, wɔn a AWURADE agye wɔn, na wo nso, wɔbɛfrɛ wo nea wɔahwehwɛ n’akyi kwan, kurow a wɔrennyaw no.


Na sɛ aberante ware ababaa no, sɛ wo bɔfo bɛware wo ne no; sɛ ayeforokunu ho sɛpɛw no ayeforo ho no, saa ara nso na wo Nyankopɔn ho bɛsɛpɛw no wo ho.


Mo mu nipa bɛn na sɛ ɔwɔ nguanten ɔha na wɔn mu biako kɔyera a, ɔrennyaw aduɔkron akron no sare so, na onni nea wayera no akyi nkosi sɛ obehu no?


Na ɔba fie a, ɔfrɛfrɛ ne nnamfo ne n’afipamfo boa ano ka kyerɛ wɔn sɛ: Mo ne me ani nnye, efisɛ mahu me guan a ɔyerae no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios