Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 15:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Mo mu nipa bɛn na sɛ ɔwɔ nguanten ɔha na wɔn mu biako kɔyera a, ɔrennyaw aduɔkron akron no sare so, na onni nea wayera no akyi nkosi sɛ obehu no?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Mo mu nipa bɛn na sɛ ɔwɔ nnwanten ɔha na wɔn mu baako kɔyera a, ɔrennya aduɔkron nkron no ɛserɛ soɔ, na ɔnni deɛ wayera no akyi nkɔsi sɛ ɔbɛhu no?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 “Mo mu hena na sɛ ɔwɔ nguan ɔha na wɔn mu baako yera a, ɔrennyaw aduɔkron akron no hɔ nkokyinkyin sare so nhwehwɛ nea wayera no kosi sɛ obehu no?

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Mo mu nipa bɛn na sɛ ɔwɔ nnwanten ɔha na wɔn mu baako kɔyera a, ɔrennya aduɔkron nkron no ɛserɛ soɔ, na ɔnni deɛ wayera no akyi nkɔsi sɛ ɔbɛhu no?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 “Mo mu hwan na sɛ ɔwɔ nnwan ɔha na wɔn mu baako yera a, ɔrennya aduɔkron nkron no hɔ nkɔkyinkyini ɛserɛ so nhwehwɛ deɛ wayera no kɔsi sɛ ɔbɛhunu no?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Mo mu nipa bɛn na sɛ ɔwɔ nguanten ɔha na wɔn mu biako kɔyera a, ɔrennyaw aduɔkron akron no sare so, na onni nea wayera no akyi nkosi sɛ obehu no?

Ver Capítulo Copiar




Luka 15:4
19 Referencias Cruzadas  

Nea wayera no, mɛhwehwɛ no, na nea wɔapam no no, mɛkɔ makɔfa no aba, na nea wabubu no, mɛkyekyere no, na nea ɔyare no, mɛhyɛ no den; na nea wadɔ srade ne nea ne ho yɛ den no, mɛhwɛ no so; mɛhwɛ wɔn trenee mu.


Na Onipa Ba no bae sɛ ɔrebɛhwehwɛ na wabegye nea ayera.


Na anka mote sɛ nguan a wɔayera, na afei moasan aba mo kra Hwɛfo ne Wɛmfo nkyɛn.


Na osee wɔn sɛ: Mo mu hena na sɛ ɔwɔ oguan biako, na ɔkɔtɔ amoa mu homeda a, ɔrenso no mu mma no so?


Na mone me nguan, m’adidibea nguan, moyɛ nnipa, mene mo Nyankopɔn, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.


Mafom kwan sɛ oguan a wayera, hwehwɛ w’akoa, na me werɛ mfi wo mmara nsɛm.


Yɛn nyinaa wowɔɔ ntwɛtwɛdɛ sɛ nguan, yɛdannan fofaa yɛn akwan so, na AWURADE maa yɛn nyinaa amumɔyɛ kɔhwee no so.


Me man adan nguan a wɔayera, wɔn ahwɛfo ama wɔafomfom kwan adannan akɔ mmepɔw so; wɔafi bepɔw so akɔ koko so, wɔn werɛ afi wɔn dabere.


Na Awurade buaa no sɛ: Nyaatwomfo! So mo mu biara nsan ne nantwi anaa n’afurum mfi n’adididaka ho mma ɔnkɔnom nsu homeda?


Sɛ mete ase yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, ampa ara, esiane sɛ me nguan adan afow ade, na me nguan adan wuram mmoa nyinaa aduan, sɛ wonni hwɛfo nti, na me nguanhwɛfo mmisaa me nguan akyi kwan, na mmom nguanhwɛfo no yɛn wɔn ho, na me nguan no de, wɔanhwɛ wɔn nti,


Enti, wo nipa biara a wubu atɛn no, anoyi bi nni hɔ mma wo; efisɛ nea wubu obi atɛn wɔ mu no, wubu wo ankasa wo ho fɔ, efisɛ wo a wubu atɛn no, woyɛ saa ade no ara.


mmepɔw so nkurow, Sefela nkurow ne Negeb nkurow mu, ne Benyamin asase so ne Yerusalem ho ne Yuda nkurow mu na nguan bɛfa ɔkanfo nsa ase atwam bio, AWURADE na ose.


Wɔn a wɔagurow no, monhyɛ wɔn den, na ayarefo nso, monsa wɔn yare; nea wabubu no, monkyekyere no, nea wɔapam no no, monkɔfa no mma, na nea wayera no, monhwehwɛ no, na mmom ɔhyɛ ne atirimɔden na mode di wɔn so.


Enti Yesu buu wɔn bɛ yi sɛ:


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios