Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 13:16 - KYERƐW KRONKRON

16 Na hwɛ, ɔbea yi a ɔyɛ Abraham babea a Satan akyekyere no mfirihyia dunwɔtwe yi, ɛnsɛ sɛ wɔsan no fi ɔhaw yi mu homeda?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Na hwɛ, ɔbaa yi a ɔyɛ Abraham babaa a Satan akyekyere no mfirinhyia dunwɔtwe yi, ɛnsɛ sɛ wɔsane no firi kyekyerɛ yi mu homeda?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Adɛn nti na Abraham aseni yi a ɔbonsam afa no nnommum mfe dunwɔtwe ni no ɛnsɛ sɛ mesa no yare homeda?”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

16 Na hwɛ, ɔbaa yi a ɔyɛ Abraham babaa a Satan akyekyere no mfirinhyia dunwɔtwe yi, ɛnsɛ sɛ wɔsane no firi kyekyerɛ yi mu homeda?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Adɛn enti na Abraham aseni yi a ɔbonsam afa no dommum mfeɛ dunwɔtwe ni no, ɛnsɛ sɛ mesa no yadeɛ homeda?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Na hwɛ, ɔbea yi a ɔyɛ Abraham babea a Satan akyekyere no mfirihyia dunwɔtwe yi, ɛnsɛ sɛ wɔsan no fi ɔhaw yi mu homeda?

Ver Capítulo Copiar




Luka 13:16
11 Referencias Cruzadas  

Oyii wɔn fii sum ne sum kabii mu, na obubuu wɔn mpokyerɛ mu.


Ɛnna Yesu see no sɛ: Fi me so, Satan! Na wɔakyerɛw sɛ: Kotow sɔre Awurade, wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.


Na osee wɔn sɛ: Onipa nti na wɔyɛɛ homeda, na ɛnyɛ homeda nti na wɔyɛɛ onipa.


Na ɔteɛɛm sɛ: Agya Abraham, hu me mmɔbɔ, na soma Lasaro na ɔmfa ne nsatea ano nkɔbɔ nsu mu, na ɔmfa mmedwudwo me tɛkrɛma; na merehu amane ogyaframa yi mu.


Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: ampa ara, ɛnnɛ na nkwagye aba ofi yi mu, efisɛ ɔno nso yɛ Abraham ba.


Na afei monsow aba a ɛfata adwensakra, na mummfi ase nnka no mo mu sɛ: Yɛn agya ne Abraham; na mise mo sɛ, Onyankopɔn betumi anyan mma afi abo yi mu ama Abraham.


Mo de, mo agya a mufi no mu ne ɔbonsam, na mo agya no akɔnnɔde na mopɛ sɛ moyɛ. Ɔno na ɔyɛ owudifo fi mfiase, na onnyina nokware so; efisɛ nokware nni no mu. Sɛ ɔka atosɛm a, efi n’ankasa mu na ɔka; efisɛ ɔyɛ ɔtorofo ne atoro agya.


Anuanom, Abraham asefo ne mo mu nnipa a musuro Onyankopɔn no, yɛn na wɔasoma nkwagye asɛm yi abrɛ yɛn.


na wɔn ani so atetew afi ɔbonsam a wakyere wɔn sɛ wɔnyɛ nea ɔpɛ no afiri mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios