Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 13:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Na Yesu huu no no, ɔfrɛɛ no, na osee no sɛ: Ɔbea, wɔasan wo afi wo ahoɔmmerɛw mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Na Yesu hunuu no no, ɔfrɛɛ no, na ɔsee no sɛ: Ɔbaa wɔasane wo afiri w’ahoɔmmerɛ mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Yesu huu no no, ɔfrɛɛ no fii nnipa no mu ka kyerɛɛ no se, “Ɔbea, wo ho nyɛ wo den.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

12 Na Yesu hunuu no no, ɔfrɛɛ no, na ɔsee no sɛ: Ɔbaa wɔasane wo afiri w’ahoɔmmerɛ mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Yesu hunuu no no, ɔfrɛɛ no firii nnipa no mu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔbaa, wo ho nyɛ wo den.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Na Yesu huu no no, ɔfrɛɛ no, na osee no sɛ: Ɔbea, wɔasan wo afi wo ahoɔmmerɛw mu.

Ver Capítulo Copiar




Luka 13:12
9 Referencias Cruzadas  

Ɔmaa n’asɛm bɛsaa wɔn yare, na oyii wɔn fii wɔn amoa mu.


Na eduu anwummere no, wɔde wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne bebree brɛɛ no; na ɔde n’anom asɛm tuu ahonhommɔne no, na ɔsaa wɔn a wɔyare nyinaa yare.


Na hwɛ, ɔbea yi a ɔyɛ Abraham babea a Satan akyekyere no mfirihyia dunwɔtwe yi, ɛnsɛ sɛ wɔsan no fi ɔhaw yi mu homeda?


Momfa mo nsɔw mmobɔ mfoa, na momfa mo nnare mmobɔ mpeaw. Nea wagurow nka sɛ: Meyɛ dɔmmarima.


Medaa me ho so metwɛn wɔn a wɔammisa m’akyi kwan no; na wɔn a wɔanhwehwɛ me no, metwɛnee sɛ anka wobehu me. Mekae sɛ: Mini, mini, mekyerɛɛ ɔman a wɔammɔ me din no.


Na Yesu kyinii Galilea nyinaa kyerɛkyerɛe wɔn hyia adan mu, na ɔkaa ahenni no ho asɛmpa no, na ɔsaa yare ne ahoɔmmerɛw biara ɔman no mu.


Na hwɛ, ɔbea bi wɔ hɔ a ɔwɔ ahoɔmmerɛw honhom mfirihyia dunwɔtwe, na wapono a ontumi nteɛ ne mu koraa po.


Na ɔde ne nsa guu no so, na amonom hɔ ara na ɔteɛe ne mu, na oyii Nyankopɔn ayɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios