Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 12:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Na nea ɔbɛpa me nnipa anim no, wɔbɛpa no Onyankopɔn abɔfo anim.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Na deɛ ɔbɛpa me nnipa anim no, wɔbɛpa no Nyankopɔn abɔfoɔ anim.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Na nea ɔbɛpa me nnipa anim no, me nso mɛpa no, Onyankopɔn abɔfo anim.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 Na deɛ ɔbɛpa me nnipa anim no, wɔbɛpa no Nyankopɔn abɔfoɔ anim.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Na deɛ ɔbɛpa me nnipa anim no, me nso mɛpa no, Onyankopɔn abɔfoɔ anim.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Na nea ɔbɛpa me nnipa anim no, wɔbɛpa no Onyankopɔn abɔfo anim.

Ver Capítulo Copiar




Luka 12:9
15 Referencias Cruzadas  

Sɛ yegyina pintinn a, yɛne no bedi hene. Sɛ yɛpa no a, ɔno nso bɛpa yɛn.


Na obiara a n’ani bewu me ne me nsɛm ho no, ɔno nso ho bɛyɛ Onipa Ba no aniwu ɛda a ɔde ɔne n’agya ne n’abɔfo kronkron anuonyam bɛba no.


Na obiara a n’ani bewu me ne me nsɛm ho, nnɛ mma awaresɛefo ne nnebɔneyɛfo yi mu no, ɔno nso ho bɛyɛ onipa ba no aniwu ɛda a ɔne abɔfo kronkron no bɛba wɔ n’agya anuonyam mu no.


na obiara a ɔbɛpa me nnipa anim no, me nso mɛpa no m’agya a ɔwɔ soro no anim.


minim wo nnwuma. Hwɛ, mede ɔpon a wɔahiɛ masi w’anim a obi ntumi ntom, efisɛ wowɔ ahoɔden ketewa, na woadi m’asɛm so, na woampa me din.


Ɛno na mɛpaem maka makyerɛ wɔn sɛ: Minnim mo da, mumfi me so nkɔ, mo a moyɛ nea ɛnteɛ!


Obiara a ɔpo ɔba no, onni Agya no nso, na nea ɔpaem bɔ Ɔba no din no wɔ Agya no nso.


Na obuae sɛ: Nokware mise mo sɛ, minnim mo.


Na afei, mma nkumaa, montena ne mu, na sɛ oyi ne ho adi a, yɛanya awerɛhyɛm, na yɛn ani anwu n’anim, ne ba mu.


Ɛnna ɔbɛka akyerɛ wɔn a wɔwɔ benkum no nso sɛ: Mo a wɔadome mo, mumfi me so nkɔ daa ogya a wɔasiesie ama ɔbonsam ne n’abɔfo no mu!


Na Onipa Ba no bɛba n’anuonyam mu a n’abɔfo nyinaa ka ne ho no, ɔbɛtena n’anuonyam ahengua so.


Saa ara na mise mo sɛ: Anigye ba Onyankopɔn abɔfo anim ɔdebɔneyɛfo biako a ɔsakra n’adwene ho.


Na ɔsanee sɛ: Ɔbea, minnim no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios