Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 12:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Na mɛkyerɛ mo nea munsuro no: Munsuro nea okum wie a, ɔwɔ ho kwan sɛ ɔde bɛkɔ akɔto amanehunu kurom; yiw, mise mo sɛ: Oyi na munsuro no!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Na mɛkyerɛ mo deɛ monsuro no; monsuro deɛ ɔkum wie a, ɔwɔ ho kwan sɛ ɔde bɛkɔ akɔto amanehunu kurom; aane, mese mo sɛ: Oyi na monsuro no!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Na mɛkyerɛ mo nea ɛsɛ sɛ musuro no. Munsuro nea wakum onipadua no awie no, ɔwɔ tumi sɛ ɔtow kyene amanehunu kurom. Mereti mu akyerɛ mo se, oyi na munsuro no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Na mɛkyerɛ mo deɛ monsuro no; monsuro deɛ ɔkum wie a, ɔwɔ ho kwan sɛ ɔde bɛkɔ akɔto amanehunu kurom; aane, mese mo sɛ: Oyi na monsuro no!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Na mɛkyerɛ mo deɛ ɛsɛ sɛ mosuro no. Monsuro deɛ wakum onipadua no awie no, ɔwɔ tumi sɛ ɔto twene amanehunu kurom. Mereti mu akyerɛ mo sɛ, yei na monsuro no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na mɛkyerɛ mo nea munsuro no: Munsuro nea okum wie a, ɔwɔ ho kwan sɛ ɔde bɛkɔ akɔto amanehunu kurom; yiw, mise mo sɛ: Oyi na munsuro no!

Ver Capítulo Copiar




Luka 12:5
16 Referencias Cruzadas  

Na sɛ Onyankopɔn ankora abɔfo a wɔyɛɛ bɔne no so, na mmom ɔde esum kabii ahama kyeree wɔn guu Asamando amanehunu bun mu, sɛ wɔmfa wɔn nsie atemmu a,


Na munnsuro wɔn a wokum ɔhonam na wontumi nkum ɔkra, na mmom munsuro nea obetumi asɛe ɔkra ne ɔhonam amanehunu kurom.


na ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Munsuro Onyankopɔn na monhyɛ no anuonyam, efisɛ n’atemmu dɔn adu. Na monkotow nea ɔyɛɛ soro ne asase ne ɛpo ne asuti no.


Onyankopɔn a ɔte ase no nsam hwe yɛ hu.


Abɔnefo bɛsan akɔ Asamando, amanaman a wɔn werɛ afi Nyankopɔn nyinaa.


Awurade suro mu wɔ ahodaso a emu yɛ den, na ɔbɛyɛ guankɔbea ama ne mma.


Na wɔtow owu ne Asamando kyenee ogya tare no mu. Eyi ne owuprenu no.


sɛ obiara nntra nnkosisi ne nua asɛm bi mu, efisɛ Awurade ne eyinom nyinaa weretɔfo, sɛnea yɛka kyerɛɛ mo kan na yedii mo adanse no.


Ɛnna ɔbɛka akyerɛ wɔn a wɔwɔ benkum no nso sɛ: Mo a wɔadome mo, mumfi me so nkɔ daa ogya a wɔasiesie ama ɔbonsam ne n’abɔfo no mu!


Awurade, hena na ɔrensuro wo na ɔnhyɛ wo din anuonyam? Efisɛ wo nko na woyɛ kronkron, na amanaman nyinaa bɛba abɛkotow w’anim, efisɛ w’asɛntrenee ada adi.


Na me de, mise mo sɛ obiara a ne bo fuw ne nua no bedi atemmu mu fɔ; na obiara a obese ne nua sɛ: Raka. Onipa hunu no bedi fɔ mpanyimfo atitiriw no asɛnnii. Na obiara a ɔbɛka sɛ: Ɔkwasea, no bedi fɔ akɔ ogya amanehunu kurom.


So munsuro me? AWURADE asɛm ni; anaasɛ mo bo ntu m’anim? Me a mede anwea mitwa po ano hye, daa ɔhye a entumi ntra; na sɛ mpo n’asorɔkye bɔ a, entumi no, na sɛ ehuru sɛ dɛn ara a, entumi ntra.


Na eyinom befi hɔ akɔ daa ahoyeraw mu; na nnipa trenee no bɛkɔ daa nkwa mu.


Hena na ɔrensuro wo, amanaman hene, efisɛ wo na ɛfata wo. Na amanaman anyansafo nyinaa mu ne wɔn ahenni nyinaa mu, obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo.


Na mo de, monhwɛ yiye, efisɛ madi kan aka ne nyinaa akyerɛ mo dedaw.


afi Kaldeafo no anim, efisɛ wosuro wɔn anim, sɛ Netania ba Ismael akum Ahikam ba Gedalia a Babel hene de no asi asase no so panyin no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios