Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 11:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Nso mise mo sɛ: Mummisa, na wɔbɛma mo; monhwehwɛ, na mubehu; mompem, na wobehiɛ mo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Nso mese mo sɛ: Mommisa, na wɔbɛma mo; monhwehwɛ, na mobɛhunu; mommom, na wɔbɛhini mo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 “Ɛno nti mereka akyerɛ mo se; Mummisa, na wɔbɛma mo; monhwehwɛ na mubehu; mompem na wobebue mo.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 Nso mese mo sɛ: Mommisa, na wɔbɛma mo; monhwehwɛ, na mobɛhunu; mommom, na wɔbɛhini mo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 “Ɛno enti mereka akyerɛ mo sɛ; Mommisa, na wɔbɛma mo; monhwehwɛ na mobɛhunu; mompem na wɔbɛbue mo.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Nso mise mo sɛ: Mummisa, na wɔbɛma mo; monhwehwɛ, na mubehu; mompem, na wobehiɛ mo.

Ver Capítulo Copiar




Luka 11:9
40 Referencias Cruzadas  

Eyi nti mise mo sɛ: Ade biara a mobɛsrɛ mo mpaebɔ mu no, munnye nni sɛ mubenya, na ɛbɛyɛ hɔ ama mo.


Na biribiara a mubebisa mpaebɔ mu na mugye di no, mubenya.


Ɛnyɛ mo na moayi me, na me na mayi mo, na mede mo masi hɔ sɛ monkɔ na monkɔsow aba, na mo aba no ntena hɔ, na biribiara a mobɛsrɛ Agya no me din mu no, ɔde ama mo.


Sɛ motena me mu na me nsɛm tena mo mu a, mobɛsrɛ biribiara a mopɛ, na ɛbɛyɛ ama mo.


Na biribiara a mobɛsrɛ me din mu no, ɛno na mɛyɛ, na Agya no anya anuonyam ɔba no mu.


na biribiara a yɛsrɛ no, yenya fi ne nkyɛn, efisɛ yedi n’ahyɛde so, na yɛyɛ nea ɛsɔ n’ani.


Na sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ommisa Onyankopɔn a ɔma nnipa nyinaa ade kwa na ahohora nnim no, na ɔde bɛma no.


Mifi ahohia mu mefrɛɛ AWURADE na AWURADE gyee me so, nea ɛhɔ trɛw.


Na mobɛfrɛ me, na moakɔ akɔbɔ me mpae, na matie mo;


Na sɛ gyidi nnim a, obi ntumi nsɔ ani. Na ɛsɛ nea ɔba Onyankopɔn nkyɛn no sɛ, ogye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no katuafo.


Na gyidi mpaebɔ begye ɔyarefo no nkwa, na Awurade bɛma no so, na sɛ wayɛ bɔne bi a, wɔde bekyɛ no.


Frɛ me, na megye wo so, na maka wo nsɛm akɛse ne nneɛma a ahintaw a wunhui ɛ.


Gyataforo bedi hia na ɔkɔm ade wɔn, na wɔn a wɔhwehwɛ AWURADE no, ade pa biara remmɔ wɔn.


Enti momma yɛmfa nnam mmra adom ahengua no anim, na yɛanya mmɔborohunu, na yɛahu adom, na ɛbere a ɛsɛ mu aboa yɛn.


na frɛ me hiada mu, na megye wo na woahyɛ me anuonyam.


Mahwehwɛ AWURADE, na wabua me, na wagye me afi nea misuro nyinaa mu.


Yesu bua see no sɛ: Sɛ wunim Onyankopɔn akyɛde ne nea ose wo sɛ: Ma me bi mennom yi a, anka wubebisa no, na wama wo nkwa nsu.


Woaka sɛ: Monhwehwɛ m’anim nti, me koma se wo sɛ: AWURADE, w’anim na merehwehwɛ.


nanso mise mo sɛ, Solomon anuonyam nyinaa mu po wankeka ne ho sɛ eyinom mu biako.


Na ɔka sɛ: Bere a ɛsɛ mu na matie wo, na nkwagye da na maboa wo; hwɛ, afei ne adom bere, hwɛ, ɛnnɛ ne nkwagye da.


Na nea mise mo yi, meka mekyerɛ nnipa nyinaa! Monwɛn!


Wɔn a wɔde papayɛ mu boasetɔ hwehwɛ anuonyam ne nidi ne ade a ɛmporɔw no, ɔbɛma wɔn daa nkwa;


Ade biako na masrɛ AWURADE, ɛno na mɛhwehwɛ akyi kwan, sɛ me nna a midi nyinaa mɛtena AWURADE fi, na mahwɛ AWURADE animtew, na madwen me tirim, n’asɔrefi.


Na mede m’anim mekyerɛɛ Awurade Nyankopɔn, sɛ mede mmuada ne atweaatam ne nso merepɛ mpaebɔ ne nkotɔsrɛ.


Wɔn baanu yi mu hena na ɔyɛɛ nea n’agya pɛ? Na wose: Nea odi kan no. Yesu see wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ, towgyefo ne nguamanfo redi mo anim akɔ Onyankopɔn ahenni mu.


Ɛnyɛ ahintawee mu na mekasae, ɛnyɛ sum asase so baabi; manka mankyerɛ Yakob asefo sɛ: Monhwehwɛ me kwa! Mene AWURADE a mekasa nokware mu, meka nea ɛteɛ.


Na mise mo a moaka Tiatira no, dodow a wonni saa nkyerɛkyerɛ yi, wɔn a wonhuu Satan bun mu sɛnea wɔka no no sɛ: Merensoa mo adesoa foforo.


Merehiɛ me dɔfo, na me dɔfo dan ne ho sen kɔe; ɔrekasa no, me koma tui; mehwehwɛɛ no, na manhu no, mefrɛɛ no, na wannye me so.


Na obiara a obisa no, onya; na nea ɔhwehwɛ no, ohu; na nea ɔpem no, wohiɛ no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios