Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 10:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Mfuturu a efi mo kurow mu a ahura yɛn anan ho po, yɛreprapra agu mo so; na ɛyɛ dɛn ara a, munhu eyi sɛ Onyankopɔn ahenni abɛn mo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Mfuturo a ɛfiri mo kuro mu, a ahura yɛn nan ho mpo, yɛreprapra agu mo so; na ɛyɛ dɛn ara a, monhunu yei sɛ Nyankopɔn ahennie abɛn mo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 ‘Mo kurom ha mfutuma a ɛwɔ yɛn nan ase mpo, yɛreporoporow agu, de atia mo; na mmom munhu pefee sɛ, Onyankopɔn ahenni no abɛn.’

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

11 Mfuturo a ɛfiri mo kuro mu, a ahura yɛn nan ho mpo, yɛreprapra agu mo so; na ɛyɛ dɛn ara a, monhunu yei sɛ Nyankopɔn ahennie abɛn mo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 ‘Mo kurom ha mfuturo a ɛwɔ yɛn nan ase mpo, yɛreporoporo agu, de atia mo; na mmom monhunu pefee sɛ, Onyankopɔn Ahennie no abɛn.’

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Mfuturu a efi mo kurow mu a ahura yɛn anan ho po, yɛreprapra agu mo so; na ɛyɛ dɛn ara a, munhu eyi sɛ Onyankopɔn ahenni abɛn mo.

Ver Capítulo Copiar




Luka 10:11
16 Referencias Cruzadas  

Na sɛ wotie oo, wɔantie oo, efisɛ abusua asowuifo ne wɔn, ɛnyɛ dɛn ara a, wobehu sɛ odiyifo bi aba wɔn mu.


Na obiara a ɔrennye mo na ɔrentie mo asɛm no, mufi ofi anaa kurow no mu rekɔ a, momporoporow mo nan ase tutuw.


Na mokɔ a, monkɔka sɛ: Ɔsoro ahenni no abɛn.


sɛ: Monsakra mo adwene; na ɔsoro ahenni no abɛn.


Na wɔn a wɔrennye mo na wɔrentie mo asɛm no, sɛ mufi hɔ rekɔ a, momporoporow mo nan ase tutuw nni wɔn adanse.


Na kurow biara a mobɛkɔ mu na wɔrennye mo no, mumfi adi nkɔ kurow no abɔnten so, na monka sɛ:


Na monsa emu ayarefo yare, na monka nkyerɛ wɔn sɛ: Onyankopɔn ahenni abɛn mo.


Na wɔn a wɔrennye mo no, mufi kurom hɔ rekɔ a, momporoporow mo anan ase tutuw mfa nni adanse ntia wɔn.


Anuanom, Abraham asefo ne mo mu nnipa a musuro Onyankopɔn no, yɛn na wɔasoma nkwagye asɛm yi abrɛ yɛn.


Enti monhwɛ yiye, na asɛm a wɔaka no adiyifo mu no amma mo so sɛ:


Na Paulo ne Barnaba de akokoduru kae sɛ: Ehia sɛ anka wɔka Onyankopɔn asɛm no kyerɛ mo kan; na esiane sɛ musum kyene na mubu mo ho sɛ monsɛ daa nkwa yi, hwɛ, yɛdan kɔ amanaman no nkyɛn.


Ɛnna wɔporoporow wɔn anan ase tutuw guu wɔn so, na wɔbaa Ikonium.


Na Israelfo ho de, ɔka sɛ: Daa nyinaa metrɛw me nsam memaa ɔman asoɔdenfo nyiyianofo.


Na mmom ese dɛn? Asɛm no abɛn wo, w’anom ne wo koma mu, (ɛne gyidi asɛm a yɛbɔ ho dawuru no).


Ɔno ara a ɔyɛ n’anuonyam no haran ne ne su sɛso, na ɔnam ne tumi asɛm so, na ɔde n’ankasa ne ho dwiraa yɛn bɔne no, ɔkɔtenaa anuonyam kɛse no nifa so ɔsorosoro,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios