Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 1:70 - KYERƐW KRONKRON

70 sɛnea ɔde n’adiyifo kronkron a wɔwɔ hɔ fi teteete no ano kae no,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

70 sɛdeɛ ɔde n’adiyifoɔ kronkron a wɔwɔ hɔ firi teteete no ano kaeɛ no,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

70 sɛnea ɔnam nʼadiyifo akronkron so fii teteete hyɛɛ bɔ

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

70 sɛdeɛ ɔde n’adiyifoɔ kronkron a wɔwɔ hɔ firi teteete no ano kaeɛ no,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

70 sɛdeɛ ɔnam nʼadiyifoɔ kronkron so firi teteete hyɛɛ bɔ

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

70 sɛnea ɔde n’adiyifo kronkron a wɔwɔ hɔ fi teteete no ano kae no,

Ver Capítulo Copiar




Luka 1:70
18 Referencias Cruzadas  

efisɛ adiyisɛm bi amfa nnipa pɛ so amma pɛn, na mmom Onyankopɔn nnipa kronkron so, sɛnea Honhom Kronkron de wɔn rekɔ no, na wɔkasae.


a ɔnam n’adiyifo so hyɛɛ ho bɔ siee kyerɛw nsɛm kronkron mu,


Na wɔn ano ankɔ bɛnkoro mu nti, wɔkɔe, bere a Paulo kaa asɛm biako sɛ: Nokwasɛm na Honhom Kronkron nam odiyifo Yesaia so ka kyerɛɛ mo agyanom


Woyi kyerɛɛ wɔn sɛ, ɛnyɛ wɔn ho na wɔsom, na mmom wɔsom mo fa nsɛm a seisei yɛbɔ no dawuru kyerɛ mo ne wɔn a wɔnam Honhom Kronkron a wɔsomaa no fii soro bɛkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn no. Saa nsɛm yi na abɔfo mpo pɛɛ sɛ wɔbɛhu mu.


Na osee wɔn sɛ: Eyi ne me nsɛm a me ne mo wɔ hɔ no, meka mekyerɛɛ mo no, sɛ etwa sɛ nea wɔakyerɛw Mose mmara ne Adiyifo ne Nnwom mu wɔ me ho no nyinaa ba mu.


Na Dawid no ara nam Honhom Kronkron mu kae sɛ: Awurade see me wura sɛ: Tena me nifa kosi sɛ mede w’atamfo mɛyɛ wo nan ntiaso.


Na wo de nsuro, m’akoa Yakob, AWURADE asɛm ni, na mma wo bo nntu, Israel, na hwɛ, meregye wo afi akyirikyiri, na magye w’asefo afi wɔn nnommumfa asase so; na Yakob bɛsan aba abɛhome atena ase dwoodwoo a obi renyi no hu.


Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm ni, sɛ mɛma trenee Dubaa bi so mama Dawid, na ɔhene bi abedi hene nimdeɛ so, na wabu atɛntrenee ayɛ adetrenee asase so.


AWURADE honhom nam me so kasa, na n’asɛm wɔ me tɛkrɛma so.


Ahempoma remfi Yuda nsa, na mmarahyɛ poma remfi n'anan ntam, kosi sɛ ɛsodifo a aman bɛyɛ osetie ama no no bɛba.


Na mehyira wɔn a wohyira wo, na wɔn a wɔdome wo no, mɛdome wɔn; na wo mu na wobehyira asase so mmusua nyinaa.


Na mede ɔtan mɛto wo ne ɔbea no ntam, ɛne w'asefo ne n'asefo ntam; ɔno na ɔbɛbɔ wo ti, na wo nso woaka ne nantin.


Na mehwee ne nan ase mekotow no. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, nyɛ sa, meyɛ w’awurakwaa ne wo nuanom a wokura Yesu adanse no mu bi. Kotow Nyankopɔn! Na Yesu adanse ne adiyi honhom no.


Enti, sɛnea Honhom Kronkron ka no: Ɛnnɛ, sɛ mote ne nne a,


sɛ monkae nsɛm a adiyifo kronkron no aka ato hɔ, ne yɛn a yɛyɛ mo asomafo ahyɛde a ɛyɛ Awurade ne Agyenkwa de no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios