Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 1:68 - KYERƐW KRONKRON

68 Nhyira ne Awurade, Israel Nyankopɔn, efisɛ wabɛhwɛ na wagye ne man;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

68 Nhyira ne Awurade, Israel Nyankopɔn, ɛfiri sɛ wabɛhwɛ na wagye ne man;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

68 “Nhyira nka Awurade, Israel Nyankopɔn, sɛ waba abegye ne manfo.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

68 Nhyira ne Awurade, Israel Nyankopɔn, ɛfiri sɛ wabɛhwɛ na wagye ne man;

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

68 “Nhyira nka Awurade, Israel Onyankopɔn, sɛ waba abɛgye ne manfoɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

68 Nhyira ne Awurade, Israel Nyankopɔn, efisɛ wabɛhwɛ na wagye ne man;

Ver Capítulo Copiar




Luka 1:68
24 Referencias Cruzadas  

Nhyira ne AWURADE, Israel Nyankopɔn fi daapem kosi daapem, na ma ɔman mu no nyinaa nse sɛ: Amen. Munyi AWURADE ayɛ!


Na ehu kaa wɔn nyinaa, na woyii Nyankopɔn ayɛ sɛ: Odiyifo kɛse asɔre yɛn mu, na Onyankopɔn abɛhwɛ ne man.


Nhyira ne AWURADE, Israel Nyankopɔn, efi teteete de rekɔ daa. Amen ne Amen.


Wasoma ogye abrɛ ne man, wahyɛ n’apam de kosi daa, ne din yɛ kronkron, na ɛho yɛ hu.


Na ɔman no gye dii. Na wɔtee sɛ AWURADE abɛhwɛ Israelfo na wahu wɔn amanehunu no, wɔbobɔɔ wɔn mu ase sɔree.


nanso sɛ ɔhene kae ni: Nhyira ne AWURADE Israel Nyankopɔn a wama obi atena m’agua so nnɛ yi, na m’aniwa ahu.


Nhyira nka Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo n’Agya a ɔde honhom mu nhyira nyinaa ahyira yɛn ɔsoro hɔnom Kristo mu,


Na dɔn no ara mu, ɔno nso begyinaa hɔ bi yii Nyankopɔn ayɛ saa ara, na ɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔretwɛn ogye a wobegye Yerusalem no nyinaa.


Nhyira nka yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn ne Agya a ne mmɔborohunu a ɛdɔɔso nti ɔnam Yesu Kristo sɔre a ofi awufo mu sɔree no so awo yɛn foforo akɔ anidaso a emu wɔ nkwa mu,


Ɔno ankasa mu na yɛanya ogye a ɛnam ne mogya so, a ɛne mfomso fakyɛ no, wɔ n'adom bebree mu.


Na Dawid ka kyerɛɛ bagua no nyinaa sɛ: Munhyira AWURADE mo Nyankopɔn no ɛ! Na bagua no nyinaa hyiraa AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no, na wɔkotow sɔree AWURADE ne ɔhene.


Na Dawid hyiraa AWURADE, bagua no nyinaa anim, na Dawid kae sɛ: Nhyira ne wo, AWURADE, yɛn agya Israel Nyankopɔn, fi daa kosi daa.


na nhyira ne ɔsorosoro Nyankopɔn a ɔde w'atamfo ahyɛ wo nsa. Na Abram maa no nneɛma no nyinaa mu ntotoso du du.


Na ɔkae sɛ Nhyira ne Sem Nyankopɔn, Awurade, na Kanaan nyɛ wɔn akoa.


na wɔadwiriw wo ne wo mma a wɔwɔ wo mu no agu fam, na wɔrennyaw wo mu bo ɔbo so, efisɛ woanhu bere a wɔdom bɛhwɛɛ wo no.


na ɔkae sɛ: Nhyira nka AWURADE, me wura Abraham Nyankopɔn a wamma n'adɔe ne ne nokware ammɔ me wura. Na me nso, AWURADE akyerɛ me me wura ne nuanom fi kwan.


Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Abigail sɛ: Nhyira nka AWURADE, Israel Nyankopɔn a ɔsomaa wo behyiaa me nnɛ yi.


Na ɔkae sɛ: Nhyira ne AWURADE, Israel Nyankopɔn a ɔde n’ano kasa kyerɛɛ m’agya Dawid, na ɔde ne nsa ama aba mu sɛ:


Ɔno na obegye Israel afi n’amumɔyɛ nyinaa mu.


sɛ wonnye yɛn mfi yɛn atamfo ne wɔn a wokyi yɛn nyinaa nsam;


Na yɛn de, yɛn ani daa so sɛ anka ɔno na ɔrebegye Israel. Nanso eyi nyinaa akyi no, nnansa ni a nsɛm yi sii.


nanso ɛnyɛ mmerekyi ne anantwi mma mogya, na mmom n’ankasa ne mogya so na ɔnam kɔɔ kronkronbea mu prɛko konyaa daa ogye.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios