Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 1:22 - KYERƐW KRONKRON

22 Na ofii adi no, wantumi ankasa ankyerɛ wɔn; na wohui sɛ wanya anisoadehu bi asɔredan mu hɔ; na ɔno de, ɔde ne nsa yɛɛ nsɛnkyerɛnne, na wantumi ankasa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

22 Na ɔfirii adie no, wantumi ankasa ankyerɛ wɔn; na wɔhunuu sɛ wanya anisoadehunu bi wɔ asɔredan mu hɔ; na ɔno deɛ, ɔde ne nsa yɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ, na wantumi ankasa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Bere a ɔbae no, wantumi ankasa ankyerɛ asafomma no. Wohu fii ne nneyɛe mu sɛ wahu nʼani so ade wɔ asɔredan mu hɔ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

22 Na ɔfirii adie no, wantumi ankasa ankyerɛ wɔn; na wɔhunuu sɛ wanya anisoadehunu bi wɔ asɔredan mu hɔ; na ɔno deɛ, ɔde ne nsa yɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ, na wantumi ankasa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Ɛberɛ a ɔbaeɛ no, wantumi ankasa ankyerɛ asafo mma no. Wɔhunu firii ne nneyɛeɛ mu sɛ wahunu nʼani so adeɛ wɔ asɔredan mu hɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

22 Na ofii adi no, wantumi ankasa ankyerɛ wɔn; na wohui sɛ wanya anisoadehu bi asɔredan mu hɔ; na ɔno de, ɔde ne nsa yɛɛ nsɛnkyerɛnne, na wantumi ankasa.

Ver Capítulo Copiar




Luka 1:22
8 Referencias Cruzadas  

Na wo tɛkrɛma nso, mɛma afam wo dodo mu, na woatɔ mum, na woanyɛ wɔn ɔkasakyerɛfo, efisɛ wɔyɛ asowui fi.


Na nkurɔfo no retwɛn Sakaria; na ɛyɛɛ wɔn nwonwa sɛ wakyɛ asɔredan mu hɔ saa.


Na ɛbae sɛ ne som nna wiee du no, ofii hɔ kɔɔ ne fi.


Na wɔde nsɛnkyerɛnne bisaa n’agya edin a ɔpɛ sɛ wɔde to no.


ɛnna Simon Petro buu no ani see no sɛ: Bisa no nea ɔka ne ho asɛm no.


Na ɔde ne nsa nyamaa wɔn sɛ wommua wɔn ano, na ɔkae sɛnea Awurade yii no fii afiase hɔ no kyerɛɛ wɔn. Na ose: Monkɔka nsɛm yi nkyerɛ Yakob ne anuanom no. Na ofii hɔ kɔɔ baabi foforo.


Afei nnipa bi pempem Aleksanda sɛ ɔnkasa, efisɛ ɔno na Yudafo no de no adi wɔn anim. Na Aleksanda nyamaa nkurɔfokuw no pɛe sɛ anka oyi n’ano kyerɛ nkurɔfo no.


Na ɔmaa no kwan no, Paulo gyinaa ntrapoe no so de ne nsa nyamaa nkurɔfo no; na wɔyɛɛ komm no, ɔde Hebri kasa san ne nne mu kae sɛ:


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios