Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 1:19 - KYERƐW KRONKRON

19 Ɛnna ɔbɔfo no bua see no sɛ: Mene Gabriel a migyina Onyankopɔn anim, na wɔasoma me sɛ memmɛkasa menkyerɛ wo, na menka wo nsɛm pa yi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

19 Na ɔbɔfoɔ no bua see no sɛ: Mene Gabriel a megyina Nyankopɔn anim, na wɔasoma me sɛ memmɛkasa menkyerɛ wo, na menka wo nsɛmpa yi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Ɔbɔfo no kae se, “Mene Gabriel a migyina Onyankopɔn anim daa no. Ɔno na ɔsomaa me se memmɛka asɛmpa yi nkyerɛ wo.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

19 Na ɔbɔfoɔ no bua see no sɛ: Mene Gabriel a megyina Nyankopɔn anim, na wɔasoma me sɛ memmɛkasa menkyerɛ wo, na menka wo nsɛmpa yi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Ɔbɔfoɔ no kaa sɛ, “Mene Gabriel a megyina Onyankopɔn anim daa no. Ɔno na ɔsomaa me sɛ memmɛka asɛmpa yi nkyerɛ wo.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

19 Ɛnna ɔbɔfo no bua see no sɛ: Mene Gabriel a migyina Onyankopɔn anim, na wɔasoma me sɛ memmɛkasa menkyerɛ wo, na menka wo nsɛm pa yi.

Ver Capítulo Copiar




Luka 1:19
8 Referencias Cruzadas  

na metee onipa nne, Ulai asukɔn so a ɔfrɛe sɛ: Gabriel, ma oyi nte adehu no ase.


Monhwɛ, na moammu nkumaa yi mu biako abomfiaa; na mise mo sɛ ɔsoro no, wɔn abɔfo hwɛ m’agya a ɔwɔ soro no anim daa.


Na hwɛ, wobɛtɔ mum, na worentumi nkasa de bɛkɔ akosi da a eyinom bɛba mu, efisɛ woannye me nsɛm a ɛbɛba mu ne bere mu no anni.


Na ɔsram a ɛto so asia no mu no, Onyankopɔn somaa ɔbɔfo Gabriel kɔɔ Galilea kurow bi a wɔfrɛ no Nasaret mu,


Na ɔbɔfo no see wɔn sɛ: Munnsuro, na hwɛ, mede asɛmpa a ɛyɛ anigye pii na ɛbɛyɛ aman nyinaa dea merebrɛ mo,


Enti monwɛn na monsrɛ daa, na moanya ahoɔden de aguan afi nneɛma a ɛrebɛba yi nyinaa mu, na moakogyina Onipa Ba no anim.


Enti, sɛ yɛwɔ ɔsɔfo panyin kɛse a watwa ɔsoro mu, Yesu, Onyankopɔn Ba no yi, momma yenso yɛn gyidi asɛm a yegyina so ka no mu dennennen.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios