Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 1:13 - KYERƐW KRONKRON

13 Na ɔbɔfo no see no sɛ: Sakaria, nsuro, na wɔatie wo mpaebɔ, na wo yere Elisabet bɛwo ɔbabarima ama wo, na woato ne din Yohane.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Na ɔbɔfoɔ no see no sɛ: Sakaria, nsuro, na wɔatie wo mpaebɔ, na wo yere Elisabet bɛwo ɔbabarima ama wo, na woato ne din Yohane.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Nanso ɔsoro ɔbɔfo no ka kyerɛɛ no se, “Sakaria, nsuro, Awurade Nyankopɔn ate wo mpaebɔ. Wo yere Elisabet bɛwo ɔbabarima na ɛsɛ sɛ woto ne din Yohane.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

13 Na ɔbɔfoɔ no see no sɛ: Sakaria, nsuro, na wɔatie wo mpaebɔ, na wo yere Elisabet bɛwo ɔbabarima ama wo, na woato ne din Yohane.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Nanso, ɔsoro ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Sakaria, nsuro, Awurade Onyankopɔn ate wo mpaeɛbɔ. Wo yere Elisabet bɛwo babarima na ɛsɛ sɛ woto ne din Yohane.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Na ɔbɔfo no see no sɛ: Sakaria, nsuro, na wɔatie wo mpaebɔ, na wo yere Elisabet bɛwo ɔbabarima ama wo, na woato ne din Yohane.

Ver Capítulo Copiar




Luka 1:13
27 Referencias Cruzadas  

Eyi ne me ne w'asefo a ebedi w'akyi no ntam apam a munni so: Wontwitwa mo mu mmarima nyinaa twetia.


Na Onyankopɔn kae sɛ: Ampa ne ampa, wo yere Sara bɛwo ba ama wo, na woato ne din Isak ase ne: Ɔserew. Na mɛma me ne no apam agyina ayɛ daa apam ama n'asefo a ebedi n'akyi no.


So biribi yɛ AWURADE yɛna? Bere a mahyɛ no, mɛsan maba wo nkyɛn afedan sesɛɛ, na Sara anya ɔba.


Na Isak srɛɛ AWURADE maa ne yere, efisɛ ɔyɛ obonin, na AWURADE tiee n'adesrɛ no, na ne yere Rebeka nyinsɛnee.


Ɔma ɔbaabonin nya ofi tena mu, na ɔyɛ ɔbaatan a n’ani gye. Munyi AWURADE ayɛ!


Meda wo ase sɛ woagye me so, na woayɛ me nkwagye.


Na mekɔɔ odiyifobea no ho, na onyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabanin. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Frɛ ne din sɛ: Ntɛm-so-asade, ɔhare-so-afow.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsuro, Daniel, na efi da a wode wo koma too so sɛ wobɛte ase na wobɛbrɛ wo ho ase wo Nyankopɔn anim no, wɔate wo nsɛm, na me nso, wo nsɛm nti na mebae.


Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: To no din sɛ Yesreel, na aka kakraa na mabɛtɔ Yesreel mogya so were Yehu fi, na mama Israel fi ahenni no to atwa.


Na onyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabea; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: To no din sɛ Lo-ruhama ase ne: Nea wɔanhu no mmɔbɔ, na merenna so minhu Israel fi mmɔbɔ, na meremfa menkyɛ wɔn bio.


Na ɔbɛwo babanin, na woato ne din Yesu, efisɛ ɔno na obegye ne man afi wɔn bɔne mu.


Na ntɛm ara Yesu kasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Momma mo bo ntɔ mo yam, ɛyɛ me, munnsuro!


Na ɔbɔfo no bua see mmea no sɛ: Mo de, munnsuro! Na minim sɛ mohwehwɛ Yesu a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no.


Na osee wɔn sɛ: Mommmɔ piriw; mohwehwɛ Yesu Nasareni a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no. Wanyan, onni ha. Monhwɛ faako a wɔde no toe!


Na ɛbɛyɛ wo anigye ne ahosan, na n’awo nti nnipa bebree ani begye.


Na ɔbɔfo no see no sɛ: Nsuro, Maria, na woanya Onyankopɔn hɔ adom.


Na odii nnawɔtwe a wɔrebetwa no twetia no, wɔtoo ne din Yesu sɛnea ɔbɔfo no kyerɛe ansa na wɔrenyinsɛn no no.


na ose: Kornelio, wɔatie wo mpaebɔ, na wɔakae wo mmɔborohunu ade no Onyankopɔn anim.


Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Asomdwoe nka wo, nsuro, worenwu.


Na AWURADE hyiraa Hana, na onyinsɛnee, na ɔwoo mmammarima baasa ne mmabea baanu. Na abofra Samuel no nyinii AWURADE anim.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios