Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Kolosefo 4:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na mommɔ mpae mma yɛn nso bi, na Onyankopɔn nhiɛ asɛm no pon mma yɛn, na yɛaka Kristo ahintasɛm a enti meda afiase yi,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na mommɔ mpaeɛ mma yɛn nso bi, na Onyankopɔn nhini asɛm no pono mma yɛn, na yɛaka Kristo ahuntasɛm a enti meda afiase yi,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Mommɔ mpae mma yɛn nso wɔ bere koro no ara mu na Onyankopɔn ama yɛn mu kwan ama yɛatumi aka Asɛmpa no ne Kristo ho ahintasɛm. Efisɛ ɛno nti na meda afiase no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Na mommɔ mpaeɛ mma yɛn nso bi, na Onyankopɔn nhini asɛm no pono mma yɛn, na yɛaka Kristo ahuntasɛm a enti meda afiase yi,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛberɛ korɔ no ara mu, mommɔ mpaeɛ mma yɛn nso na Onyankopɔn ama yɛn mu kwan ama yɛatumi aka Asɛmpa no ne Kristo ho ahintasɛm. Ɛfiri sɛ, ɛno enti na meda afiase no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na mommɔ mpae mma yɛn nso bi, na Onyankopɔn nhiɛ asɛm no pon mma yɛn, na yɛaka Kristo ahintasɛm a enti meda afiase yi,

Ver Capítulo Copiar




Kolosefo 4:3
27 Referencias Cruzadas  

Na obua see wɔn sɛ: Mo de, wɔde ama mo sɛ munhu ɔsoro ahenni mu ahintasɛm no, na wɔn de, wɔmfa mmaa wɔn.


Na wɔbae na wɔfrɛɛ asafo no boaa ano no, wɔkaa nea Onyankopɔn de wɔn akɔyɛ nyinaa ne sɛnea wabue gyidi pon ama amanaman no.


Nea otumi sɛ ɔhyɛ mo den, sɛnea m’asɛmpa ne Yesu Kristo ho asɛnka te, sɛnea ahintasɛm a kan teteete no wɔanka,


efisɛ wɔabue ɔpon kɛse a emu adwumayɛ bɛsow aba ama me, na wɔn a wɔasɔre atia dɔɔso.


Momma obiara mmu yɛn sɛ Kristo asomfo ne Nyankopɔn ahintasɛm so ahwɛfo.


Nanso mebaa Troa mebɛkaa Kristo asɛmpa, na wobuee ɔpon maa me Awurade mu no,


Eyi nti na me Paulo, meyɛ Kristo Yesu deduani ma mo amanaman mufo


sɛ ɔnam adiyi so ma mihuu ahintasɛm no, sɛnea makyerɛw no tiaam dedaw no.


Sɛ mokenkan a, mode behu ntease a mewɔ Kristo ahintasɛm no ho


na memma nnipa nyinaa nhu ahintasɛm a efi tete mmere so hintawee wɔ Onyankopɔn a ɔbɔɔ ade nyinaa no mu no ho adwuma no,


Enti afei me, Awurade deduani, mitu mo fo sɛ, monnantew sɛnea ɛfata ɔfrɛ a wɔde afrɛ mo,


Efisɛ minim sɛ ɛnam mo nkotɔsrɛ ne Yesu Kristo honhom boa no so na eyi bɛdan me nkwagye,


Ɛye ma me sɛ midwen saa fa mo ho, efisɛ moda m'akoma so pa ara, na mo nyinaa ne me wɔ kyɛfa wɔ Onyankopɔn adom no mu, me mpokyerɛ mu ne bere a migyina pintinn twitwa gyee asɛmpa no na mepae mu kae no.


Yiw, ahintasɛm no a efi mmeresanten ne awo ntoatoaso no so hintawee no, afei wayi no adi akyerɛ ahotefo


Me nkyia a me Paulo mede me nsa mekyerɛwee ni. Monkae me mpokyerɛ no. Adom nka mo nyinaa.


Anuanom, mommɔ mpae mma yɛn.


Awurade nhu Onesiforo fi mmɔbɔ, efisɛ ɔtaa huhuw me maa me ho dwoo me, na n’ani anwu me nkɔnsɔnkɔnsɔn ho.


Ɛno mu na mihu amane bedu ɔkyere mu sɛ ɔdebɔneyɛfo, nanso Onyankopɔn asɛm de, wɔnkyeree no.


Pae mu ka asɛm no, gyina mu ɛbere a eye ne nea enye mu, yi ntɛn, ka anim, tu fo, abodwokyɛre ne nkyerɛkyerɛ nyinaa mu.


Nanso siesie ahɔhotenabea ma me, na m’ani da so sɛ ɛnam mo mpaebɔ so, wɔde me bɛsan abrɛ mo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios