Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Kolosefo 3:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na moawu, na wɔde mo nkwa aka Kristo ho ahintaw Onyankopɔn mu;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na moawu, na wɔde mo nkwa aka Kristo ho ahunta Nyankopɔn mu;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Efisɛ moawu na wɔde mo nkwa ne Kristo ahintaw wɔ Onyankopɔn mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Na moawu, na wɔde mo nkwa aka Kristo ho ahunta Nyankopɔn mu;

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛfiri sɛ, moawu na wɔde mo nkwa ne Kristo ahinta wɔ Onyankopɔn mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na moawu, na wɔde mo nkwa aka Kristo ho ahintaw Onyankopɔn mu;

Ver Capítulo Copiar




Kolosefo 3:3
32 Referencias Cruzadas  

Saa bere no ara mu Yesu kae sɛ: Agya, ɔsoro ne asase wura, miyi wo ayɛ sɛ wode nneɛma yi ahintaw anyansafo ne animdefo, na woayi akyerɛ nkokoaa.


Ate kakraa na wiase nhu me bio; na mo de, muhu me, efisɛ mete ase, na mo nso mobɛtena ase.


Na sɛnea Onyankopɔn dɔɔ wiase ni, sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.


Na nea ɔbɛnom nsu a mɛma no no bi no, osukɔm renne no da; na nsu a mɛma no no bɛyɛ nsu abura a efifi kɔ daa nkwa mu wɔ no mu.


Na sɛnea Agya no nyan awufo na ɔma wɔn nkwa no, saa ara na Ɔba no nso ma wɔn a ɔpɛ nkwa.


Mereka no nokware mu pa ara sɛ: Nea ɔte m’asɛm na ogye nea ɔsomaa me no di no wɔ daa nkwa, na ɔremma atemmu mu, na watwam afi wu mu akɔ nkwa mu.


na mompɛ sɛ moba me nkyɛn, na moanya nkwa.


Na sɛ, bere a yɛyɛ atamfo no, wɔnam ne ba no wu so apata yɛne Nyankopɔn ntam a, na afei mmom a wɔapata ama yɛn yi, wobegye yɛn nkwa mmoroso wɔ ne nkwa no mu.


Na sɛnea bɔne dii hene owu mu no, adom nso nam trenee so adi hene afa yɛn Awurade Yesu Kristo so akɔ daa nkwa mu.


Saa ara na mo nso mummu mo ho sɛ moawu ama bɔne, na mote ase ma Onyankopɔn wɔ Kristo Yesu mu.


Dabida, yɛn a yewu maa bɔne no, ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛkɔ so atena ase wɔ mu?


Na Kristo Yesu mu nkwa honhom mmara no agye me afi bɔne ne owu mmara no mu.


Saa ara nso na wɔakyerɛw sɛ: Adam, onipa a odi kan no, yɛɛ ɔkra teasefo. Adam a odi akyiri no bɛyɛɛ honhom a ɔma nkwa.


Na onipa a onni honhom no nnye Onyankopɔn honhom ade, na ɛyɛ no nkwaseasɛm, na ontumi nhu mu, efisɛ wobu mu atɛn honhom mu.


Na Kristo dɔ no kanyan yɛn; efisɛ yebu atɛn sɛ, obiako wu maa wɔn nyinaa, enti na wɔn nyinaa awu.


efisɛ yɛnam gyidi mu, na ɛnyɛ anihunu so.


na m’ase a mete yi de, ɛnyɛ me bio, na Kristo na ɔte ase wɔ me mu; na m’ase a mete ɔhonam mu yi, mete no Onyankopɔn Ba a ɔdɔ me na ɔde ne ho ama me no ho gyidi mu.


na memma nnipa nyinaa nhu ahintasɛm a efi tete mmere so hintawee wɔ Onyankopɔn a ɔbɔɔ ade nyinaa no mu no ho adwuma no,


na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra ntease nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so Kristo Yesu mu.


esiane anidaso a ɛda hɔ ma mo wɔ ɔsoro, ɛno na monam asɛmpa nokwasɛm so dii kan tee.


Enti sɛ mo ne Kristo anya awu afi wiase honhom mu nsɛm nkyerɛkyerɛ ho a, adɛn nti na mode ahyɛde to mo ho so sɛnea moda so te wiase


Ɔno mu na wɔde nyansa ne nimdeɛ agyapade nyinaa akora.


na da a Kristo a ɔne yɛn nkwa beyi ne ho adi no, ɛno na wobeyi mo nso ne no adi anuonyam mu.


Saa nti, obetumi agye wɔn a wɔnam no so ba Onyankopɔn nkyɛn no koraa, efisɛ ɔte ase daa sɛ obedi ama wɔn.


na mmom momma ɛnyɛ komam nipa a wahintaw no, honhom a edwo na ɛyɛ komm ade a ɛmporɔw mu. Ɛno na ne bo yɛ den Onyankopɔn anim.


na ɔhonam mu asetena bere a aka no, wantena ase amma nnipa akɔnnɔ bio, na mmom watena ase ama Onyankopɔn apɛde.


Adɔfo, afei yɛyɛ Onyankopɔn mma, na nea yɛbɛyɛ no nnya nnaa adi. Na yenim sɛ, sɛ oyi ne ho adi a, yɛbɛyɛ sɛ ɔno, efisɛ yebehu no sɛnea ɔte.


Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no reka kyerɛ asafo no: Nea odi nkunim no, mɛma no mana a ahintaw no bi adi, na mɛma no ɔbo fitaa, na ɔbo no so na wɔakyerɛw din foforo a obiara nnim, sɛ nea onya no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios