Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 9:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Odiyifo no ne Onyankopɔn yɛ Ɔyɛnfo ma Efraim nanso odiyifo no de, ɔnomayifo afiri wɔ n’akwan nyinaa mu, ɔtan wɔ ne Nyame fi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Odiyifoɔ no ne me Nyankopɔn yɛ ɔwɛmfoɔ ma Efraim, nanso anomayini fidie wɔ n’akwan nyinaa mu, ɔtane no wɔ ne Nyankopɔn fie.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Odiyifo no ne me Nyankopɔn yɛ Efraim so wɛmfo, nanso wɔasum no afiri wɔ nʼakwan nyinaa so, na ɔtan ahyɛ ne Nyankopɔn fi ma.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Odiyifoɔ no ne me Nyankopɔn yɛ ɔwɛmfoɔ ma Efraim, nanso anomayini fidie wɔ n’akwan nyinaa mu, ɔtane no wɔ ne Nyankopɔn fie.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Odiyifoɔ no ne me Onyankopɔn yɛ Efraim so wɛmfoɔ, nanso wɔasum no afidie wɔ nʼakwan nyinaa so, na ɔtane ahyɛ ne Onyankopɔn fie ma.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Odiyifo no ne Onyankopɔn yɛ Ɔyɛnfo ma Efraim nanso odiyifo no de, ɔnomayifo afiri wɔ n’akwan nyinaa mu, ɔtan wɔ ne Nyame fi.

Ver Capítulo Copiar




Hosea 9:8
42 Referencias Cruzadas  

Na Tisbini Elia a ofi Gilead atubrafo no mu ka kyerɛɛ Ahab sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn a migyina n’anim te ase yi, obosu anaa osu rentɔ mfe yi mu gye sɛ ɛnam m’asɛm so!


Na nna pii akyi no, afe a ɛto so abiɛsa mu no, AWURADE asɛm baa Elia nkyɛn sɛ: Fa wo ho kɔ kyerɛ Ahab, na mɛma osu atɔ asase so.


Na afei soma kɔboaboa Israel nyinaa ano brɛ me Karmel bepɔw so, ne Baal adiyifo ahanan aduonum no, ne Asera adiyifo ahanan a wodidi Yesebel pon so no.


Na Kenaana ba Sedekia ayɛ dade mmɛn, na ɔkae sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Eyinom na wode besum Siriafo de akosi sɛ wobewie wɔn sɛe.


Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Wode dɛn? Na ose: Mefi makɔyɛ atoro honhom n’adiyifo nyinaa anom. Na ɔkae sɛ: Wobɛdaadaa no na wubetumi nso; fi kɔ na kɔyɛ saa.


Na Mikaia kae sɛ: Sɛ wosan ba dwoodwoo a, ɛnne ɛnyɛ AWURADE na ɔnam me so kasae. Na ose: Mo aman nyinaa, muntie!


Ɛnna Israel hene boaboaa adiyifo no ano, ɛbɛyɛ mmarima ahannan, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Menkɔ Ramot-gilead menkɔko anaasɛ minnyae? Na wose: Foro kɔ, na AWURADE de bɛhyɛ ɔhene nsa.


Na da bi a wɔrekosie onipa bi no, wohuu asafokuw bi, na wɔtow onipa no kyenee Elisa da mu; na onipa no kɔkaa Elisa nnompe pɛ, na onyaa nkwa, na ɔsɔre gyinaa ne nan so.


Na ɔde Elia nguguso a efii ne ho gui no bɔɔ nsu no mu kae sɛ: Ɛhe na AWURADE, Elia Nyankopɔn no, wɔ? Na ɔbɔɔ nsu no mu no, ɛpae kɔɔ ha ne ha, na Elisa twae.


Na ofii adi kɔɔ nsuaniwa no ho, na okohwiee nkyene no guu mu hɔ, na ɔkae sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Masa nsu yi yare, owu anaa ɔpɔn bi remfi mu hɔ bio.


Na ɔkae sɛ: Ɛnne momfa osiam mmra. Na ɔde guu ɔsɛn no mu, na ɔkae sɛ: Hwie ma nkurɔfo no na wonni. Na biribi bɔne bi nni ɔsɛn no mu bio.


Na ne somfo no se: Ɛdɛn? Memfa eyi minsi nnipa ɔha anim anaa? Na ɔkae bio sɛ: Fa ma nkurɔfo no na wonni. Na sɛ AWURADE se ni: Wobedi na wɔagyaw bi.


Ɛnna osianee de ne ho kɔbɔɔ Yordan mu mpɛn asɔn, sɛnea Onyankopɔn nipa no asɛm no te; na ne honam san baa mu sɛ abofra ketewa honam, na ne ho fii.


Na Naaman kwata no bɛfam wo ne w’asefo ho daa. Na ofii n’anim fii adi, na kwata ayɛ no fitaa sɛ sukyerɛma.


Na ɔsafohene no buaa Onyankopɔn nipa no sɛ: Na hwɛ, sɛ AWURADE reyɛ mfɛnsere ɔsoro po a, so ɛbɛba saa anaa? Na ose: Hwɛ, wo de, wode w’aniwa behu, nanso worenni bi.


Ɛnna okunini a ɔhene tweri ne nsa so no buaa Onyankopɔn nipa no sɛ: Hwɛ, sɛ AWURADE reyɛ mfɛnsere ɔsoro po a, so saa asɛm yi bɛbam anaa? Na ose: Wo ara wode w’aniwa behu, nanso worenni bi.


Yɛn kra aguan sɛ anomaa afi afirisumfo afiri mu, afiri no abu, na yɛn de, yɛaguan.


Nso onipa nnim ne bere: Sɛ mpataa a woyi wɔn asawu bɔne mu ne nnomaa a woyi wɔn afiri mu no, saa ara na woyi nnipa mma bere bɔne a ɛto wɔn mpofirim no mu.


Awɛmfo a wokyin kurow mu bɛtoo me: Nea me kra dɔ no no, muhuu no anaa?


W’afasu so, Yerusalem, na mede awɛmfo maduadua; adekyee nyinaa ne anadwo nyinaa daa yi, wɔremmua wɔn ano; mo a mokae AWURADE no, monnyɛ komm koraa.


Nanso me de, na mete sɛ oguammaa a odwo a wɔde no rekɔ akumii; na minnim sɛ wɔapam me tiri so sɛ: Momma yɛnsɛe dua no ne n’aba, na yentwa mfi ateasefo asase so, na wɔankae ne din bio.


Na mise: Aa AWURADE, hwɛ, adiyifo no ka kyerɛ wɔn sɛ: Morenhu afoa, na ɔkɔm remma mo so, na nokware asomdwoe na mede mɛma mo ɛha yi.


Na Samaria adiyifo no mu, mahu nkwaseasɛm, wɔde Baal hyɛɛ nkɔm de maa me man Israel fomee.


Na ɛda bi wɔ hɔ a awɛmfo bɛteɛm Efraim bepɔw so sɛ: Monsɔre mma yɛmforo nkɔ Sion, AWURADE yɛn Nyankopɔn nkyɛn.


Na wɔsa me man kuru adwenhare so ka sɛ: Asomdwoe, asomdwoe! Nso asomdwoe nni hɔ.


Na masisi mo so awɛmfo sɛ: Monyɛ aso mma torobɛntohyɛn no. Nanso wose: Yɛrenyɛ aso.


Atoro ne nnaadaa anisoade na w’adiyifo hu kyerɛɛ wo, na wɔanyi w’amumɔyɛ no so sɛ wɔde wo nnommum bɛsan aba; na atoro ne nsɛm a ɛma wofom na wohu kyerɛɛ wo.


N’adiyifo bɔne, n’asɔfo amumɔyɛ nti na ɛbae saa; emu na wohwiee treneefo mogya gui.


Onipa ba, mede wo masi Israel fi wɛmfo; enti tie m’anom asɛm na bɔ wɔn kɔkɔ ma me.


Na wo, onipa ba, mede wo masi ɔwɛmfo mama Israel fi, na tie m’anom asɛm, na fa bɔ wɔn kɔkɔ.


Muntie eyi, O, asɔfo, na monwɛn aso, Israel fi, na ɔhene fi nso, monyɛ aso; na mo so na atemmu aba; na moadan afiri Mispa, ne asawu a wɔatrɛw mu Tabor so;


Asotwe nna no anya aba, aweretɔ nna no anya adu; Israel behu sɛ odiyifo no yɛ ogyimifo, na honhom nipa no yɛ ɔbɔdamfo, amumɔyɛ dodow ne ɔtan a ɛso pii no nti.


Wɔama ɔsɛe a wɔasɛe no mu adɔ sɛ Gibea nna no mu, ɔbɛkae wɔn amumɔyɛ, ɔbɛtwe wɔn bɔne so aso.


Wɔn mu nipa pa te sɛ ohwirom, wɔn mu teefo sen nsɔe ban. W’awɛmfo da no, w’asotwe aba, ɛno na wɔn sakasakayɛ bedu.


Sɛ manyɛ nnwuma a obiara nyɛe da wɔn mu a, anka wonni bɔne; na afei de, wɔahu, nanso wɔatan me ne m’Agya.


Na sɛ Onyankopɔn nokware da adi mmoroso wɔ m’atoro mu kɔ n’anuonyam mu a, adɛn na woda so bu me atɛn sɛ ɔdebɔneyɛfo,


Muntie mo mpanyimfo na mommrɛ mo ho ase mma wɔn, efisɛ wɔn na wɔwɛn mo kra sɛ wɔn a wobebu ho akontaa, na wɔde anigye ayɛ, na ɛnyɛ ahomegu; efisɛ eyi nyɛ mfaso biara mma mo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios