Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 9:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Na hwɛ, ɔsɛe nti wɔatu kɔ; Misraim bɛboa wɔn ano, Memfis besie wɔn; wɔn dwetɛ nnwinne ananmu na nnɛnkyɛnse besi, na nsɔe befuw nea wɔn ntamadan sii no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Na hwɛ, ɔsɛeɛ nti wɔatu kɔ; Misraim bɛboa wɔn ano, Memfis bɛsie wɔn; wɔn dwetɛ nnwinneɛ ananmu na nnɛnkyɛnse bɛsie, na nkasɛɛ bɛfu deɛ wɔn ntomadan siiɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Mpo sɛ woguan fi ɔsɛe mu a Misraim bɛboaboa wɔn ano, na Memfis besie wɔn. Wɔn dwetɛ ahonyade befuw wura, na wɔn ntamadan adan nsɔe.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Na hwɛ, ɔsɛeɛ nti wɔatu kɔ; Misraim bɛboa wɔn ano, Memfis bɛsie wɔn; wɔn dwetɛ nnwinneɛ ananmu na nnɛnkyɛnse bɛsie, na nkasɛɛ bɛfu deɛ wɔn ntomadan siiɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Mpo sɛ wɔdwane firi ɔsɛeɛ mu a Misraim bɛboaboa wɔn ano, na Memfis bɛsie wɔn. Wɔn dwetɛ ahonyadeɛ bɛfu wira, na wɔn ntomadan adane nkasɛɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na hwɛ, ɔsɛe nti wɔatu kɔ; Misraim bɛboa wɔn ano, Memfis besie wɔn; wɔn dwetɛ nnwinne ananmu na nnɛnkyɛnse besi, na nsɔe befuw nea wɔn ntamadan sii no.

Ver Capítulo Copiar




Hosea 9:6
32 Referencias Cruzadas  

Na wɔannyaw dɔm bi amma Yoahas gye apɔnkɔsotefo aduonum ne nteaseɛnam du ne anammɔnmufo ɔpedu, efisɛ Siria hene asɛe wɔn, na wayɛ wɔn sɛ mfutuma a wotiatia so.


Asase a ɛba aduan dan asase kesee, wɔn a wɔte so no bɔneyɛ nti.


na hwɛ, ne nyinaa afuw nsansono, na ahyehyensa akata ani, na ɛho abo fasu abubu agu.


Na da no, Awurade bɛteɛ ne nsa ne mprenu so de agye ne man nkae a wɔaka afi Asaria ne Misraim ne Patros ne Etiopia ne Elam ne Sinear ne Hamat ne po mu nsupɔw mu.


Soan mmapɔmma adan nkwasea, na Memfis mmapɔmma nso ayera, na wɔn a wɔyɛ mmusuakuw no mu tweabo adaadaa Misraim.


Ɛda no, AWURADE bɛporow n’aba afi asu Eufrate no hweam ano akosi Misraim subon no ano, na wɔatase mo, Israel mma, mmiako mmiako.


Nsɔe ne nguare fuw me man asase no so, anigye kurow no mu anigye adan nyinaa so po.


Nsɔe befuw n’aban afɛfɛ mu, na ahyehyensa ne nkraadua afuw n’abandennen mu, na ayɛ sakraman tenabea ne nsohori adidibea.


mɛma adan ntuw, wɔrentwitwa ho, na wɔrennɔw mu, na afuw nsɔe ne nnɛnkyɛnse ara nko, na mɛhyɛ osu sɛ ɛnntɔ nngu so.


Na ɛda no, baabiara a bobe apem a edi nnwetɛbona apem kan wɔ no bɛdan nsɔe ne nnɛnkyɛnse ara nko.


Memfis ne Tahpanhes mma nso asɛe w’ahenkyɛw.


Na afei, munhu pefee sɛ afoa ne ɔkɔm ne owuyare ano na mubewuwu, nea mo ani gyina sɛ morekɔ akɔyɛ hɔ ahɔho no.


Asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn a ɛfa Yudafo a wɔte Misraim asase so, wɔn a wɔtete Migdol ne Tahpanhes ne Memfis ne Patros asase so no nyinaa ho ni:


Na mafa Yuda nkae a wɔde wɔn ani ato so sɛ wɔbɛba Misraim asase so abɛyɛ hɔ ahɔho no mama wɔn nyinaa asa; Misraim asase so na wɔbɛtotɔ, afoa ne ɔkɔm nti wobewie sa, afi akumaa so akosi ɔkɛse so; afoa ne ɔkɔm ano na wobewuwu, na wɔadannan ntankade ne ahodwiriwde ne nnome ne nsopa.


Na mɛba mabɛtwe wɔn a wɔtete Misraim asase so no aso, sɛnea mede afoa, ɔkɔm ne owuyare mebɛtwee Yerusalem aso no,


Monka Misraim, na mompae mu nka wɔ Migdol, na mompae mu nka Memfis ne Tahpanhes hɔ. Monka sɛ: Gyina hɔ, na tim hɔ pintinn, efisɛ afoa redidi atwa wo ho ahyia.


Yɛ atukɔ ho ade fa, Misraim babea a wote hɔ no, na Memfis bɛdan amamfo, na ahyew a obi rentena mu bio.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Mɛsɛe ahoni huhuw no na matwa abosonhuhuw no to mafi Memfis, na ɔbirɛmpɔn remfi Misraim asase so mma bio, na mɛma ehu aba Misraim asase so.


Na mɛto Misraim mu gya; Sin behu ayayade, na wɔde Tebes bɛma ma wɔabu afa mu, na Memfis behu ahohiahiafo awia,


Na wɔbɛsɛe Bet-awen sorɔnsorɔmmea a ɛne Israel bɔne no; nsɔe ne nnɛnkyɛnse befifi wɔn afɔremuka so, na wɔbɛka akyerɛ mmepɔw sɛ: Mommɛkata yɛn so! Ne nkoko sɛ: Mommɛhwe yɛn so!


Wɔde ahopere befi Misraim aba sɛ nnomaa, na wɔafi Aseria asase so aba sɛ mmorɔnoma, na mede wɔn madua wɔn afi mu, AWURADE asɛm ni.


Ne saa nti, hwɛ, mede nsɔe metwa wo kwan so ban, na mato so fasu, na wanhu kwan mu.


Na Efraim adan sɛ aborɔnoma ayemfo, onni ti; wɔrepɛ mmoa afi Misraim no na wɔdan Asaria nso.


Wonnue, efisɛ wɔaguan me; ɔsɛe mmra wɔn so, efisɛ wɔato me mmara; na me de, anka megye wɔn, nanso wodi me ho atoro.


Wɔsan wɔn akyi, kɔ nea ɛho nni mfaso ho, wɔayɛ sɛ ɔta a agow. Afoa ano na wɔn mmapɔmma bɛtotɔ, keka a wɔn tɛkrɛma yɛ nti; eyi bɛma wɔadi wɔn ho fɛw Misraim asase so.


M’ayɛyɛde afɔre a wɔbɔ no, nam nko na wokum; AWURADE ani nsɔ; afei ɔbɛkae wɔn amumɔyɛ na wabɛtwe wɔn bɔne so aso; Misraim na wɔbɛsan akɔ.


Wɔrentena AWURADE asase so, na Efraim bɛsan akɔ Misraim, na wobedi nea ɛho ntew wɔ Asiria.


na mo de, mɛbɔ mo apete wiase amanaman mu, na matwe nkrante madi mo akyi, na mo asase bɛda ntuw, na mo nkurow ayɛ fo.


Muntwa adwo, mo a mote Mortar, efisɛ wɔasɛe aguadifo asafo no nyinaa, na wɔatwitwa wɔn a wɔsoa dwetɛ no nyinaa.


Na Israel mmarima no hui sɛ ɛreden wɔn, efisɛ wɔhyɛɛ ɔman no ahometew: Na ɔman no hintahintaw abodan ne mmena ne abotan ne aboda ne mmura mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios