Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 9:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Wɔremfa ahwiesa mmrɛ AWURADE, na wɔn kum afɔre renyɛ no dɛ; wɔn aduan bɛyɛ wɔn sɛ akyiduan, wɔn a wodi nyinaa ho begu fi; na wɔn aduan yɛ wɔn ankasa wɔn de, ɛremma AWURADE fi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Wɔremfa ahwiesa mmrɛ AWURADE, na wɔn kum afɔdeɛ renyɛ no dɛ; wɔn aduane bɛyɛ wɔn sɛ akyiduane, wɔn a wɔdie nyinaa ho bɛgu fi; na wɔn aduane yɛ wɔn ara wɔn deɛ, ɛremma AWURADE fie.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Wɔremmɔ ahwiesa afɔre mma Awurade, na wɔn afɔrebɔ nso nsɔ nʼani. Saa afɔrebɔ yi bɛyɛ sɛ asufo brodo de ama wɔn; wɔn a wodi nyinaa ho begu fi. Saa aduan no bɛyɛ wɔn ankasa dea na wɔrentumi mmfa nkɔ Awurade asɔredan mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Wɔremfa ahwiesa mmrɛ AWURADE, na wɔn kum afɔdeɛ renyɛ no dɛ; wɔn aduane bɛyɛ wɔn sɛ akyiduane, wɔn a wɔdie nyinaa ho bɛgu fi; na wɔn aduane yɛ wɔn ara wɔn deɛ, ɛremma AWURADE fie.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Wɔremmɔ ahwiesa afɔdeɛ mma Awurade, na wɔn afɔrebɔ nso nsɔ nʼani. Saa afɔrebɔ yi bɛyɛ sɛ aduane a ayiasefoɔ de wɔn nsa aka; wɔn a wɔdi nyinaa ho bɛgu fi. Saa aduane no bɛyɛ wɔn ankasa dea na wɔrentumi mmfa nkɔ Awurade asɔredan mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Wɔremfa ahwiesa mmrɛ AWURADE, na wɔn kum afɔre renyɛ no dɛ; wɔn aduan bɛyɛ wɔn sɛ akyiduan, wɔn a wodi nyinaa ho begu fi; na wɔn aduan yɛ wɔn ankasa wɔn de, ɛremma AWURADE fi.

Ver Capítulo Copiar




Hosea 9:4
33 Referencias Cruzadas  

na fa asikresam efa abupɛn du mu biako a wɔde ngo dua aba a wɔasiw ngo susutoa abupɛn anan mu biako agu so, ne bobesa susutoa abupɛn anan mu biako ahwiesa ka oguammaa biako ho.


na osiesiee ɛso abodoo AWURADE anim, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no.


asubon mu abo torotoro mu na wo kyɛfa wɔ, ɛno, ɛno ne wo ntonto, nso ɛno so na wuhwiee ahwiesa na wode ayɛyɛde gui, so eyinom so na me bo bedwo anaa?


Nea okum nantwi no te sɛ nea okum nipa; nea okum guan bɔ afɔre no te sɛ nea obu ɔkraman kɔn mu; nea ɔbɔ aduan afɔre no te sɛ nea ɔde prako mogya ba; nea ɔhyew aduhuam no te sɛ nea ohyira ohoni. Wɔn de, wɔapaw wɔn akwan, na wɔn kra ani sɔ wɔn akyide;


na wɔremmubu abodoo mma wɔn, ayi ase, sɛ wɔde rema wɔn due, owufo no ho, na wɔremma wɔn awerɛkyekye kuruwa, obi n’agya ne ne na ho.


Dɛn na aduhuam a wɔde fi Saba ba ne ahwerew pa a efi akyirikyiri asase so no yɛ ma me? Mo hyew afɔre nsɔ m’ani, na mo kum afɔre nyɛ me dɛ.


Gu ahome komm, nni owufo ho nkɔmmɔ, fa w’abotiri bɔ wo ti, na fa wo mpaboa hyɛ w’anan, na nkata w’ano, na nni nnipa aduan.


Na mobɛyɛ sɛnea mayɛ yi, morenkata mo ano na morenni nnipa aduan,


Na Daniel bɔɔ ne tirim sɛ ɔremfa ɔhene nnuan ne nsa a ɔnom no ngu ne ho fi, enti ɔsrɛɛ apiafohene no, na wangu ne ho fi.


Na Israel mma bɛtena hɔ nna pii a wonni hene na wonni bapɔmma, na wonni afɔre na wonni ɔbosom dum, na wonni asɔfotade ne abusua ahoni.


Wɔsan wɔn akyi, kɔ nea ɛho nni mfaso ho, wɔayɛ sɛ ɔta a agow. Afoa ano na wɔn mmapɔmma bɛtotɔ, keka a wɔn tɛkrɛma yɛ nti; eyi bɛma wɔadi wɔn ho fɛw Misraim asase so.


M’ayɛyɛde afɔre a wɔbɔ no, nam nko na wokum; AWURADE ani nsɔ; afei ɔbɛkae wɔn amumɔyɛ na wabɛtwe wɔn bɔne so aso; Misraim na wɔbɛsan akɔ.


Asɔfo, mommɔ mo ho so na mommɔ bena, afɔremuka asomfo, muntwa adwo, me Nyankopɔn asomfo, mommra mmɛda ayitam mu anadwo nyinaa. Na aduan ayɛyɛde ne ahwiesa agyae mo Nyankopɔn fi ba.


Wɔatwa aduan ayɛyɛde ne ahwiesa afi AWURADE fi; na asɔfo, AWURADE asomfo no, di nkɔmmɔ.


Ebia, obi nnim, ɔbɛsakra n’adwene, na wagyaw n’akyi nhyira, a ɛyɛ aduan ayɛyɛde ne ahwiesa a wɔde bɛkyɛ AWURADE mo Nyankopɔn.


Efisɛ ɔhonam biara nkwa wɔ mogya no mu, na mede ama mo, afɔremuka no so sɛ wɔmfa mpata mma mo ho; na mogya na wɔde pata ma ɔkra.


Kasa kyerɛ Aaron sɛ: W'asefo awo ntoatoaso mu ɔbarima a dɛm wɔ ne ho biara mmma mmmɛfa aduan mmmrɛ ne Nyankopɔn.


ɔsɔfo Aaron asefo mu biara a odi dɛm no nntwiw mmmɛn mmfa AWURADE gya afɔre no mmma; dɛm wɔ ne ho, ɔmmfa ne Nyankopɔn aduan no nntwiw mmma.


Wɔnyɛ kronkron mma wɔn Nyankopɔn, na wonnhura wɔn Nyankopɔn din ho, efisɛ wɔn na wɔde AWURADE gya afɔre, wɔn Nyankopɔn aduan, no ba; enti wɔnyɛ kronkron.


Na bu no kronkron, efisɛ wo Nyankopɔn aduan na ɔde ba; ɔnyɛ onipa kronkron mma wo, efisɛ kronkron ne me AWURADE a ɔyɛ mo kronkron no.


Na sɛ mobɔ mo hyew afɔre ma me na mode mo aduan ayɛyɛde brɛ me a, m’ani rensɔ, na mo nyɛmmoa asomdwoe afɔre nso, merenhwɛ.


Na nea ɛto so abien yi nso moyɛ: Mode nusu ne osu ne ahomegu kata Awurade afɔremuka so ma ɔnnan mmɛhwɛ ayɛyɛde no, na onnye mo nsam nea ɛsɔ n’ani bio.


Nea ɔka onipa biara funu no, ne ho ntew nnansɔn;


Hyɛ Israelfo na ka kyerɛ wɔn sɛ: M'ayɛyɛde, m'aduan a wɔde bɔ ogya afɔre ma eyi hua huamhuam ma me no, monhwɛ na momfa mmrɛ me ne bere a ɛsɛ mu.


Na wɔmfa bibitama nkata anim pon no so, na wɔmfa nsanka no ne nsankawa ne nkora ne nkuruwa a wɔde hwie no nsisi so, na daa abodoo no nsisi so;


Mene abodoo a nkwa wɔ mu a misian mifii soro mebae no; sɛ obi di abodoo yi bi a, ɔbɛtena ase daa. Na abodoo a mede bɛma wiase no ne me honam.


minnii bi m’awerɛhow mu, na minyii bi, bere a me ho ntew, na memfaa bi memmaa owufo bi; matie AWURADE me Nyankopɔn nne, na mayɛ sɛnea woahyɛ me nyinaa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios