Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 9:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Na sɛ wɔyɛn wɔn mma po a, mɛma wɔadi awommawu na obi anka; na sɛ metwe me ho mifi wɔn ho a, wonnue ara!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Na sɛ wɔyɛne wɔn mma mpo a, mɛma wɔadi awommawuo na obi anka; na sɛ metwe me ho mefiri wɔn ho a, wɔnnue ara!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Mpo sɛ wɔtetew mmofra a, mɛma mmofra no awuwu wɔ wɔn nsa mu. Wonnue, sɛ miyi mʼani fi wɔn so a!

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

12 Na sɛ wɔyɛne wɔn mma mpo a, mɛma wɔadi awommawuo na obi anka; na sɛ metwe me ho mefiri wɔn ho a, wɔnnue ara!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Mpo sɛ wɔtete mmɔfra a, mɛma mmɔfra no awuwu wɔ wɔn nsa mu. Wɔnnue, sɛ meyi mʼani firi wɔn so a!

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Na sɛ wɔyɛn wɔn mma po a, mɛma wɔadi awommawu na obi anka; na sɛ metwe me ho mifi wɔn ho a, wonnue ara!

Ver Capítulo Copiar




Hosea 9:12
23 Referencias Cruzadas  

Enti AWURADE faa Israel abufuw sɛ, na oyii wɔn fii n’anim, wannyaw obi sɛ Yuda abusuakuw nko.


de kosii sɛ AWURADE yii Israel fii n’anim, sɛnea ɔnam ne nkoa adiyifo no nyinaa so kae no. Ɛno na wotuu Israel fii n’asase so kɔɔ Asaria de besi nnɛ.


Sɛ ne mma dɔɔso a, wɔdɔɔso ma afoa, na wɔn a wofi no mu no aduan remmee wɔn.


Na mede nhuwso apaawa mehuw wɔn so, asase no mmobowano; mekunkum wɔn mma, mɛsɛe me man a wɔnsan mfi wɔn akwan so no.


Yerusalem, ma wɔnteɛ wo so, na me kra antwe amfi wo ho, na mamma woannan amamfo, asase a obiara nte so.


AWURADE, hwɛ, na hu ɛ! Hena na woayɛ no sɛɛ yi? So mmea nwe wɔn yafumma, mmotafowa a wotuturu wɔn no? So wonkum ɔsɔfo ne odiyifo, Awurade kronkronbea hɔ anaa?


Woafrɛ m’ahude afi afa nyinaa sɛ afahyɛ da, na AWURADE abufuw da no, obi amfi mu amfi na obi anka; wɔn a mituruu wɔn na meyɛn wɔn no, me tamfo adwerɛw wɔn.


Wonnue, efisɛ wɔaguan me; ɔsɛe mmra wɔn so, efisɛ wɔato me mmara; na me de, anka megye wɔn, nanso wodi me ho atoro.


Efraim a miyii no sɛ ɔnyɛ sɛ Tiro a wɔadua no asase pa so no, Efraim no ara beyi ne mma afi akɔma okumfo.


Wɔabɔ Efraim ade; wɔn ase ntini akyen; aba nso wɔrensow; sɛ wɔwo nso a, mekum wɔn yafunum mma a wɔdɔ wɔn no.


Awurade betwa ɔbarima a ɔyɛ eyi no: Sɛ onim na ɔhyɛ da yɛ no afi Yakob ntamadan mu na wapo n’ayɛyɛde a ɔde brɛ Awurade no.


Nna a mode kɔsraa asase no dodow a esi adaduanan no so na monsoa mo amumɔyɛ no mfirihyia aduanan, da koro da koro nyɛ afe afe, na moahu me pa a mapa mo no.


efisɛ AWURADE aka akyerɛ wɔn sɛ owu na wobewuwu sare so, na wɔn mu biara anka, sɛ Yefune ba Kaleb ne Nun ba Yosua.


Nnome bɛka wo yafunu mu aba ne w’asase so aba, w’anantwi mma ne wo nguan mma.


Wɔde wo mmammarima ne wo mmabea bɛma ɔman bi, na w’aniwa bɛhwɛ, na wɔn hwɛ ama w’aniwa atɔ dwen daa adesae, efisɛ tumi bi nni wo nsam.


Na me bo befuw wɔn da no, na magyaw wɔn, na mayi m’ani mahintaw wɔn, na wɔamene wɔn, na bɔne pii ne ahohia horow bɛto wɔn ama wɔaka da no sɛ: So ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn a onni yɛn mu nti na bɔne yi abɛto yɛn yi anaa?


Nkrante bɛfa wɔn mma abɔnten so, na ehu akum wɔn mpia mu, aberante ne ababaa, akokoaa ne nea wafuw dwen nyinaa.


Na Barak tiw nteaseɛnam no ne dɔm no koduu Haroset-hagoyim, na Sisera dɔm nyinaa totɔe nkrante ano, anka obiako pɛ.


Na AWURADE honhom fii Saul so, na honhommɔne fi AWURADE nkyɛn bɛhaw no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios