Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 9:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Mihuu Israel sɛ sare so bobe aba, mihuu mo agyanom sɛ borɔdɔmakan, ne bere a edi kan mu; nanso wɔkɔɔ Baal-peor nkyɛn, na wodwiraa wɔn ho de maa aniwude, na wɔn ho yɛɛ nwini sɛ nneɛma a wɔpɛe no ara.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Mehunuu Israel sɛ ɛserɛ so bobe aba, mehunuu mo agyanom sɛ borɔdɔmakan, ne bereɛ a ɛdi kan mu; nanso wɔkɔɔ Baal-peor nkyɛn, na wɔdwiraa wɔn ho de maa aniwudeɛ, na wɔn ho yɛɛ nwunu sɛ nnoɔma a na wɔpɛ no ara.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 “Bere a mihuu Israel no, na ɛte sɛ nea mahu bobe wɔ nweatam so; bere a mihuu mo agyanom no, na ɛte sɛ nea mahu borɔdɔma aba a edi kan wɔ ne dua so. Nanso bere a wɔbaa Baal-Peor nkyɛn no wodwiraa wɔn ho maa ohoni nimguaseni no. Wɔn ho yɛɛ nwini te sɛ ohoni a wɔdɔ no no ara.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Mehunuu Israel sɛ ɛserɛ so bobe aba, mehunuu mo agyanom sɛ borɔdɔmakan, ne bereɛ a ɛdi kan mu; nanso wɔkɔɔ Baal-peor nkyɛn, na wɔdwiraa wɔn ho de maa aniwudeɛ, na wɔn ho yɛɛ nwunu sɛ nnoɔma a na wɔpɛ no ara.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 “Ɛberɛ a mehunuu Israel no, na ɛte sɛ deɛ mahunu bobe wɔ anweatam so; ɛberɛ a mehunuu mo agyanom no, na ɛte sɛ deɛ mahunu borɔdɔma aba a ɛdi ɛkan wɔ ne dua so. Nanso ɛberɛ a wɔbaa Baal-peor nkyɛn no wɔdwiraa wɔn ho maa ohoni nimguaseni no. Wɔn ho yɛɛ abofono te sɛ ohoni a wɔdɔ no no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Mihuu Israel sɛ sare so bobe aba, mihuu mo agyanom sɛ borɔdɔmakan, ne bere a edi kan mu; nanso wɔkɔɔ Baal-peor nkyɛn, na wodwiraa wɔn ho de maa aniwude, na wɔn ho yɛɛ nwini sɛ nneɛma a wɔpɛe no ara.

Ver Capítulo Copiar




Hosea 9:10
32 Referencias Cruzadas  

Na wammu no hwee sɛ ɔbɛnantew Nebat ba Yeroboam bɔne mu, na ɔkɔfaa Sidonfo hene Etbaal babea Yesebel waree, na ɔkɔe kɔsom Baal na ɔsɔree no.


na ɛhɔ na wɔhyew nnuhuam, sorɔnsorɔmmea nyinaa, sɛ amanaman a AWURADE tutuu wɔn fii wɔn anim no, na wodii nsɛmmɔne de huruu AWURADE bo.


Wɔn a wɔyɛ wɔn te sɛ wɔn ara, obiara a ɔde ne ho to wɔn so no.


Na migyaa wɔn wɔn koma denyɛ mu, ma wɔnantew wɔn ankasa tirim agyina a wotuu mu.


Hena ne oyi a ɔforo fi sare so ba sɛ owusiw a ɛsɔre tee, a kurobow ne huamfufu ne oguadifo nnuhuam nyinaa apun no yi?


na n’ahokyerɛ ahyehyɛde nhwiren a ɛretwam a ɛwɔ srade bon atifi no ayɛ sɛ borɔdɔmakan a tew bere nnya nnui a obiara a ohu no nsa ka ara pɛ na wadi.


Na sɛ wo nkurow dodow te no, sɛ w’anyame nso dodow te nen, O Yuda; na sɛ Yerusalem mmorɔn dodow te no, saa ara na moasisi afɔremuka ama aniwude, afɔremuka a wɔhyew so aduhuam ma Baal.


Kɛntɛn biako mu wɔ mmorɔdɔma pa ara a ɛte sɛ mmorɔdɔma a ɛbere kan, na kɛntɛn biako no mu wɔ mmorɔdɔma a enye koraa a oye a enye no nti wontumi nni.


Na aniwude no adi nea yɛn agyanom brɛɛ ho no fi yɛn mmofraase: Wɔn nguan ne wɔn anantwi ne wɔn mmabanin ne wɔn mmabea.


Momma yɛnneda yɛn aniwu mu, na yɛn ahohora nkata yɛn so, sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn na yɛayɛ no bɔne, yɛne yɛn agyanom, fi yɛn mmofraase de besi nnɛ, na yɛantie AWURADE, yɛn Nyankopɔn.


Sɛ AWURADE se ni: Ɔman a wɔafi mu afi afoa ano no anya ɔdom sare so; mmere a Israel hwehwɛɛ ɔhome no.


Adiyifo hyɛ nkɔntoro, na asɔfo nam wɔn so di wɔn koko so asɛm; me man nso pɛ no sa, nanso n’awiei no, mobɛyɛ no dɛn?


Na wɔtew me so atua, na wɔampene sɛ wotie me; wɔn mu obi bi antow wɔn aniwa mu akyide ankyene, na wɔannyaw Misraim abosonhuhuw. Ɛnna mise: Mehwie m’anibere magu wɔn so mede mawie m’abufuw no wɔ wɔn so, Misraim asase so;


Israel yɛ aberante no, na medɔ no, na Misraim na mefrɛɛ me ba fii.


Me na mihuu wo sare no so, osukɔm asase no so.


na mafi hɔ mama no ne bobe nturo, na Akor bon no, mayɛ no anidaso pon, na obegye so wɔ hɔ ne mmabaabere mu, ne ɛda a ofi Misraim asase so foro bae no.


Merentwe mo mmabea aso aguamammɔ ho, ne mo nsewnom, awaresɛe ho, efisɛ mmarima no nso ne mmea nguaman man, na wɔne mmosomfenaa bɔ afɔre; na ɔman a wonni nhumu no bɛbɔ.


Sɛ wɔn asanom atra so a; aguaman na wɔbɔ, ɔpɛ na emu atitiriw pɛ ahohora.


Na momfa mmɔkaw abodoo nhyew aseda afɔre, na mompae ayamye ayɛyɛde mma wɔnte. Na saa na mopɛ, mo Israelfo, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.


Minnue, na mayɛ sɛ nnuabatew, sɛ bobe aba mpɛpɛwadi, bobe kasiaw a medi, borɔdɔmakan a me kɔn dɔ no bi nni hɔ.


na ɛnyɛ mo nnwow a mohwɛ kae AWURADE mmara nsɛm nyinaa yɛ, na moammɔre anni mo koma ne mo aniwa akyi, sɛnea motaa di akyi kɔbɔ aguaman no:


Wɔn asase so ade nyinaa mu adekan a wɔde brɛ AWURADE no, ɛnyɛ wo de; obiara a ne ho tew wɔ wo fi nni bi.


Na aba bɛn na saa bere no munya fii nneɛma a afei de, mo ani wu ho no mu? Saa nneɛma no awiei ne owu.


Ohuu no sare asase so ne nkyerekyerewa so, sare pradada so nkekaboa su mu; otwaa ne ho hyiae, ɔhwɛɛ no so yiye, ɔkoraa no so sɛ n’aniwa kurutiayisi.


Wɔbɔɔ afɔre maa abosom a wɔnyɛ Onyankopɔn, anyame a wonnim wɔn, afoforo a ɛbae akyiri yi na wɔn agyanom amfɛre wɔn.


Mo aniwa ahu nea Baal-peor nti AWURADE yɛe, sɛ nnipa a wodii Baal-peor akyi nyinaa AWURADE mo Nyankopɔn sɛee wɔn fii mo mu;


Na wɔfrɛɛ no Yerubaal da no ara se: Baal ne no nni sɛ waburuw n’afɔremuka.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios