Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 8:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Na mframa na wogu, na ahum nso na wobetwa; awi a egyina hɔ nni mu; nea efifi no, wɔyam a, wonnya mu siam; sɛ ebi wɔ mu po a, ahɔho na wobedi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Na mframa na wɔguo, na ahum nso na wɔbɛtwa. Ayuo a ɛgyina hɔ nni mu; deɛ ɛfifire no, wɔyam a, wɔnnya mu siam; sɛ ebi wɔ mu mpo a, ahɔhoɔ na ɛbɛdie.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 “Wodua mframa na wotwa mfɛtɛ. Awi a egyina hɔ no nni ti; nti wɔrennya siam mfi mu. Sɛ ɛsow aduan mpo a, ahɔho na wobedi.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Na mframa na wɔguo, na ahum nso na wɔbɛtwa. Ayuo a ɛgyina hɔ nni mu; deɛ ɛfifire no, wɔyam a, wɔnnya mu siam; sɛ ebi wɔ mu mpo a, ahɔhoɔ na ɛbɛdie.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 “Wɔdua mframa na wɔtwa ntwahoframa. Awuo a ɛgyina hɔ no nni tire; enti wɔrennya esam mfiri mu. Sɛ ɛso aduane mpo a, ahɔhoɔ na wɔbɛdi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Na mframa na wogu, na ahum nso na wobetwa; awi a egyina hɔ nni mu; nea efifi no, wɔyam a, wonnya mu siam; sɛ ebi wɔ mu po a, ahɔho na wobedi.

Ver Capítulo Copiar




Hosea 8:7
22 Referencias Cruzadas  

Na hwɛ, mmɛtem ason a ahow na ayɛ ntraantraa, na apuei mframa ama akisa dii akyiri fifii.


Asaria hene Pul baa asase no so, na Menahem maa Pul dwetɛ talente apem, sɛ ɔmmoa no nhyɛ ne nsam den ahenni no mu.


Israel hene Peka bere so na Asaria hene Tiglat-pileser ba bɛfaa Iyon ne Abel-bet-maaka ne Yanoa ne Kedes ne Hasor ne Gilead ne Galilea, Naftali asase nyinaa, na otuu wɔn kɔɔ Asiria.


Manya no nhui sɛ wɔn a wɔfɛntɛm amumɔyɛ na wogu mmusu no, ɛno ara na wotwa.


Nea ogu amumɔyɛ no betwa mmusu, na n’anibere abaa behi.


Na eyi nso yɛ bɔne a ɛyɛ yaw, sɛnea ɔbae no ara, saa ara na ɔbɛkɔ, na ɛyɛ no mfaso bɛn sɛ ɔbrɛɛ ɔbrɛ hunu?


woma efifi da a wuduae no, na anɔpa a wuduae no ara ɛyɛ frɔmfrɔm, woma egu nhwiren, nanso ɛso aba no betu akɔ, amane ne yaw a enni awiei.


Ɛdɛn na mokari sika gye nea ɛnyɛ aduan, ne mo brɛ so ade gye nea ɛmmee mo? Muntie me ɛ, munni nnepa, na sradeduan nyɛ mo kra dɛ.


Na hwɛ, AWURADE de ogya ne ne nteaseɛnam a ɛte sɛ ahum bɛba de abufuhyew abetua n’abufuw so ka, na ɔde gyaframa ayɛ n’ateɛteɛ.


Woguu awi, na wotwaa nsɔe; wɔbrɛe, na wɔannya mu hwee. Na mo ani bewuwu mo nnɔbae ho, AWURADE abufuhyew no ano.


Yɛn agyapade adan ahɔho de, yɛn afi ayɛ ananafo de;


Ne saa nti mɛsan mabegye m’awi, ne bere mu, ne me nsa, ne bere mu, na mayi me guannwi ne m’asaawa a ɔde kataa n’adagyaw so no.


Ahɔho adi n’ahoɔden, nso onnim; dwen nso ahura ne tirim, nso onnim.


Wɔabɔ Efraim ade; wɔn ase ntini akyen; aba nso wɔrensow; sɛ wɔwo nso a, mekum wɔn yafunum mma a wɔdɔ wɔn no.


AWURADE bo kyɛ fuw, na n’ahoɔden so, na ɔremmu ɔbɔnefo bem ara da. AWURADE no, ahum ne kyinhyia mframa mu na ne kwan wɔ, na amununkum yɛ ne nan ase mfutuma.


Mudua pii, na ketewaa bi na efi mu ba; mudidi, nanso mommee, monom nsa, nanso ɛnso mo; mufurafura ntama, nanso mo ho nyɛ mo hyew, na ɔpaani apaade gu fotow a wɔafiti ɛto mu.


Monnnaadaa mo ho, Onyankopɔn, wonsi no atwetwe; efisɛ nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa.


Nea ogu ma ne honam no, fi honam mu betwa porɔwee, na nea ogu ma honhom no fi honhom mu betwa daa nkwa.


W’asase so aba ne w’adwumade nyinaa, ɔman a wunnim wɔn na wobedi, na ɔhyɛ nko na wɔbɛhyɛ wo na wɔapɛtɛw wo nna nyinaa;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios