Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 8:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Na Israel mu na ɛno fi; odwumfo na ɔyɛe, ɛnyɛ onyame ne no, na Samaria nantwi no, wobebubu no pasaa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Na Israel mu na ɛno fire; odwumfoɔ na ɔyɛeɛ, ɛnyɛ Onyame ne no, na Samaria nantwie no, wɔbɛbubu no pasaa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Wofi Israel! Saa nantwi ba yi, odwumfo bi na osenii; ɛnyɛ Onyankopɔn! Wobebubu mu asinasin, saa Samaria nantwi ba no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Na Israel mu na ɛno fire; odwumfoɔ na ɔyɛeɛ, ɛnyɛ Onyame ne no, na Samaria nantwie no, wɔbɛbubu no pasaa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Wɔfiri Israel! Saa nantwie ba yi, odwumfoɔ bi na ɔseneeɛ; ɛnyɛ Onyankopɔn! Wɔbɛbubu mu asinasini, saa Samaria nantwie ba no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na Israel mu na ɛno fi; odwumfo na ɔyɛe, ɛnyɛ onyame ne no, na Samaria nantwi no, wobebubu no pasaa.

Ver Capítulo Copiar




Hosea 8:6
22 Referencias Cruzadas  

Bio nso afɔremuka a ɛwɔ Betel, sorɔnsorɔmmea a Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no yɛe no, afɔremuka no nso ne sorɔnsorɔmmea no, oburuwii, na ɔhyew sorɔnsorɔmmea no yam no fekɔfekɔ ma ɛyɛɛ mfuturu, na ɔhyew Asera nnua no.


Na sorɔnsorɔmmea adan a ɛwɔ Samaria nkurow mu a Israel ahene yeyɛe sɛ wɔde rehuru AWURADE bo no nyinaa nso, Yosia yiyi kɔe, na ɔyɛɛ no sɛnea ɔyɛe Betel no ara.


Na afei, mo de, muse moresɔre atia AWURADE ahenni a ɛwɔ Dawid mma nsam no, efisɛ modɔɔso na mowɔ sika anantwi a Yeroboam ayɛ ama mo sɛ anyame.


Na wowiee eyi nyinaa no, Israelfo a wohuu wɔn hɔ no nyinaa fii adi kɔɔ Yuda nkurow mu, na wokobubuu adum, na wotwitwaa Asera nnua, na woburuw sorɔnsorɔmmea ne afɔremuka no, Yuda ne Benyamin nyinaa, ne nea ɛwɔ Efraim ne Manase no nso, de kosii sɛ wowiei. Ɛnna Israelfo no nyinaa san kokɔɔ wɔn de mu, wɔn nkurow mu.


Nnipa nyinaa yɛ agyimifo a wonni nimdeɛ, sikadwumfo nyinaa ani wuwu wɔn ahoni ho, efisɛ wɔn agude no yɛ atoro, na ahome nni wɔn mu.


Na Moab ani bewu Kemos ho sɛnea Israel fi ani wui, Betel a wɔde wɔn ho too so no ho no.


Monka amanaman mu, momma wɔnte na munsi frankaa, momma wɔnte, na munnsiw so, monka sɛ: Wɔafa Babel, wɔakum Bel aniwu, wɔayɛ Merodak pasaa, wɔakum n’ahoni aniwu, wɔayɛ n’abosom pasaa.


Wɔn koma mu apaepae, afei ɛso bebua wɔn. Ɔno na obedwiriw wɔn afɔremuka agu, na wasɛe wɔn ahoni adum no.


Na afei wɔkɔ so yɛ bɔne, na wɔde wɔn dwetɛ yɛ ogu ahoni ne wɔn nhumu ano adwinhoni; ɛyɛ odwumfo adwuma ara nko. Nnipa a wɔbɔ afɔre kasa kyerɛ wɔn. Wofew anantwi mma ano.


Asiria rennye yɛn, apɔnkɔ so nso yɛrentena, nanso yɛrenka nkyerɛ yɛn nsa ano adwuma sɛ: Yɛn nyame bio! Efisɛ wo mu na ayisaa nya timmɔbɔ.


Na wɔbɛbobɔ n’ahoni nyinaa, na wɔde ogya ahyew n’ayɛyɛde nyinaa, na mɛyɛ n’abosom adum nyinaa afo, efisɛ aguaman apɛde na ɔde aboa ano, na aguaman apɛde na ɛbɛsan akɔyɛ.


Sɛ odwumfo sen ohoni a, ɛho mfaso ne dɛn? Ɛyɛ oguhoni ne atoro kyerɛkyerɛfo; efisɛ odwumfo yɛ ahoni mum a ɔde ne ho to n’ankasa n’adwinni a odi no so.


Na sɛ yɛyɛ Onyankopɔn abusua nti, ɛnsɛ sɛ yesusuw sɛ Onyankopɔn tebea te sɛ sika anaa dwetɛ anaa ɔbo, adwinni a onipa de ne nyansa ne n’adwene adi.


Na muhu, na mote ase sɛ, ɛnyɛ Efeso ha nko, na ɛkame ayɛ Asia nyinaa, na Paulo yi atu nkurɔfo bebree aso adan wɔn ani ka sɛ: Anyame a wɔde nsa ayɛ nyɛ anyame.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios