Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 8:5 - KYERƐW KRONKRON

5 O Samaria, wo nantwi ba no ho yɛ nwini, m’abufuw asɔ ahyɛ wɔn, enkosi da bɛn na wɔrentumi ɔbra a ɛho tew bɔ?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Samaria, wo nantwie ba no ho yɛ nwunu, m’abufuo asɔ atia wɔn; ɛnkɔsi da bɛn na wɔrentumi ɔbra a ɛho teɛ bɔ?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Tow wo nantwi ba ohoni no kyene, Samaria! Mʼabufuwhyew reba wɔn so. Wɔbɛtena nea ɛho ntew mu akosi da bɛn?

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Samaria, wo nantwie ba no ho yɛ nwunu, m’abufuo asɔ atia wɔn; ɛnkɔsi da bɛn na wɔrentumi ɔbra a ɛho teɛ bɔ?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 To wo nantwie ba ohoni no twene, Ao, Samaria! Mʼabufuhyeɛ reba wɔn so. Wɔbɛtena deɛ ɛho nteɛ mu, akɔsi da bɛn?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 O Samaria, wo nantwi ba no ho yɛ nwini, m’abufuw asɔ ahyɛ wɔn, enkosi da bɛn na wɔrentumi ɔbra a ɛho tew bɔ?

Ver Capítulo Copiar




Hosea 8:5
17 Referencias Cruzadas  

Na afei, mo de, muse moresɔre atia AWURADE ahenni a ɛwɔ Dawid mma nsam no, efisɛ modɔɔso na mowɔ sika anantwi a Yeroboam ayɛ ama mo sɛ anyame.


Nso bɔ w’akoa ho ban wɔ bɔne ho, na anhyɛ me so. Ɛno na medi bem, na me ho afi amumɔyɛ kɛse ho.


Da bɛn ara na mo ntetekwaa, mobɛpɛ ntetekwaasɛm akosi? Na afɛwdifo bɛpɛ wɔn fɛwdi, na nkwasea akyi nimdeɛ?


Munhyia mmra, mommom ntwiw mmɛn, mo a moafi mu, amanaman mu. Wonnim de, wɔn a wɔsoso wɔn ahoni nnua, na wɔbɔ onyame a ontumi nnye nkwa mpae.


Mahu w’atantansɛm no W’awaresɛe ne wo mmɔnbɔ, w’aguamammɔ a womfɛre ho no, wɔ nwuram ne nkoko so. Due, O Yerusalem, enkosi da bɛn ara na wo ho bɛtew bio?


Hohoro wo koma ho fi bɔne mu, Yerusalem, na wɔagye wo. Da bɛn na w’abusudwene ntena wo mu nkosi?


Na Moab ani bewu Kemos ho sɛnea Israel fi ani wui, Betel a wɔde wɔn ho too so no ho no.


Bet-awen nantwi mma nti na Samariafo besuro; na ne man di ne ho nkɔmmɔ, na n’asɔfo ho popo n’anuonyam ho, sɛ wɔatu afi wɔn mu kɔ.


Na wɔbɛsɛe Bet-awen sorɔnsorɔmmea a ɛne Israel bɔne no; nsɔe ne nnɛnkyɛnse befifi wɔn afɔremuka so, na wɔbɛka akyerɛ mmepɔw sɛ: Mommɛkata yɛn so! Ne nkoko sɛ: Mommɛhwe yɛn so!


Na afei wɔkɔ so yɛ bɔne, na wɔde wɔn dwetɛ yɛ ogu ahoni ne wɔn nhumu ano adwinhoni; ɛyɛ odwumfo adwuma ara nko. Nnipa a wɔbɔ afɔre kasa kyerɛ wɔn. Wofew anantwi mma ano.


Na Israel mu na ɛno fi; odwumfo na ɔyɛe, ɛnyɛ onyame ne no, na Samaria nantwi no, wobebubu no pasaa.


wɔn a wɔkeka Samaria asodi ntam, na wose: Sɛ wo, Dan, wo nyame te ase yi! Ne sɛ Beer-seba kwan te ase yi no, wɔn de, wɔbɛtotɔ na wɔrensɔre bio.


Na wɔbɛbobɔ n’ahoni nyinaa, na wɔde ogya ahyew n’ayɛyɛde nyinaa, na mɛyɛ n’abosom adum nyinaa afo, efisɛ aguaman apɛde na ɔde aboa ano, na aguaman apɛde na ɛbɛsan akɔyɛ.


Ɛnna wɔyɛɛ nantwi ba, nna no mu, na wɔbɔɔ afɔre maa ohoni no, na wɔn ani gyee wɔn nsa ano adwuma ho.


Na ogya asɔ m’abufuw mu, na ɛredɛw akodu asaman ase, na ɛrehyew asase ne ne nnɔbae, ɛde ogya ato mmepɔw nnyinaso mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios