Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 8:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Sɛ wɔabobɔ amanaman mu bi paa mpo a, afei mɛboa wɔn ano, na ahemfo mu hene no nhyɛso nti, wɔn so afi ase ahuan.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Sɛ wɔabobɔ amanaman mu bi paa nso a, afei mɛboa wɔn ano, na ahemfo mu hene no nhyɛsoɔ nti, wɔn so afiri aseɛ ahwan.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Ɛwɔ mu, wɔatɔn wɔn ho wɔ amanaman no mu de, nanso mɛboaboa wɔn ano. Wɔn so befi ase atew wɔ ɔhene kɛse bi nhyɛso ase.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Sɛ wɔabobɔ amanaman mu bi paa nso a, afei mɛboa wɔn ano, na ahemfo mu hene no nhyɛsoɔ nti, wɔn so afiri aseɛ ahwan.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Ɛwom, wɔatɔn wɔn ho wɔ amanaman no mu deɛ, nanso mɛboaboa wɔn ano. Wɔn so bɛfiri aseɛ ate wɔ ɔhene kɛseɛ bi nhyɛsoɔ ase.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Sɛ wɔabobɔ amanaman mu bi paa mpo a, afei mɛboa wɔn ano, na ahemfo mu hene no nhyɛso nti, wɔn so afi ase ahuan.

Ver Capítulo Copiar




Hosea 8:10
21 Referencias Cruzadas  

Na AWURADE huu Israel amanehunu sɛ ɛyɛ nwene papa, na ɔdehye ne akoa nyinaa kɔ, na Israel nni boafo bi.


Ɔno so na Asaria hene Salmaneser bae, na Hosea yɛɛ no akoa, na ɔmaa no ayɛyɛde.


Na Asaria hene hui sɛ Hosea apam ne tiri so na wasoma abɔfo akɔ Misraim hene So nkyɛn, efisɛ wamfa ayɛyɛde ankɔma Asaria hene sɛ ɔyɛ daa afe no; ɛnna Asaria hene bɛkyeree no kɔtoo nneduadan mu.


ɛnna Israel Nyankopɔn hwanyan Asaria hene Pul ne Asaria hene Tilgat-pilneser honhom, na otuu Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fa no de wɔn koduaa Hala ne Habor ne Harsa ne asubɔnten Gosan ho de besi nnɛ.


Efisɛ ɔka sɛ: So m’asafohene nyɛ ahene nko ara?


Wosim kɔ Misraim a wɔammisa m’anom asɛm, sɛ wokotweri Farao ahoɔden, na wɔakɔdɔ Misraim nwini.


Ɛnna Rabsake gyinae, na ɔde nne kɛse teɛɛm Yuda kasa mu sɛ: Muntie ɔhenkɛse, Asaria hene no, asɛm!


bɛka kyerɛɛ odiyifo Yeremia sɛ: Ma yɛn nkotɔsrɛ mmra w’anim ɛ, na bɔ AWURADE wo Nyankopɔn mpae ma yɛn ne nkae yi nyinaa, efisɛ yɛne kakraa bi a yɛaka nnipa bebree mu, sɛnea wuhu yɛn yi,


Nguaman nyinaa, wɔma wɔn akyɛde, na wo de, wode w’akyɛde kyekyɛɛ w’adɔfo nyinaa, na womaa wɔn adammude, sɛ womfi mmaa nyinaa mmra wo nkyɛn aguamammɔ.


hwɛ, merehyiahyia w’adɔfo a woafam wɔn ho nyinaa ne wɔn a woadɔ wɔn nyinaa mabɔ wɔn a woatan wɔn no nyinaa so afi afa nyinaa maboaboa wɔn ano mahyɛ wo, na mayi w’adagyaw adi makyerɛ wɔn, na wɔahu w’adagyaw nyinaa.


Sɛnea wɔboa dwetɛ ne kɔbere ne dade ne sumpii ne sanyaa ano fononoo mu, fita ɛho gya mu ma ɛnan no, saa ara na mɛboa mo ano, m’abufuw ne m’anibere mu, na mede mo mahyɛ mu manan mo,


Na m’akyi Ohola bɔɔ aguaman na n’ani beree n’adɔfo, Asiriafo a wɔbae bɛbɛn no no ho.


Na sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, mede Babel hene Nebukadnesar, ahene mu hene no, mifi atifi fam, ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo ne asafo ne dɔm bebree mereba Tiro so.


Wo, ɔhene, woyɛ ahene mu hene a ɔsoro Nyankopɔn de ahenni, tumi, ahoɔden ne anuonyam ama wo,


Ɛbere a mepɛ na mɛtwe wɔn aso, na wɔahyiahyia aman aba wɔn so abetua wɔn wɔn amumɔyɛ mmɔho no so ka.


Na AWURADE ne Yuda anya asɛm, na ɔreba abɛtwe Yakob aso sɛ n’akwan te; sɛ ne nsɛnnii te no na obetua no ka.


Na sɛ asafo Awurade se ni: Bio: Aka kakraa bi na mawosow ɔsoro ne asase ne ɛpo ne asase kesee,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios