Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 7:16 - KYERƐW KRONKRON

16 Wɔsan wɔn akyi, kɔ nea ɛho nni mfaso ho, wɔayɛ sɛ ɔta a agow. Afoa ano na wɔn mmapɔmma bɛtotɔ, keka a wɔn tɛkrɛma yɛ nti; eyi bɛma wɔadi wɔn ho fɛw Misraim asase so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Wɔsane wɔn akyi, nanso wɔmma ɔsorosoroni no nkyɛn, wɔayɛ sɛ tadua a agoɔ: Afena ano na wɔn mmapɔmma bɛtotɔ, nkeka a wɔn tɛkyerɛma yɛ nti; yei bɛma wɔadi wɔn ho fɛw Misraim asase so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Wɔnhwehwɛ Ɔsorosoroni no; wɔte sɛ tadua a asɛe, wɔn ntuanofo bɛtotɔ wɔ afoa ano efisɛ, wɔnkasa obu so. Eyi nti wobedi wɔn ho fɛw wɔ Misraim asase so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

16 Wɔsane wɔn akyi, nanso wɔmma ɔsorosoroni no nkyɛn, wɔayɛ sɛ tadua a agoɔ: Afena ano na wɔn mmapɔmma bɛtotɔ, nkeka a wɔn tɛkyerɛma yɛ nti; yei bɛma wɔadi wɔn ho fɛw Misraim asase so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Wɔnnhwehwɛ Ɔsorosoroni no; wɔte sɛ tadua a asɛeɛ, wɔn ntuanofoɔ bɛtotɔ wɔ akofena ano ɛfiri sɛ, wɔnnkasa obuo so. Yei enti wɔbɛdi wɔn ho fɛ wɔ Misraim asase so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Wɔsan wɔn akyi, kɔ nea ɛho nni mfaso ho, wɔayɛ sɛ ɔta a agow. Afoa ano na wɔn mmapɔmma bɛtotɔ, keka a wɔn tɛkrɛma yɛ nti; eyi bɛma wɔadi wɔn ho fɛw Misraim asase so.

Ver Capítulo Copiar




Hosea 7:16
32 Referencias Cruzadas  

Ma AWURADE ntwa ano dɛfɛdɛfɛ nyinaa ne tɛkrɛma a ɛka nsɛnkɛse,


wɔn a wose: Yɛn tɛkrɛma na yɛde di mmaninsɛm, yɛn ano wɔ hɔ, hena na obedi yɛn so?


Mmɔborohunufo so hyɛ ne ahiafo apinisi nti mɛsɔre afei, sɛ AWURADE se ni, megye nea ogu ahome repɛ nkwagye no nkwa.


Wɔapirim wɔn koma, wonni mmɔborohunu biara, wɔde wɔn ano ka ahantan kasa.


Okontomponi, wo tɛkrɛma dwen mmusubɔ ho te sɛ oyiwan a ano yɛ hwetahweta.


Me kra da agyata mu, meda wɔn a wɔhome gyaframa mu. Nnipa mma, wɔn se yɛ mpeaw ne agyan, na wɔn tɛkrɛma yɛ nkrante nnamnnam.


Wɔma wɔn ano to ɔsoro, na wɔn tɛkrɛma nenam asase so.


na wɔn koma de, ɛmmata ne ho, na wɔanni n’apam mu nokware.


Na wɔwae twaa nkontompo sɛ wɔn agyanom, wɔmanee sɛ ta daadaafo.


Na Yerusalem adwiriw, na Yuda ahwe ase, efisɛ wɔn tɛkrɛma ne wɔn nneyɛe ne AWURADE di asi, sɛ wɔbɛtew n’anuonyam anim atua.


Na wɔkae sɛ: Mommra mma yɛnkɔpam Yeremia tiri so, na mmara remfi ɔsɔfo nsa, na afotu rempa onyansafo anom, na asɛm remmɔ odiyifo. Mommra mma yɛmfa tɛkrɛma nkum no, na mommma yɛnnyɛ aso nntie ne nsɛm no biara.


Na eyi nyinaa mu mpo ne nuabea sansani Yuda amfa ne koma nyinaa ansan amma me nkyɛn, ɔbɛdaadaa me, AWURADE asɛm ni.


Na sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Sɛnea m’abufuw ne m’abufuhyew hwie guu Yerusalemfo so no, saa ara na mokɔ Misraim a, m’abufuhyew behwie agu mo so, na moadan ntankade ne ahodwiriwde ne nnome ne nsopa, na morenhu ha yi bio.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Wo nuabea kuruwa a emu dɔ na emu trɛw no na wobɛnom, dodow a ebetumi adi no bɛdan asereserede ne fɛwdi;


Na woduu amanaman a wɔkɔɔ hɔ no mu no, wohuraa me din kronkron no ho, sɛ wɔkae wɔn ho sɛ: AWURADE man ne eyinom, nanso wɔafi n’asase so kɔ.


Na ɔbɛkeka nsɛm atia nea ɔwɔ ɔsorosoro no, na ɔbɛhaw ɔsorosoroni no akronkronfo, na ɔbɛbɔ ne tirim sɛ ɔbɛdan mmere ne mmara, na wɔde wɔn bɛhyɛ ne nsa, ɛbere bi ne mmere ne bere fa.


Wɔbɛsan wɔn akyi akɔ Misraim asase so bio, na Aseria na ɔbɛyɛ wɔn hene, efisɛ wɔampene sɛ wɔsan wɔn akyi.


Me so atuatew nko na me man de asi wɔn anim, na wɔfrɛ wɔn sɛ wɔnhwɛ soro a, wɔn mu biara mma ne ho so.


Dɛn na menyɛ wo, Efraim? Dɛn na menyɛ wo, Yuda? Na mo adɔe te sɛ anɔpa mununkum, na ɛte sɛ obosu a ɛpɛ ntɛm akɔ.


Wonnue, efisɛ wɔaguan me; ɔsɛe mmra wɔn so, efisɛ wɔato me mmara; na me de, anka megye wɔn, nanso wodi me ho atoro.


Wɔrentena AWURADE asase so, na Efraim bɛsan akɔ Misraim, na wobedi nea ɛho ntew wɔ Asiria.


Wɔremfa ahwiesa mmrɛ AWURADE, na wɔn kum afɔre renyɛ no dɛ; wɔn aduan bɛyɛ wɔn sɛ akyiduan, wɔn a wodi nyinaa ho begu fi; na wɔn aduan yɛ wɔn ankasa wɔn de, ɛremma AWURADE fi.


Na hwɛ, ɔsɛe nti wɔatu kɔ; Misraim bɛboa wɔn ano, Memfis besie wɔn; wɔn dwetɛ nnwinne ananmu na nnɛnkyɛnse besi, na nsɔe befuw nea wɔn ntamadan sii no.


Mokasa tia me, Awurade na ose. Nanso moka sɛ: Dɛn na yɛka tia wo?


Moaka se: Onyankopɔn som yɛ ɔkwa; na ɛyɛ mfaso bɛn sɛ yɛhyɛ n’ahwɛde na yɛnantew birisi mu, asafo Awurade anim?


Na mise mo sɛ, asɛnhunu biara a nnipa bɛka no, wobebu ho akontaa atemmuda.


Ɔbotan so de no ne wɔn a wɔte asɛm no a, wɔde anigye gye, nanso eyinom nni ntini, na wogye di ma ɛkyɛ kakra, na sɔhwɛ bere ba a, na wɔagyae.


Saa ara na tɛkrɛma nso yɛ ɔhonam akwaa mu ketewa, nanso ɛhoahoa ne ho ade kɛse ho. Ogya ketewa nso, monhwɛ kwae kɛse a ebetumi ahyew!


(na nea onipa trenee no tenaa wɔn mu hui na ɔtee no, mmarato nnwuma no yɛɛ ne kra trenee no ayayade daa nyinaa);


Na wɔmaa no ano a ɔde kaa nsɛm akɛse ne abususɛm, na wɔmaa no kwan asram aduanan abien.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios