Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 7:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Na Efraim adan sɛ aborɔnoma ayemfo, onni ti; wɔrepɛ mmoa afi Misraim no na wɔdan Asaria nso.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Na Efraim adane sɛ aburuburo, ɔkwasea a ɔnni ti; wɔrepɛ Misraim hɔ mmoa no, na wɔredan Asiria nso.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 “Efraim te sɛ aborɔnoma, wotumi daadaa no na onni adwene. Ɔfrɛ Misraim, na wadan akɔ Asiria.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

11 Na Efraim adane sɛ aburuburo, ɔkwasea a ɔnni ti; wɔrepɛ Misraim hɔ mmoa no, na wɔredan Asiria nso.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 “Efraim te sɛ aborɔnoma a wɔtumi daadaa no na ɔnni adwene. Ɔfrɛ Misraim, na wadane akɔ Asiria.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Na Efraim adan sɛ aborɔnoma ayemfo, onni ti; wɔrepɛ mmoa afi Misraim no na wɔdan Asaria nso.

Ver Capítulo Copiar




Hosea 7:11
25 Referencias Cruzadas  

Asaria hene Pul baa asase no so, na Menahem maa Pul dwetɛ talente apem, sɛ ɔmmoa no nhyɛ ne nsam den ahenni no mu.


Na Ahas somaa abɔfo kɔɔ Asaria hene Tiglat-pileser nkyɛn sɛ: W’akoa ne wo ba ne me; foro bra begye me Siria hene ne Israel hene a wɔasɔre ahyɛ me yi nsam.


Nea ɔpo nteɛso no pa ne kra, na nea otie animka no hu nyansa.


Ɛdɛn nti na sika wɔ ɔkwasea nsam, sɛ ɔde bɛtɔ nyansa, bere a onni ti?


Nea ɔfa ɔyere nni ti, nea ɔsɛe ne kra na ɔyɛ saa.


Na afei dɛn na wubenya Misraim kɔ mu a enti worekɔ akɔnom Nil mu nsu yi? Anaa dɛn na wubenya afi Asaria kɔ mu a enti worekɔ akɔnom Eufrate mu nsu yi?


Hwɛ sɛnea wonennam kwa dannan wo kwan! Misraim ho nso w’ani bewu, sɛnea w’ani wui Asaria ho no.


Wɔde ahopere befi Misraim aba sɛ nnomaa, na wɔafi Aseria asase so aba sɛ mmorɔnoma, na mede wɔn madua wɔn afi mu, AWURADE asɛm ni.


Efraim hwew mframa, na odi apuei ahum akyi; daa nyinaa ɔma atoro ne ɔsɛe dɔɔso, na ɔne Aseria kɔ apam, na ɔsoa ngo kɔ Misraim.


Na AWURADE ne Yuda anya asɛm, na ɔreba abɛtwe Yakob aso sɛ n’akwan te; sɛ ne nsɛnnii te no na obetua no ka.


Asiria rennye yɛn, apɔnkɔ so nso yɛrentena, nanso yɛrenka nkyerɛ yɛn nsa ano adwuma sɛ: Yɛn nyame bio! Efisɛ wo mu na ayisaa nya timmɔbɔ.


Aguamammɔ ne nsa ne mmorosa sɛe ntease.


Nimdeɛ a me man nni nti, wobetwa wɔn agu; na wo nso, wopoo nimdeɛ nti, mɛpo wo sɛ: Nni me sɔfo; na wo werɛ afi wo Nyankopɔn mmara nti, me nso, me werɛ befi wo mma.


Bere a Efraim huu ne yare, na Yuda huu ne kuru; na Efraim siim kɔɔ Asiria, na ɔsoma kɔɔ ɔhene Yareb nkyɛn; na ɔno nso, ɔrentumi nsa mo yare, na ɔrenkum mo ho kuru.


Wɔn nsɛnnii mma wɔnsan mma wɔn Nyankopɔn nkyɛn, na aguamammɔ honhom wɔ wɔn mu, na wonnim AWURADE.


M’ayɛyɛde afɔre a wɔbɔ no, nam nko na wokum; AWURADE ani nsɔ; afei ɔbɛkae wɔn amumɔyɛ na wabɛtwe wɔn bɔne so aso; Misraim na wɔbɛsan akɔ.


Wɔrentena AWURADE asase so, na Efraim bɛsan akɔ Misraim, na wobedi nea ɛho ntew wɔ Asiria.


Na hwɛ, ɔsɛe nti wɔatu kɔ; Misraim bɛboa wɔn ano, Memfis besie wɔn; wɔn dwetɛ nnwinne ananmu na nnɛnkyɛnse besi, na nsɔe befuw nea wɔn ntamadan sii no.


Wɔn a wɔne wo wɔ apam nyinaa adaadaa wo, wɔapam wo abedu ɔhye so; wɔn a wo ne wɔn te asomdwoe so adaadaa wo afa wo so; wɔn a wodii w’aduan asum w’ase afiri; nhumu abɔ no.


Hwɛ, meresoma mo sɛ nguan akɔ mpataku mfinimfini; enti monyɛ anitew sɛ awɔ, na monyɛ bɔkɔɔ sɛ mmorɔnoma.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios