Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 6:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Enti menam adiyifo no so mabubu wɔn, na mede m’anom nsɛm makum wɔn, na m’atemmu ayi adi sɛ hann.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Enti menam adiyifoɔ no so mabubu wɔn, na mede m’anomu nsɛm makum wɔn, na m’atemmuo ayi adi sɛ hann.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Mede mʼadiyifo twitwaa mo mu asinasin, mede mʼanom nsɛm kunkum mo; mʼatemmu baa mo so sɛ anyinam.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Enti menam adiyifoɔ no so mabubu wɔn, na mede m’anomu nsɛm makum wɔn, na m’atemmuo ayi adi sɛ hann.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Mede mʼadiyifoɔ twitwaa mo mu asinasini, mede mʼanum nsɛm kunkumm mo; mʼatemmuo baa mo so sɛ anyinam.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Enti menam adiyifo no so mabubu wɔn, na mede m’anom nsɛm makum wɔn, na m’atemmu ayi adi sɛ hann.

Ver Capítulo Copiar




Hosea 6:5
35 Referencias Cruzadas  

Dɛn na ntɛtɛwa ne awi wɔ yɛ? AWURADE asɛm ni So m’asɛm nte sɛ ogya? AWURADE asɛm ni, na ɛnte sɛ asae a ɛbobɔ ɔbotan anaa?


Hwɛ, ɛnnɛ da yi mede wo masi amanaman so ne ahenni horow so, na woatutu na woabubu, na woasɛe na woadwiriw, na woasi na woatɛw nso.


Enti sɛ AWURADE, asafo Nyankopɔn no, se ni: Esiane sɛ mokaa saa asɛm yi nti, hwɛ, merema me nsɛm ayɛ ogya w’anom, na ɔman yi adan nnyina, na ahyew wɔn.


Na Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na ahoɔden wɔ mu, na ano yɛ nnam sen nkrante anofanu biara, na ehwirew mu kodu sɛ ɛpaapae ɔkra ne honhom, akwaa ne hon mu, na ɛyɛ koma nsusuwii ne adwene temmufo.


Na wo komaden ne komapirim nti, woreboaboa abufuw ano de atwɛn abufuw ne Nyankopɔn atɛntrenee no adiyi da no.


Na wɔansakra wɔn adwene amfi wɔn awudi ne wɔn aduto ne wɔn aguamammɔ ne wɔn korɔno ho.


Na wɔsansan abɔfo baanan a wɔasiesie wɔn ama ɛdɔn ne ɛda ne ɔsram ne afe sɛ wonkunkum nnipa nkyɛm abiɛsa no mu biako.


Enti sakra w’adwene! Anyɛ saa a, mɛba wo so ntɛm, na mede m’anom afoa ne wo ako.


na okura nsoromma ason ne nifa mu, na afoa anofanu nnamnam fi n’ano; na n’anim te sɛ owia hyerɛn n’ahoɔden mu.


Na Mose hui no, anisoade no yɛɛ no nwonwa; na otwiw bɛnee sɛ ɔkɔhwɛ no, Awurade nne bae sɛ:


Awurade a ɔyɛ ɔtreneeni wɔ ne mu, ɔrenyɛ abusude; daa anɔpa ɔde n’atemmu ba hann mu, onnyae da, nanso nea ɔnteɛ nnim aniwu.


Na ade a mihui no su te sɛ ade a mihui a mebae mebɛsɛee kurow no; na ɛyɛ adehu a ɛte sɛ ade a mihui asu Kebar ho no; na mede m’anim mibutuw fam.


Mayɛ wo momaso sɛ ahemmo a ɛyɛ den sen twɛrebo; nsuro wɔn, na mma wo bo nntu wɔn anim, na wɔyɛ asowuifo fi.


Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, mɛma asase yi sofo nyinaa, ne ahene a wɔtete Dawid agua so, ne asɔfo ne adiyifo ne Yerusalemfo nyinaa abobow tintaan.


Na me de, hwɛ, ɛnnɛ mede wo mayɛ kurow a ɛyɛ den ne dade dum ne kɔbere afasu matia asase no nyinaa, Yuda ahene, wɔn asafohene, wɔn asɔfo ne asase no so nkurɔfo.


Ma wo nne so teɛm, nnyae, kɔ so; ma wo nne so sɛ torobɛnto, na ka me man mmarato ne Yakob fi bɔne kyerɛ wɔn.


na trenee na ɔde bebu atɛn ama mmɔboroni, na ɔde asɛntrenee adi ama asase so amanehunufo; na ɔde n’anom abaa bɛbɔ asase, na ɔde n’anom honhom akum ɔbɔnefo;


Wo ho hu ma me honam popo, na misuro w’atemmude.


na wayi wo trenee adi sɛ adekyee, ne wo bem sɛ owigyinae.


Enti mo a mowɔ ti, muntie me, ɛmpare Onyankopɔn sɛ obedi asɛmmɔne, na Otumfo bedi amumɔyɛsɛm,


Na kyerɛw bi fii odiyifo Elia hɔ baa ne nkyɛn sɛ: Sɛ AWURADE, w’agya Dawid Nyankopɔn, se ni: Esiane sɛ woannantew w’agya Yehosafat akwan so ne Yuda hene Asa akwan so,


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Esiane sɛ woasoma abɔfo sɛ wonkobisa Ekron nyame Baalsebub hɔ ade, te sɛnea Onyame bi nni Israel a wokobisa no asɛm nti, mpa a woaforo no, woremfi so nsian, na owu na wubewu.


Na nea obefi Hasael nkrante ano no, Yehu bekum no, na nea obefi Yehu nkrante ano no, Elisa bekum no.


Na Ahab huu Elia no, Ahab ka kyerɛɛ no sɛ: So wo a wohaw Israel no ni?


Na Tisbini Elia a ofi Gilead atubrafo no mu ka kyerɛɛ Ahab sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn a migyina n’anim te ase yi, obosu anaa osu rentɔ mfe yi mu gye sɛ ɛnam m’asɛm so!


Na Ahia tee ne nan ase sɛ ɔreba ɔpon ano no, ɔkae sɛ: Yeroboam yere, bra! Adɛn nti na woasakra wo ho ayɛ sɛ onipa foforo yi? Na me de, wɔde asɛnnennen asoma me wo nkyɛn.


Na Samuel kae sɛ: So AWURADE pɛ ɔhyew afɔre ne okum afɔre sɛ otie a wotie AWURADE anaa? Hwɛ, osetie ye sen afɔre, na asoyɛ kyɛn adwennini srade.


Na Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ: Woadi nkwaseasɛm, woanni AWURADE wo Nyankopɔn mmara asɛm a ɔhyɛɛ wo no so. Na anka afei na AWURADE rebɛma w’ahenni atim Israel so daa:


Eyi mpare wo sɛ wubedi saa asɛm yi, sɛ wubekum ɔtreneeni ne ɔbɔnefo afra, na ɔtreneeni ayɛ sɛ ɔbɔnefo; eyi mpare wo. Nea obu asase nyinaa atɛn no remmu atɛntrenee anaa?


na momfa nkwagye dade kyɛw ne honhom nkrante a ɛne Onyankopɔn asɛm,


Na Samuel se: Momfa Amalek hene Agag mmrɛ me ha. Na Agag baa ne nkyɛn anigye so. Na Agag se: Ampa, owuyaw atwam kɔ.


Na Samuel se: Sɛ wo nkrante maa mmea dii mmasigyaw no, saa ara nso na wo na bedi basigyaw mmea mu. Na Samuel twitwaa Agag AWURADE anim wɔ Gilgal.


Onipa ba, twa Misraim asafo yuu so adwo, na ma wɔne amanaman atumfo mmabea nsian nkɔ famfam asase so nka wɔn a wosian kɔ amoa mu no ho.


ɔremfa ne ho mfi sum mu, ogyaframa bɛma ne nnubaa agunguan, na mframa bɛpra ne hyerɛn akɔ;


Ɛno nti hyɛ wɔn ho nkɔm, hyɛ nkɔm, onipa ba!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios