Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 6:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Mommra mma yɛnsan nkɔ AWURADE nkyɛn, na ɔno na watetew yɛn mu na ɔbɛsa yɛn yare, ɔno na wabobɔ yɛn na ɔbɛkyekyere yɛn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Mommra mma yɛnsane nkɔ AWURADE nkyɛn, na ɔno na watete yɛn mu na ɔbɛsa yɛn yadeɛ, ɔno na wabobɔ yɛn na ɔbɛkyekyere yɛn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 “Mommra, momma yɛnsan nkɔ Awurade nkyɛn. Watetew yɛn mu asinasin nanso ɔbɛsa yɛn yare. Wapirapira yɛn nanso ɔbɛkyekyere yɛn apirakuru.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Mommra mma yɛnsane nkɔ AWURADE nkyɛn, na ɔno na watete yɛn mu na ɔbɛsa yɛn yadeɛ, ɔno na wabobɔ yɛn na ɔbɛkyekyere yɛn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 “Mommra, momma yɛnsane nkɔ Awurade nkyɛn. Wɔatete yɛn mu asinasini nanso ɔbɛsa yɛn yadeɛ. Wapirapira yɛn nanso ɔbɛkyekyere yɛn apirakuro.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Mommra mma yɛnsan nkɔ AWURADE nkyɛn, na ɔno na watetew yɛn mu na ɔbɛsa yɛn yare, ɔno na wabobɔ yɛn na ɔbɛkyekyere yɛn.

Ver Capítulo Copiar




Hosea 6:1
36 Referencias Cruzadas  

Na ammirikatufo de nhoma a efi ɔhene ne ne mmapɔmma nsam no siim kɔe kokyinii Israel ne Yuda nyinaa mu, sɛ ɔhene mmara no te, kae sɛ: Israelfo, monsan mmra AWURADE, Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn no, nkyɛn, na ɔno nso asan aba wɔn a wɔafi mu aka ama mo afi Asaria ahene nsam no nkyɛn.


Watetew me n’abufuw mu na ɔtaa me; ɔtwerɛ ne se gu me so; m'ahohiafo no nworam n’ani hwɛ me.


Sɛ wosan kɔ Otumfo nkyɛn a, wɔde wo besi hɔ, sɛ anka wubeyi abusude afi wo ntamadan mu akɔ akyirikyiri a,


Na sɛ ɔno na ɔma edwo a, hena na obebu fɔ? Na ɔde n’ani hintaw a, hena na ɔbɛhwɛ no? Ɔman mu so oo, obiakofo so oo, odi no pɛ,


Na ɔno na opira, na ɔkyekyere so, ɔpɛtɛw, na ne nsa nso sa.


AWURADE, wode w’anisɔ ama me atim dennen sɛ bepɔw, na wode w’ani hintawee no, me koma tui.


AWURADE, hu me mmɔbɔ, efisɛ meyɛ hodwoo; AWURADE, sa me yare, na me nnompe adwiriw,


Wo a woma yehuu amane bebree a ɛyɛ yaw, wobɛma yɛanya nkwa bio, na woatwe yɛn afi asase aku mu asan aba.


okum wɔ ne bere, na ɔsa wɔ ne bere; obubu wɔ ne bere, na osi wɔ ne bere;


Ɛda no na onipa ani begyina ne yɛfo, na n’aniwa bɛhwɛ Israel kronkronni no;


Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ AWURADE bepɔw so, nkɔ Yakob Nyankopɔn fi, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnantew n’atempɔn so: Na Sion na mmara befi, na AWURADE asɛm afi Yerusalem.


Na mubegu wo dwetɛ ahoni nnuraho ne wo sika agude nkataho no ho fi; wobɛtow agu sɛ asabutam, wobɛka akyerɛ no sɛ: Fi hɔ!


Na ɔsram hann bɛyɛ sɛ owia hann, na owia hann bɛyɛ mmɔho asɔn, sɛ nnansɔn hann, ɛda a AWURADE bɛkyekyere ne man bubu na wasa ne hwe ano akuru no.


Ma ɔbɔne nnyaw ne kwan na onipa huhuw mpa n’adwene, ma wɔnsan mmra AWURADE nkyɛn na ne yam bɛhyehye no ama wɔn, ne yɛn Nyankopɔn no nkyɛn, na ne kyɛ a ɔde bɛkyɛ dɔɔso.


Monsan mo akyi, mma akyirisanfo, mɛsa mo akyirisan no. Hwɛ, yɛn ni, yɛreba wo nkyɛn, na wone AWURADE, yɛn Nyankopɔn.


Na sɛ AWURADE se ni: Wo kuru ayɛ akisikuru, wo pira nni asaye.


Na mɛkyekyere wo kuru, na masa w’apirakuru, AWURADE asɛm ni, efisɛ wɔfrɛ wo: Nea wɔapam no, Sion a obi mmisa n’akyi kwan.


Wɔreba ne Kaldeafo abɛko, na wɔde nnipa a mikum wɔn m’abufuw ne me yamgya mu na wɔn bɔne nyinaa nti mede m’ani mahintaw ɔman yi no afunu abɛhyehyɛ hɔ amaama.


Hwɛ, me ara mede ade ne nnuru mɛkyekye ne kuru so, na masa wɔn yare, na matue asomdwoe ne nokware a ɛboro so ano mama wɔn.


Nna no mu ne bere no mu no, AWURADE asɛm ni, Israel mma bɛba, wɔne Yuda mma bɛbom aba, wɔde ɔnantesu bɛhwehwɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn.


Wobebisa Sion akyi kwan, ɛhɔ na wɔn ani kyerɛ: Mommra mma yɛnkɔfam AWURADE ho, daa apam a werɛ remfi mu.


watwe me afi m’akwan so, na watetew me mu, wayɛ me pasaa.


Wobedi AWURADE a ɔbɛbobom sɛ gyata akyi; na Yiw! Ɔbɛbobom, na mma de ahopopo afi po akyi aba.


Na wo nso, san kɔ wo Nyankopɔn nkyɛn; so adɔe ne atemmu mu, na hwɛ wo Nyankopɔn kwan daa yi.


Israel, san bra AWURADE wo Nyankopɔn nkyɛn; na w’amumɔyɛ nti woahwe ase.


Mɛsa wɔn nsanakyiri mu yare, meyi me yam madɔ wɔn, na m’abufuw adan afi no so.


Akyiri no Israel mma bɛsan abɛhwehwɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn ne wɔn hene Dawid, na wɔn ho bɛpopo de aba AWURADE ne n'adɔe ho, nna a edi akyiri no mu.


Na sɛ ofi no ho ma akyi ɔsɔfo no ba bɛhwɛ, na sɛ ntotowee no nyerɛwee ofi no mu a, ɛnne ɔsɔfo no mmu ofi no sɛ ɛho tew, efisɛ ntotowee no asa.


Mommoaboa mo ho ano, mommoaboa mo ho ano, ɔman a mo ani nwu ade!


Afei munhu sɛ me ara mene no, na onyame bi nka me ho. Me na mikum, na mema nkwa, mipira, na me na mesa, na nea obetumi agye afi me nsam nni hɔ.


AWURADE na okum, na ɔma nkwa; ɔma wosian kɔ asaman na ɔma wɔforo fi adi.


Na Samuel ka kyerɛɛ Israel fi nyinaa sɛ: Sɛ mode mo koma nyinaa resan aba AWURADE nkyɛn a, munyi ananafo anyame ne Astarot no mfi mo mu, na munsiesie mo koma mma AWURADE, na monsom no nko, na obeyi mo Filistifo nsam.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios