Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 5:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Efraim bɛdan amamfo, asotwe da no; mama wɔahu Israel mmusuakuw ho asɛm a ebetim no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Efraim bɛdane amamfo, asotwe da no; mama wɔahunu Israel mmusuakuo ho asɛm a ɛbɛtim mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Efraim bɛda mpan wɔ akontaabu da. Israel mmusuakuw no mu no mepae mu ka nea ɛwɔ mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 Efraim bɛdane amamfo, asotwe da no; mama wɔahunu Israel mmusuakuo ho asɛm a ɛbɛtim mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Wɔbɛsɛe Efraim wɔ akontabuo da. Israel mmusuakuo no mu no mepae mu ka deɛ ɛwom.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Efraim bɛdan amamfo, asotwe da no; mama wɔahu Israel mmusuakuw ho asɛm a ebetim no.

Ver Capítulo Copiar




Hosea 5:9
23 Referencias Cruzadas  

Hwɛ, oburuw, na wɔrento, ɔto onipa mu, na wɔremmue.


na wɔkɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Hesekia se ni: Ahohia ne asotwe ne abususɛm da ne nnɛ, na mma adu awotwaa ano, na ahoɔden nni hɔ a wɔde bɛwo wɔn.


Me a mifi mfiase meka awiei asɛm, na mifi tete mmere no meka nea wɔnyɛe no, meka sɛ: Me tirimpɔw begyina, na nea ɛsɔ m’ani nyinaa mɛyɛ.


Kan nneɛma no, mifi mekae ɛnyɛ nnɛ, na efii m’anom, na mama wɔate; mpofirim na meyɛe, na ɛbae.


enti na meka mekyerɛɛ wo akyɛ; ennya mmae no, mema wotee, na woanka sɛ: M’adwinhoni na ɔyɛe, me honi a wɔasen ne me gu honi na wɔhyɛe.


na abarimaa no nnya nhuu bɔne kyi, ne papa fa no, wobegyaw asase a wusuro n’ahene baanu anim no.


Na me de, mete sɛ nwewee mema Efraim, ne nhunhunii mema Yuda fi.


Na me de, mɛyɛ sɛ gyata ama Efraim, ne gyataforo ama Yuda fi, m’ankasa na mɛtetew mu makɔ, mɛfa makɔ a ogyefo bi nni hɔ.


Wɔrekɔ no, mɛtrɛw m’atena mu makata wɔn so; meduru wɔn sɛ wim nnomaa; mɛtwe wɔn aso, na wɔn asafo bɛte nka.


Wɔamene Israel, afei wɔte amanaman mu sɛ ade bi a ani bi nsɔ.


Asotwe nna no anya aba, aweretɔ nna no anya adu; Israel behu sɛ odiyifo no yɛ ogyimifo, na honhom nipa no yɛ ɔbɔdamfo, amumɔyɛ dodow ne ɔtan a ɛso pii no nti.


Ampa ara AWURADE Nyankopɔn renyɛ biribi gye sɛ wayi n’agyina adi akyerɛ ne nkoa adiyifo no ansa.


Enti sɛ AWURADE se ni: Wo yere bɛdan aguaman kurow no mu, na wo mmabanin ne wo mmabea bɛtotɔ afoa ano, na w’asase no, wɔde hama bɛkyɛ mu, na wo de, wubewu asase a ɛso akum so, na Israel betu afi n’asase so akɔ.


Na Isak sorɔnsorɔmmea no bɛdannan afoafo, na Israel kronkrommea no ayɛ agowagow, na mede afoa mɛsɔre mahyɛ Yeroboam fi.


Na me nso mabɔ wo ma abɔ wo yare, wo bɔne nti na masɛe wo.


Nanso me nsɛm ne m’ahyɛde a mehyɛɛ me nkoa adiyifo no, so anto mo agyanom? Na wɔsanee na wɔkae sɛ: Sɛnea asafo Awurade dwene sɛ ɔbɛyɛ yɛn sɛ yɛn akwan ne yɛn nneyɛe te no, saa na ɔne yɛn adi no.


Na maka eyinom makyerɛ mo, na sɛ bere no du a, moakae sɛ maka makyerɛ mo. Na manka mo eyinom mamfi mfiase, efisɛ me ne mo wɔ hɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios