Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 5:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Wɔde wɔn nguan ne wɔn anantwi bɛkɔ akɔhwehwɛ AWURADE, na wɔrenhu no efisɛ watwe ne ho afi wɔn ho.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Wɔde wɔn nnwan ne wɔn anantwie bɛkɔ akɔhwehwɛ AWURADE, na wɔrenhu no; ɛfiri sɛ, watwe ne ho afiri wɔn ho.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Sɛ wɔne wɔn nguan ne wɔn anantwi kɔhwehwɛ Awurade a Wɔrenhu no, efisɛ watwe ne ho afi wɔn ho.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Wɔde wɔn nnwan ne wɔn anantwie bɛkɔ akɔhwehwɛ AWURADE, na wɔrenhu no; ɛfiri sɛ, watwe ne ho afiri wɔn ho.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Sɛ wɔne wɔn nnwan ne wɔn anantwie kɔhwehwɛ Awurade a Wɔrenhunu no, ɛfiri sɛ, watwe ne ho afiri wɔn ho.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Wɔde wɔn nguan ne wɔn anantwi bɛkɔ akɔhwehwɛ AWURADE, na wɔrenhu no efisɛ watwe ne ho afi wɔn ho.

Ver Capítulo Copiar




Hosea 5:6
23 Referencias Cruzadas  

Na Mose kae sɛ: Yɛde yɛn mmofra ne yɛn mpanyin na ɛrekɔ; yɛde yɛn mmabanin ne yɛn mmabea, yɛn nguan ne yɛn anantwi na ɛrekɔ, efisɛ yɛwɔ fa bi hyɛ ma AWURADE.


ɛno na wɔbɛfrɛ me, na merennye so, wɔbɛhwehwɛ me ahema, na wɔrenhu me.


Abɔnefo afɔre yɛ AWURADE akyide, na teefo mpaebɔ yɛ n’anisɔde.


Abɔnefo afɔrebɔ yɛ akyide, na menne sɛ ɔde nam adwemmɔne mu ba.


Merehiɛ me dɔfo, na me dɔfo dan ne ho sen kɔe; ɔrekasa no, me koma tui; mehwehwɛɛ no, na manhu no, mefrɛɛ no, na wannye me so.


Nea okum nantwi no te sɛ nea okum nipa; nea okum guan bɔ afɔre no te sɛ nea obu ɔkraman kɔn mu; nea ɔbɔ aduan afɔre no te sɛ nea ɔde prako mogya ba; nea ɔhyew aduhuam no te sɛ nea ohyira ohoni. Wɔn de, wɔapaw wɔn akwan, na wɔn kra ani sɔ wɔn akyide;


Enti sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, mede bɔne a wɔrentumi mfi mu mereba wɔn so, na sɛ wosu frɛ me a, merentie wɔn.


Enti wo de, mpa kyɛw mma ɔman yi, na mma wɔn ho su ne mpaebɔ so, efisɛ wɔn amanehunu bere no mu, wosu frɛ me a, merentie.


Ɛwom sɛ wodi mmuada de, nso merentie wɔn nkotɔsrɛ; na sɛ wɔbɔ ɔhyew afɔre ne aduan afɔre a, m’ani rensɔ wɔn, na afoa ne ɔkɔm ne owuyare na mede mɛdwerɛw wɔn koraa.


Mommfa mo ho nnto atosɛm so se: AWURADE asɔrefi, AWURADE asɔrefi, AWURADE asɔrefi ni!


Wode omununkum kataa wo ho, na mpaebɔ amfa mu annu wo nkyɛn.


Na me nso, medi no anibere so; m’aniwa renkyɛe so, na merenhu mmɔbɔ; na wɔde nne kɛse besu agu m’asom de, nanso merentie wɔn.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, so wuhu nea wɔreyɛ yi? Akyide akɛse a Israel fi reyɛ ha yi, sɛ mimfi me kronkronbea menkɔ akyirikyiri. Na wobɛsan ahu akyide akɛse bio.


M’ayɛyɛde afɔre a wɔbɔ no, nam nko na wokum; AWURADE ani nsɔ; afei ɔbɛkae wɔn amumɔyɛ na wabɛtwe wɔn bɔne so aso; Misraim na wɔbɛsan akɔ.


Na wobekyini afi po ano akɔ po ano, na wɔawɔ ntwɛtwɛdɛ afi atifi fam akosi apuei fam, sɛ wɔrehwehwɛ AWURADE asɛm akyi kwan, na wɔrenhu.


Ɛno ansa na wobesu afrɛ AWURADE, nanso ɔremmua wɔn, na ɔde n’anim behintaw wɔn bere no mu, sɛnea wɔmaa wɔn nsɛnnii yɛɛ bɔne no.


Anka eye sɛ mo mu bi kɔtoto apon mu nso, na moansɔ m’afɔremuka so gya kwa. M’ani nsɔ mo hwee, asafo Awurade na ose, na mo nsam ayɛyɛde nyɛ me fɛ.


Nanso ɔtwee ne ho kɔɔ sare so kɔbɔɔ mpae.


Mobɛhwehwɛ me, na morenhu me; na nea mewɔ no, mo de, muntumi mma hɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios