Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 4:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Wɔkɔ so dɔ no, wɔkɔ so yɛ me bɔne; wɔn anuonyam no, mɛdan no ahohora.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Wɔrekɔ so dɔre no, na wɔrekɔ so yɛ me bɔne; wɔn animuonyam no, mɛdane no ahohora.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Asɔfo no redɔɔso no na bɔne a ɛboro so na wɔyɛ tia me. Wɔde wɔn Anuonyam asesa nea ɛyɛ animguase.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Wɔrekɔ so dɔre no, na wɔrekɔ so yɛ me bɔne; wɔn animuonyam no, mɛdane no ahohora.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Asɔfoɔ no redɔɔso no na bɔne a ɛboro soɔ na wɔyɛ tia me. Wɔde wɔn Animuonyam asesa deɛ ɛyɛ animguaseɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Wɔkɔ so dɔ no, wɔkɔ so yɛ me bɔne; wɔn anuonyam no, mɛdan no ahohora.

Ver Capítulo Copiar




Hosea 4:7
15 Referencias Cruzadas  

Efi yɛn agyanom bere so na asodi kɛse mu na yɛwɔ ara de abedu nnɛ yi, na yɛn amumɔyɛ no nti wɔayi yɛn, yɛn ahemfo ne yɛn asɔfo ahyɛ nsaase so ahemfo nsa wɔ afoa, nnommumfa ne ɔfow ne animguase mu, sɛ ɛte nnɛ yi.


Israel yɛ obobe pa a ɛsow n’aba nso; dodow a n’aba dɔɔso no, dodow no ara na wama afɔremuka nso adɔɔso; n’asase yiye a ɛyɛ nti no, wɔanya ahoni adum asiye nso.


Ɛno nso wɔbɛfa akɔ Aseria de akɔkyɛ ɔhene Yareb; aniwu bɛka Efraim, na Israel ani awu n’agyinatu ho.


Megye wɔn mafi asaman nsam anaa? Mɛpon wɔn owu mu anaa? Owu, ɛhe na wo nwowɔe wɔ? Asaman, ɛhe na wo sɛe wɔ? Ahonu ahintaw afi m’ani so.


Bere a wonyaa adidibea pa no, wɔmee, wɔmee nti wɔn koma maa ne ho so, enti wɔn werɛ fii me.


wobedidi, na wɔremmee; wɔbɛbɔ aguaman na wɔn ase remfɛe, efisɛ wɔagyaw obu a anka ɛsɛ sɛ wobu AWURADE no.


Muntie eyi, O, asɔfo, na monwɛn aso, Israel fi, na ɔhene fi nso, monyɛ aso; na mo so na atemmu aba; na moadan afiri Mispa, ne asawu a wɔatrɛw mu Tabor so;


Na asɔfo asafokuw no te sɛ akwamukafo asafo a wɔtɛw nnipa, wodi awu ɔkwan mu de rekɔ Sekem; yiw, abusude na wɔyɛ.


Efraim de, wɔn anuonyam betu sɛ anomaa, awo ne afurufa ne nyinsɛn nni wɔn mu.


Ahohora amee wo asen anuonyam, wo nso nom, na wo momonoto nna adi. AWURADE nifa mu kuruwa bɛdan aba wo so, na ɔfe ne ahohora begu w’anuonyam so.


Enti me nso mɛma mo anim agu ase, na moabrɛ ase ɔman no nyinaa anim, sɛnea munni m’akwan so na mohwɛ nnipa anim, mmara mu no ara pɛ.


Na Yesurun dɔɔ srade, na ɔtow anankoti; woadɔ srade ayɛ kɛse, wo mu ayɛ duru; na ogyaw Onyankopɔn a ɔyɛɛ no no, na obuu ne nkwagye botan no abomfiaa.


wɔn na wɔn awiei ne ɔsɛe, wɔn nyame ne yafunu, na wɔn anuonyam wɔ wɔn aniwu mu, na asase so nneɛma ho na wodwen.


Enti AWURADE Israel Nyankopɔn asɛm a ɔka ni: Mekae ampa sɛ: Wo fi ne w’agya ofi nnantew m’anim daa; nanso afei nea AWURADE ka ni: Ɛmpare me koraa! Na wɔn a wodi me ni no, medi wɔn ni, na wɔn a wobu me animtiaa no bɛbɔ ahohora.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios