Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 4:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Nimdeɛ a me man nni nti, wobetwa wɔn agu; na wo nso, wopoo nimdeɛ nti, mɛpo wo sɛ: Nni me sɔfo; na wo werɛ afi wo Nyankopɔn mmara nti, me nso, me werɛ befi wo mma.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Nimdeɛ a me man nnie nti, wɔbɛtwa wɔn agu; na wo nso, woapo nimdeɛ nti, mepo wo sɛ: Nni me sɔfoɔ; na wo werɛ afiri wo Nyankopɔn mmara nti, me nso, me werɛ bɛfiri wo mma.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Nimdeɛ a me nkurɔfo nni nti wɔresɛe. “Sɛ moapo nimdeɛ nti, me nso mapo mo sɛ mʼasɔfo; sɛ moabu mo ani agu mo Nyankopɔn mmara so nti, me nso mabu mʼani agu mo mma so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Nimdeɛ a me man nnie nti, wɔbɛtwa wɔn agu; na wo nso, woapo nimdeɛ nti, mepo wo sɛ: Nni me sɔfoɔ; na wo werɛ afiri wo Nyankopɔn mmara nti, me nso, me werɛ bɛfiri wo mma.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Nimdeɛ a me nkurɔfoɔ nni enti wɔresɛe. “Sɛ moapo nimdeɛ enti, me nso mapo mo sɛ mʼasɔfoɔ; sɛ moabu moani agu mo Onyankopɔn mmara so enti, me nso mabu mʼani agu mo mma so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Nimdeɛ a me man nni nti, wobetwa wɔn agu; na wo nso, wopoo nimdeɛ nti, mɛpo wo sɛ: Nni me sɔfo; na wo werɛ afi wo Nyankopɔn mmara nti, me nso, me werɛ befi wo mma.

Ver Capítulo Copiar




Hosea 4:6
54 Referencias Cruzadas  

Na Israel nna bebree wɔ hɔ a wonni nokware Nyankopɔn no, na wonni ɔsɔfo a ɔkyerɛkyerɛ, na wonni mmara.


Na sɛ wɔantie a, wɔtɔ dade ano, na wogyaa mu, nimdeɛ a abɔ wɔn no mu.


Me mmɔdemmɔ redɛw sɛ gya, efisɛ m’ahohiafo werɛ afi wo nsɛm.


Hwɛ m’amanehunu, na yi me, na me werɛ mfi wo mmara.


Sɛ Abɔnefo nhama abobare me ho mpo a, nanso me werɛ mfii wo mmara ɛ.


Na wo na wugye ahobrɛasefo, na wobrɛ ahantanfo ase.


Ɔtreneeni ano yɛn nnipa pii, na agyimifo de, ti a wonni nti wowuwu.


Ɔkra a nimdeɛ abɔ no nye, na nea ne nan ase yɛ hare no yɛ bɔne.


Nantwi nim ne wura, na afurum nim ne wura adididaka, na Israel de, onnim, me man nni ntease.


Efisɛ wo werɛ afi wo nkwagye Nyankopɔn, na w’ahoɔden botan no, wonkae no; enti wudua nnua afɛfɛ na wotɛw ananafo nyame som;


Sɛ ne mmobaa no guan a, wobubu, mmea bɛpɛ kɔsɔ gya; na wɔyɛ ɔman a wonni nhumu, enti wɔn yɛfo no yam nhyehye no mma wɔn, na nea ɔnwenee wɔn no nhu wɔn mmɔbɔ.


Na eyinom nso de nsa retɔ ntintan, na wɔde mpahyewa rehinhim, ɔsɔfo ne odiyifo de mpahyewa retɔ ntintan, nsa amene wɔn, mpahyewa nti wohinhim, wɔtɔ ntintan, adehu mu, wɔpo dodow asenni mu.


Anaasɛ, wɔde ma nea onnim nhoma sɛ: Kan eyi ɛ! A, ɔka sɛ: Minnim nhoma.


Me man de, mmofra na ɛhyɛ no so, na mmea di no so. Ao me man, w’akwankyerɛfo yɛ nnaadaafo, na w’atempɔn no, wɔamene.


Munhyia mmra, mommom ntwiw mmɛn, mo a moafi mu, amanaman mu. Wonnim de, wɔn a wɔsoso wɔn ahoni nnua, na wɔbɔ onyame a ontumi nnye nkwa mpae.


Enti wɔrebetu me man akɔ, nimdeɛ a wonni nti; na ɔkɔm bekum n’anuonyamfo, na osukɔm ade ne nnipa dodow;


Asɔfo no anka sɛ: Ɛhe na AWURADE wɔ? Na mmarakyerɛfo no anhu me, na ahwɛfo no afom me, na adiyifo no nam Baal so hyɛɛ nkɔm, na wodii nneɛma a ɛho nni mfaso akyi.


Efisɛ me man agyimi, wonnim me; wɔyɛ mma nkwasea, na wonni nhumu. Wɔyɛ bɔne ho anyansafo, na papayɛ de, wonnim.


Muntie eyi ɛ, ɔman nkwaseafo a wonni ti, wɔwɔ aniwa, na wonhu ade, wɔwɔ aso, na wɔnte asɛm.


Na wɔnkyerɛkyerɛ me man akronkronne ne nea abu so ntam nsonoe, na wɔmma wonhu nea ɛho wɔ fi ne nea ɛho tew ntam nsonoe.


Bere a wonyaa adidibea pa no, wɔmee, wɔmee nti wɔn koma maa ne ho so, enti wɔn werɛ fii me.


Na mɛba mabɛtwe no nna a odi maa Baalim no so aso, sɛ ɔhyew aduhuam maa wɔn, na ɔde ne hwene mu kaa ne ne nnwinne kekaa ne ho, na odii n’adɔfo akyi, na me de, ne werɛ fii me no, AWURADE asɛm ni.


Muntie AWURADE asɛm, Israel mma, na AWURADE ne asase no sofo anya ɔham; na nokware ne adɔe ne Onyankopɔn ho nimdeɛ bi nni asase so.


Me man bisa dua hɔ ade, na wɔn poma ka asɛm kyerɛ wɔn, efisɛ aguamammɔ honhom adaadaa wɔn, na wɔafi wɔn Nyankopɔn ase akɔbɔ aguaman.


Merentwe mo mmabea aso aguamammɔ ho, ne mo nsewnom, awaresɛe ho, efisɛ mmarima no nso ne mmea nguaman man, na wɔne mmosomfenaa bɔ afɔre; na ɔman a wonni nhumu no bɛbɔ.


Wɔn nsɛnnii mma wɔnsan mma wɔn Nyankopɔn nkyɛn, na aguamammɔ honhom wɔ wɔn mu, na wonnim AWURADE.


Na mepɛ adɔeyɛ, na ɛnyɛ afɔrebɔ, ne Onyankopɔn ho nimdeɛ sen ɔhyew afɔre.


Na Efraim adan sɛ aborɔnoma ayemfo, onni ti; wɔrepɛ mmoa afi Misraim no na wɔdan Asaria nso.


Ahɔho adi n’ahoɔden, nso onnim; dwen nso ahura ne tirim, nso onnim.


Fa torobɛnto tua w’ano. Ɛbɛba AWURADE fi so sɛ ɔkɔre, efisɛ wɔafomfom m’apam na wɔato me mmara.


Makyerɛw me mmara dodow no mama wɔn, wobuu no sɛ amannɔne ade.


Na Israel werɛ afi ne yɛfo, na wɔasisi aban afɛfɛ, na Yuda ama nkurow a ɛyɛ den adɔ; nanso mɛto ne kurow mu gya, na ahyew n’aban a ɛkorɔn no.


Me Nyankopɔn apa wɔn, efisɛ wɔantie no; na wɔbɛyɛ akobɔfo amanaman mu.


na Yisai woo ɔhene Dawid. Na Dawid ne nea kan ɔyɛ Uria yere no woo Solomon,


Munnyaa wɔn, wɔyɛ anifuraefo a wɔkyerɛ anifuraefo kwan; na sɛ onifuraefo kyerɛ onifuraefo kwan a, wɔn baanu nyinaa bɛtɔ amoa mu.


Ɔman yi de wɔn anofafa na edi me ni, na wɔn koma de, atwe afi me ho kɔ akyirikyiri.


Na Eli mma no yɛ mmahuhufo; wommu AWURADE.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios