Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 4:16 - KYERƐW KRONKRON

16 Na Israel aso asorow sɛ nantwi buruwa aso; afei AWURADE bɛyɛn wɔn sɛ oguammaa, asase haharaa so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Na Israel aso awu sɛ nantwiburuwa aso. Afei AWURADE bɛyɛne wɔn sɛ adwammaa, asase bayaa so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Israelfo yɛ asoɔdenfo te sɛ nantwi ba a ɔyɛ asowui ɛbɛyɛ dɛn na Awurade ahwɛ wɔn so sɛ nguantenmma a wɔwɔ adidibea?

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

16 Na Israel aso awu sɛ nantwiburuwa aso. Afei AWURADE bɛyɛne wɔn sɛ adwammaa, asase bayaa so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Israelfoɔ yɛ asoɔdenfoɔ te sɛ, nantwie ba a ɔyɛ asowuiɛ ɛbɛyɛ dɛn na Awurade ahwɛ wɔn so sɛ nnwammaa a wɔwɔ adidibea?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Na Israel aso asorow sɛ nantwi buruwa aso; afei AWURADE bɛyɛn wɔn sɛ oguammaa, asase haharaa so.

Ver Capítulo Copiar




Hosea 4:16
19 Referencias Cruzadas  

Na wɔanyɛ sɛ wɔn agyanom, mma asoɔdenfo ne atuatewfo, mma a wɔmfa wɔn koma nsi tee, na wɔn honhom nni Nyankopɔn nokware.


na wahwim wo atow wo sɛ okowa akyene asase a ɛtrɛw so, ɛhɔ na wobɛkɔ akowu, na ɛhɔ na w’anuonyam nteaseɛnam bɛkɔ, wo a woyɛ wo wura fi ahohora.


Na ɔbɛma osu agu w’aba a woagu ɛfam ne asase nnɔbae aduan so, na ayɛ aduan pa sɔɔsɔɔ. Wo mmoakuw bedidi da no, adidibea a ɛtrɛw so;


Na nguammaa bedidi sɛ wɔn adidibea, na ananafo adidi taamudifo amamfo so.


Sɛ yɛn amumɔyɛ kasa tia yɛn mpo a, AWURADE, wo din nti yɛ ɛho biara; na yɛn nsanakyiri adɔɔso, wo na yɛayɛ wo bɔne.


Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Ɔkobɔfo Israel kra teɛ sen ɔsansani Yuda.


Na AWURADE ka kyerɛɛ me ɔhene Yosia bere so sɛ: Woahu nea ɔkobɔfo Israel ayɛ yi? Wakɔ bepɔw biara a ɛkorɔn so ne dua biara a esi frɔmm ase akɔbɔ aguaman wɔ hɔ.


ohui sɛ ɔkobɔfo Israel awaresɛe nti ara na mekoo no maa no ɔko nhoma de, nanso ne nuabea sansani Yuda ansuro, na ɔno nso kɔe kɔbɔɔ aguaman.


Ɔte na mate mmom, sɛ Efraim redi nkɔmmɔ sɛ: Woatwe m’aso, na m’aso asotwe mu, na mete sɛ nantwi ba a onnim hwee: Dan me bra, ma mensan mmra, na wo, AWURADE, ne me Nyankopɔn.


Ne saa nti kwae mu gyata bekum wɔn, anwea pradada so habɔdɔm bɛsɛe wɔn, ɔsebɔ rewɛn wɔn nkurow ho. Obiara a obefi adi no, wɔbɛtetew no asinasin; efisɛ wɔn mmarato dɔɔso, na wɔn akyirisan no so.


Nanso wɔantie, na wɔammrɛ wɔn aso ase, na wɔfaa wɔn ankasa kwan so, dii wɔn koma bɔne denyɛ akyi, na wɔsan wɔn akyi, na wɔankɔ anim.


Yerusalem, ɛdɛn nti na ɔman yi adan wɔn ho a wɔnsan da? Wokura nnaadaa kwan mu pintinn, wɔmpɛ sɛ wɔsan ba.


Na Efraim yɛ nantwiforo a wɔakyerɛ no na ɔpɛ awiporow, nanso mede kɔndua mɛto ne kɔn fɛfɛ no so; mɛma Efraim atwe ade, Yuda bɛfɛntɛm, Yakob bɛka asram so.


Na wɔn agyinatu horow no nti afoa bekyinkyin ne nkurow mu, na ɛbɛsɛe n’apon akyi adaban awie.


Me so atuatew nko na me man de asi wɔn anim, na wɔfrɛ wɔn sɛ wɔnhwɛ soro a, wɔn mu biara mma ne ho so.


na mo de, mɛbɔ mo apete wiase amanaman mu, na matwe nkrante madi mo akyi, na mo asase bɛda ntuw, na mo nkurow ayɛ fo.


Na wɔampene sɛ wotie, na wɔkekaa wɔn mmati, na wɔsorow wɔn aso na wɔantie.


Manu me ho sɛ misii Saul hene, efisɛ wasan afi m’akyi, na wamma me nsɛm annyina. Na ɛyɛɛ Samuel awerɛhow, na osu frɛɛ AWURADE anadwo no nyinaa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios