Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 4:13 - KYERƐW KRONKRON

13 Mmepɔw atifi na wɔbobɔ afɔre, na wɔhyew aduhuam nkoko so, odum ne duafufu ne odupɔn ase, efisɛ ne nwini ye. Enti mo mmabea bɔ aguaman, na mo sewnom sɛe aware.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Mmepɔ atifi na wɔbobɔ afɔdeɛ, na wɔhye aduhwam nkokoɔ so, odum ne duafufuo ne odupɔn ase, ɛfiri sɛ ne nwunu yɛ. Enti mo mmammaa bɔ adwaman, na mo nsiwa sɛe awadeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Wɔbɔ afɔre wɔ mmepɔw atifi na wɔhyew afɔrebɔde wɔ nkoko so: odum, duafufu ne odupɔn ase, nea onwini yɛ fɔmm hɔ. Ɛno nti, wo mmabea dan aguamammɔfo na mo nsemmea nso yɛ nguamanfo.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

13 Mmepɔ atifi na wɔbobɔ afɔdeɛ, na wɔhye aduhwam nkokoɔ so, odum ne duafufuo ne odupɔn ase, ɛfiri sɛ ne nwunu yɛ. Enti mo mmammaa bɔ adwaman, na mo nsiwa sɛe awadeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Wɔbɔ afɔdeɛ wɔ mmepɔ atifi na wɔhye afɔrebɔdeɛ wɔ nkokoɔ so: odum, duafufuo ne odupɔn ase, deɛ onwunu yɛ fɔmm hɔ. Ɛno enti, wo mmammaa dane adwamammɔfoɔ na mo nsenom mmaa nso yɛ awaresɛefoɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Mmepɔw atifi na wɔbobɔ afɔre, na wɔhyew aduhuam nkoko so, odum ne duafufu ne odupɔn ase, efisɛ ne nwini ye. Enti mo mmabea bɔ aguaman, na mo sewnom sɛe aware.

Ver Capítulo Copiar




Hosea 4:13
20 Referencias Cruzadas  

Na ɛbaa saa, efisɛ Israelfo ayɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn a oyii wɔn fii Misraim asase so Misraim hene Farao nsam bae no bɔne, na wɔakɔsom anyame foforo,


Na obubuu nguamannan a ɛwɔ AWURADE fi a mmea nwenee mmɔɔhɔɔ maa Asera wɔ mu no.


Na mo ani bewu nnupɔn a mo ani gyee ho no ho, na moafɛre nturo a mopawee no ho.


Mo a mo ani yɛ hyew abosonnua ho, nnua frɔmfrɔm nyinaa ase, mukunkum mmofra asubon mu, abotan mpaepae ase;


Bepɔw sorɔnsorɔn a ɛkorɔn so na wosɛw wo nnae, ɛhɔ ara nso na woforo kɔe kɔbɔɔ afɔre;


Na wufi teteete na wububuu wo kɔndua tetew wo nkyehama mu, na wokae sɛ: Merensom. Efisɛ nkoko a ɛkorɔn nyinaa so ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase na woda bɔ aguaman.


Hu w’amumɔyɛ no nko, sɛ AWURADE wo Nyankopɔn na woafom no, na woabɔ anworaman akɔ ananafo nkyɛn, dua biara a esi frɔmm ase, na me nne de, muntiei, AWURADE asɛm ni.


Na AWURADE ka kyerɛɛ me ɔhene Yosia bere so sɛ: Woahu nea ɔkobɔfo Israel ayɛ yi? Wakɔ bepɔw biara a ɛkorɔn so ne dua biara a esi frɔmm ase akɔbɔ aguaman wɔ hɔ.


sɛ mode mo nsa ano nnwuma rehuru me bo, na mohyew aduhuam ma anyame foforo, Misraim asase a moaba so abɛyɛ hɔ ahɔho yi so, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔatwa mo akyene, na moayɛ nnome ne nsopa, asase so amanaman nyinaa mu?


Na wofaa wo ntade no bi de yɛɛ nsaasaa wɔ sorɔnsorɔmmea ho fae, na wobɔɔ so aguaman a ebi mmae da na ɛremma da nso.


Akwan nyinaa tia na wotoo wo pampa, na wuhuraa w’ahoɔfɛ no ho, na wobaee w’anan mu maa obiara a ɔsen, na womaa w’aguamammɔ dɔɔso.


Na mubehu sɛ mene AWURADE, sɛ wɔn atɔfo bɛdeda wɔn abosom ahoni ntam atwa wɔn afɔremuka ho ahyia, nkoko a ɛkorɔn nyinaa so ne mmepɔw atifi nyinaa ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase ne adum kusukusuu nyinaa ase, nea wɔhyew hɔ aduhuam ma wɔn abosom ahoni nyinaa no.


Na wɔbɛsɛe Bet-awen sorɔnsorɔmmea a ɛne Israel bɔne no; nsɔe ne nnɛnkyɛnse befifi wɔn afɔremuka so, na wɔbɛka akyerɛ mmepɔw sɛ: Mommɛkata yɛn so! Ne nkoko sɛ: Mommɛhwe yɛn so!


Dodow a mefrɛɛ wɔn no, dodow no ara na wofii m’anim kɔe, wɔkɔbɔɔ afɔre maa Baal ahorow na wɔhyew aduhuam maa ahoni.


Na mɛba mabɛtwe no nna a odi maa Baalim no so aso, sɛ ɔhyew aduhuam maa wɔn, na ɔde ne hwene mu kaa ne ne nnwinne kekaa ne ho, na odii n’adɔfo akyi, na me de, ne werɛ fii me no, AWURADE asɛm ni.


Enti sɛ AWURADE se ni: Wo yere bɛdan aguaman kurow no mu, na wo mmabanin ne wo mmabea bɛtotɔ afoa ano, na w’asase no, wɔde hama bɛkyɛ mu, na wo de, wubewu asase a ɛso akum so, na Israel betu afi n’asase so akɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios