Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 4:10 - KYERƐW KRONKRON

10 wobedidi, na wɔremmee; wɔbɛbɔ aguaman na wɔn ase remfɛe, efisɛ wɔagyaw obu a anka ɛsɛ sɛ wobu AWURADE no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Wɔbɛdidi, na wɔremmee; wɔbɛbɔ adwaman na wɔn ase renkyene; ɛfiri sɛ wɔagya buo a anka ɛsɛ sɛ wɔbu AWURADE no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 “Wobedidi, nanso wɔremmee. Wɔbɛbɔ aguaman, nanso wɔn ase remfɛe, efisɛ, wɔagyaw Awurade hɔ, de wɔn ho ama

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Wɔbɛdidi, na wɔremmee; wɔbɛbɔ adwaman na wɔn ase renkyene; ɛfiri sɛ wɔagya buo a anka ɛsɛ sɛ wɔbu AWURADE no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 “Wɔbɛdidi, nanso wɔremmee. Wɔbɛbɔ adwaman, nanso wɔrennɔre, ɛfiri sɛ, wɔagya Awurade hɔ, de wɔn ho ama

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 wobedidi, na wɔremmee; wɔbɛbɔ aguaman na wɔn ase remfɛe, efisɛ wɔagyaw obu a anka ɛsɛ sɛ wobu AWURADE no.

Ver Capítulo Copiar




Hosea 4:10
18 Referencias Cruzadas  

Na Yehoiada wu akyi no, Yuda mmapɔmma bae bɛkotow ɔhene no. Ɛnna ɔhene tiee wɔn.


Na wɔn a wɔman kɔ wɔn akwan kɔntɔnkye so de, AWURADE de wɔn bɛfra amumɔyɛfo akɔ. Asomdwoe mmra Israel so.


N’anom nsɛm yɛ ahuhusɛm ne nnaadaa, wagyae nimdeɛ sua ne papayɛ.


Ɔtreneeni bedidi ma ne kra amee, na abɔnefo yafunu bɛda mpan.


Na mo de, nnansa yi modanee, na moyɛɛ nea ɛteɛ m’ani so, sɛ mo mu biara paee ahofadi kyerɛɛ ne yɔnko na mopamee m’anim, ofi a wɔde me din ato no hɔ.


Hena ne ɔba nyansafo a ɔbɛte eyi ase? Na hena na AWURADE ano akasa akyerɛ no a ɔbɛka? Ɛdɛn nti na asase no asɛe, na ahyew sɛ sare, na obi mfa so?


Nanso sɛ ɔtreneeni san fi ne trenee ho kɔyɛ abusude ne akyide a ɔbɔnefo yɛ nyinaa a, so obenya nkwa anaa? Ne trenee a ɔyɛe nyinaa, wɔrenkae; ne fom a wafom ne ne bɔne a wayɛ no mu, emu na obewu.


Nkontompo wɔ wo mu, sɛ wobehwie mogya agu, na mmepɔw so na wodidi wo mu, na ahohorade na wɔyɛ, wo mfinimfini.


Merentwe mo mmabea aso aguamammɔ ho, ne mo nsewnom, awaresɛe ho, efisɛ mmarima no nso ne mmea nguaman man, na wɔne mmosomfenaa bɔ afɔre; na ɔman a wonni nhumu no bɛbɔ.


Wɔn nyinaa yɛ awaresɛefo, te sɛ ɔfononoo a abodootofo ahyɛ mu gya, na ogyae mu pia fi mmɔre fɔtɔw so kosi ne kaw so.


Na mebubu mo aduan dua, na mmea du ato mo abodoo fononoo biako mu, na wɔakari mo abodoo ama mo, na mubedi na moremmee.


Wo de, wubedidi na woremmee, na wo yam bɛda mpan na ɔkɔm ade wo ara; na wobɛtwe wo nnosoa, nanso woremma emfi mu sɔnn; na nea woma efi mu mpo, mede mɛma afoa;


ne wɔn a wɔsan fi Awurade akyi, ne wɔn a wɔnhwehwɛɛ Awurade na wommisaa n’akyi kwan no.


Mudua pii, na ketewaa bi na efi mu ba; mudidi, nanso mommee, monom nsa, nanso ɛnso mo; mufurafura ntama, nanso mo ho nyɛ mo hyew, na ɔpaani apaade gu fotow a wɔafiti ɛto mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios