Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 2:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Na mɛma n’ahosɛpɛw nyinaa to atwa, ne nnapɔnna, ne sram foforo ne ne homeda ne n’afahyɛ nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Na mɛma n’ahosɛpɛ nyinaa to atwa, ne nnapɔnna, ne bosome foforɔ ne ne homeda ne n’afahyɛ nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Metwa nʼafahyɛ nyinaa so: nʼafirihyia afahyɛ, Ɔsram Foforo afahyɛ Homeda afahyɛ ne nʼafahyɛ ahorow nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

11 Na mɛma n’ahosɛpɛ nyinaa to atwa, ne nnapɔnna, ne bosome foforɔ ne ne homeda ne n’afahyɛ nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Mɛtwa nʼafahyɛ nyinaa so: nʼafenhyia afahyɛ, Ɔbosome Foforɔ afahyɛ Home Ɛda afahyɛ ne nʼafahyɛ ahodoɔ nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Na mɛma n’ahosɛpɛw nyinaa to atwa, ne nnapɔnna, ne sram foforo ne ne homeda ne n’afahyɛ nyinaa.

Ver Capítulo Copiar




Hosea 2:11
17 Referencias Cruzadas  

Na Yeroboam hyɛɛ dapɔnna, ɔsram a ɛto so awotwe mu, ɔsram no da a ɛto so dunum so, sɛ dapɔnna a wodi Yuda no, na ɔbɔɔ afɔre afɔremuka no so. Saa na ɔyɛe Betel: Ɔbɔɔ afɔre maa nantwi mma a ɔyɛe no, na ɔde sorɔnsorɔmmea a ɔyɛe no asɔfo duaa Betel.


Na sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn no, se ni: Hwɛ, merema ahosɛpɛw nne ne anigye nne, ayeforokunu nne ne ayeforo nne to atwa ɛha yi, mo aniwa mu ne mo bere yi so.


na mama ahosan nne ne anigye nne ne ayeforokunu nne ne ayeforo nne, owiyammo nkate ne ɔkanea hann ayera wɔn mu;


Na megu Yuda nkurow mu ne Yerusalem mmorɔn so ahosɛpɛw nne ne anigye nne, ayeforokunu nne ne ayeforo nne, efisɛ asase no bɛdan amamfo.


Na mɛma wo nnwonto huuyɛ agyae, na w’asanku nne nso, wɔrente bio.


Na Israel mma bɛtena hɔ nna pii a wonni hene na wonni bapɔmma, na wonni afɔre na wonni ɔbosom dum, na wonni asɔfotade ne abusua ahoni.


Wɔatwa AWURADE nkontompo, na wɔawowo ananafo mma; afei ɔsram foforo bɛmene wɔn ne wɔn nsase.


na mo tumi asa kwa, na mo asase remma ne nnɔbae, na asase no so nnua rensow aba.


Metan na mepo mo nnapɔnna, na m’ani nnye mo afahyɛ nhyiam ho.


Na asɔrefi nnwom bɛdan adwotwa ɛda no, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, afunu no bɛdɔɔso na wɔde kommyɛ bɛtotow wɔn agugu mmaa nyinaa.


na mubisa sɛ: Da bɛn na ɔsram foforo betwam na yɛatɔn awi, ne homeda, na yɛabue ɔsan ano, na yɛayɛ olonka ketewa, na yɛama n’abrammo aso, na yɛakyea nsenia de asisi?


Na sɛ wɔtoatoam sɛ nguare mpo, na wɔn mmorosa abobow mo nso a, wɔbɛhyew koraa sɛ sakran guanguan.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios