Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 14:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Asiria rennye yɛn, apɔnkɔ so nso yɛrentena, nanso yɛrenka nkyerɛ yɛn nsa ano adwuma sɛ: Yɛn nyame bio! Efisɛ wo mu na ayisaa nya timmɔbɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Asiria rennye yɛn, apɔnkɔ so nso yɛrentena, nso yɛrenka nkyerɛ yɛn nsa ano adwuma sɛ: Yɛn nyame! bio; ɛfiri sɛ wo mu na awisiaa hunu ntimmɔborɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Asiria rentumi nnye yɛn; yɛrentena akofo apɔnkɔ so. Yɛrenka bio da se, ‘Yɛn anyame’ nkyerɛ nea yɛn ara de yɛn nsa ayɛ, na wo mu na ayisaa nya mmɔborɔhunu.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Asiria rennye yɛn, apɔnkɔ so nso yɛrentena, nso yɛrenka nkyerɛ yɛn nsa ano adwuma sɛ: Yɛn nyame! bio; ɛfiri sɛ wo mu na awisiaa hunu ntimmɔborɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Asiria rentumi nnye yɛn; yɛrentena akofoɔ apɔnkɔ so. Yɛrenka bio da sɛ, ‘Yɛn anyame’ nkyerɛ deɛ yɛn ara de yɛn nsa ayɛ, na wo mu na nwisiaa nya ahummɔborɔ.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Asiria rennye yɛn, apɔnkɔ so nso yɛrentena, nanso yɛrenka nkyerɛ yɛn nsa ano adwuma sɛ: Yɛn nyame bio! Efisɛ wo mu na ayisaa nya timmɔbɔ.

Ver Capítulo Copiar




Hosea 14:3
36 Referencias Cruzadas  

Na ɛbere no mu no, ɔdehufo Hanani baa Yuda hene Asa nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wutweri Siria hene na woantweri AWURADE wo Nyankopɔn no nti, Siria hene dɔm no afi wo nsa.


Woahu, efisɛ wo na wohwɛ ɔhaw ne awerɛhow, sɛ wode besie wo nsam. Wo nsa na ɔbrɛfo de ne ho hyɛ, ayisaa boafo ne wo ara.


Mommfa mo ho nnto ahene anaa onipa ba a nkwagye bi nni ne mu so.


AWURADE kora ahɔho so, ogyina nyisaa ne akunafo akyi, na abɔnefo kwan de, ɔdan ani.


Nkwagye mu, ɔpɔnkɔ yɛ ade hunu, na wɔmfa n’ahoɔden dodow nnye onipa.


Nyisaa se ne akunafo sɛnnifo ne Nyankopɔn, ne tenabea kronkron mu.


Na mo ani bewu nnupɔn a mo ani gyee ho no ho, na moafɛre nturo a mopawee no ho.


Ɛda no nnipa bɛtow ne dwetɛ abosonhuhuw ne ne sika abosonhuhuw a wɔyɛ maa no a ɔresom no no akyene ama akisi ne mpan,


Enti, eyi na wɔde bɛkata Yakob amumɔyɛ so, na oyi a wɔreyi ne bɔne akɔ no so aba nyinaa ni: Sɛ ɔbɛma afɔremuka abo no nyinaa ayɛ sɛ akado atɔw a afurofurow, na Asera nnua ne owia adum nsisi hɔ bio.


na mokae sɛ: Daabi, na apɔnkɔ so na yɛbɛtena aguan. Enti aguan na mubeguan! Na mmoa ahoɔharefo so na yɛbɛtena akɔ. Enti wɔn a wotiw mo no ho bɛyɛ hare!


Wosim kɔ Misraim a wɔammisa m’anom asɛm, sɛ wokotweri Farao ahoɔden, na wɔakɔdɔ Misraim nwini.


Wonnue, wɔn a wɔkɔ Misraim kɔpɛ mmoa, na wɔn ani da apɔnkɔ so, na wɔde wɔn ho to nteaseɛnam so sɛ ɛdɔɔso, ne apɔnkɔsotefo so, sɛ wɔn ho yɛ den pii nti, na wɔn ani nna Israel kronkronni no so, na AWURADE akyi kwan nso, wɔnhwehwɛ.


Na Misraim yɛ onipa, na ɛnyɛ Onyankopɔn, na wɔn apɔnkɔ nso yɛ honam, na wɔnyɛ honhom. Na AWURADE teɛ ne nsa a, na ɔboafo awatiri, na nea wɔaboa no no ahwe ase, na wɔn baanu nyinaa abom asɛe.


Na afei, wo ne me wura, Asaria hene, nto nkyia ɛ, na mɛma wo apɔnkɔ mpennu, kyerɛ sɛ wubetumi ama nnipa atenatena wɔn so anaa.


Gyaw wo nyisaa, me na megye wɔn nkwa, na w’akunafo nso, ma wɔmfa wɔn ho nto me so.


Na mede nsu kurunnyen mɛpete mo so na mo ho atew. Mo ho fi nyinaa ne mo abosonhuhuw nyinaa mu na mɛtew mo ho afi,


na wɔremfa wɔn abosonhuhuw ne wɔn atantanne ne wɔn mmaratode nyinaa ngu wɔn ho fi bio, na megye wɔn nkwa, wɔn tenabea nyinaa a wɔayɛ hɔ bɔne no, na matew wɔn ho, na wɔayɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn.


Efraim hwew mframa, na odi apuei ahum akyi; daa nyinaa ɔma atoro ne ɔsɛe dɔɔso, na ɔne Aseria kɔ apam, na ɔsoa ngo kɔ Misraim.


Na afei wɔkɔ so yɛ bɔne, na wɔde wɔn dwetɛ yɛ ogu ahoni ne wɔn nhumu ano adwinhoni; ɛyɛ odwumfo adwuma ara nko. Nnipa a wɔbɔ afɔre kasa kyerɛ wɔn. Wofew anantwi mma ano.


Efraim, asɛm bɛn na me ne ahoni wɔ bio? Me de, megye no so, na m’ani aku ne ho, me a mete sɛ ɔpopaw frɔmfrɔm, me so na wobehu w’aba.


Na meyi Baal ahorow din mafi n’anom, na wɔremfa wɔn din nkae wɔn bio.


Me man bisa dua hɔ ade, na wɔn poma ka asɛm kyerɛ wɔn, efisɛ aguamammɔ honhom adaadaa wɔn, na wɔafi wɔn Nyankopɔn ase akɔbɔ aguaman.


Bere a Efraim huu ne yare, na Yuda huu ne kuru; na Efraim siim kɔɔ Asiria, na ɔsoma kɔɔ ɔhene Yareb nkyɛn; na ɔno nso, ɔrentumi nsa mo yare, na ɔrenkum mo ho kuru.


Na Efraim adan sɛ aborɔnoma ayemfo, onni ti; wɔrepɛ mmoa afi Misraim no na wɔdan Asaria nso.


Na Israel mu na ɛno fi; odwumfo na ɔyɛe, ɛnyɛ onyame ne no, na Samaria nantwi no, wobebubu no pasaa.


Na wɔn de, wɔaforo kɔ Asiria; wuram afurum a ne nko atew ne ho; Efraim abobɔ adɔfo paa.


AWURADE ka kyerɛɛ apataa no maa ɔkɔfee Yona too asase kesee so.


Na ɛda no, asafo Awurade asɛm ni, metwitwa abosonhuhuw din afi asase no so, na wɔrenkae bio; nanso mɛma adiyifo no ne efi honhom no afi asase no so akɔ.


Merennyaw mo nnyanka, mɛba mo nkyɛn.


Nanso ɔmmma n’apɔnkɔ nnnɔɔso, na ɔmmma ɔman no nnsan nnkɔ Misraim nkɔpɛ apɔnkɔ dodow; na AWURADE aka akyerɛ mo sɛ monnsan mmfa ɔkwan yi so bio.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios