Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 13:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Bere a wonyaa adidibea pa no, wɔmee, wɔmee nti wɔn koma maa ne ho so, enti wɔn werɛ fii me.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Ɛberɛ a wɔnyaa adidibea pa no, wɔmee, wɔmee na wɔn akoma maa ne ho so, enti wɔn werɛ firii me.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Memaa wɔn aduan no, wodi mee; wɔmee no, wɔyɛɛ ahantan; na wɔn werɛ fii me.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Ɛberɛ a wɔnyaa adidibea pa no, wɔmee, wɔmee na wɔn akoma maa ne ho so, enti wɔn werɛ firii me.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Memaa wɔn aduane no, wɔdi meeɛ; wɔmeeɛ no, wɔyɛɛ ahantan; na wɔn werɛ firii me.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Bere a wonyaa adidibea pa no, wɔmee, wɔmee nti wɔn koma maa ne ho so, enti wɔn werɛ fii me.

Ver Capítulo Copiar




Hosea 13:6
23 Referencias Cruzadas  

Nanso wɔn ahenni mu ne wo papa bebree a woyɛɛ wɔn ne asase tɛtrɛɛ a adɔ srade a wode maa wɔn no mu no, wɔansom wo, na wɔansan amfi wɔn nneyɛe bɔne no mu.


Ɔbɔnefo dwa n’anom ka sɛ: Hwee mfa me ho. Onyankopɔn bi nni baabi. N’adwene nyinaa ne no.


na mammee mampa wo manka se: Hena ne AWURADE? Nanso manni hia manwia ade mamfom me Nyankopɔn din.


Efisɛ wo werɛ afi wo nkwagye Nyankopɔn, na w’ahoɔden botan no, wonkae no; enti wudua nnua afɛfɛ na wotɛw ananafo nyame som;


Eyi de, ɛbɛyɛ dɛn na mede bɛkyɛ wɔn? Wo mma agyaw me, na wɔkeka wɔn a wɔnyɛ anyame ho ntam. Na mema wɔmee mpo a, wɔsɛe aware ara, na wɔbɔ yuu kɔ aguaman fi.


Ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ wo werɛ afi me, na woatow me akyene w’akyi nti, wo nso soa w’aniwude ne w’aguamammɔde no.


wo nyansa dodow ne w’aguadi na wode ama w’ade adɔɔso, na w’ade no nti wo koma ahoman,


Israel yɛ obobe pa a ɛsow n’aba nso; dodow a n’aba dɔɔso no, dodow no ara na wama afɔremuka nso adɔɔso; n’asase yiye a ɛyɛ nti no, wɔanya ahoni adum asiye nso.


Na Efraim se: Manya me ho ara, manya ade pii; me brɛ nyinaa mu annya amumɔyɛde a ɛyɛ bɔne amma me.


Na mɛba mabɛtwe no nna a odi maa Baalim no so aso, sɛ ɔhyew aduhuam maa wɔn, na ɔde ne hwene mu kaa ne ne nnwinne kekaa ne ho, na odii n’adɔfo akyi, na me de, ne werɛ fii me no, AWURADE asɛm ni.


Na obetiw n’adɔfo, na ne nsa renka wɔn, na ɔbɛhwehwɛ wɔn akyi kwan, na ɔrenhu; na ɔbɛka sɛ: Mɛsan m’akyi makɔ me kan kunu no nkyɛn; na ɛno mu na eye ma me sen nnɛ.


Nimdeɛ a me man nni nti, wobetwa wɔn agu; na wo nso, wopoo nimdeɛ nti, mɛpo wo sɛ: Nni me sɔfo; na wo werɛ afi wo Nyankopɔn mmara nti, me nso, me werɛ befi wo mma.


Wɔkɔ so dɔ no, wɔkɔ so yɛ me bɔne; wɔn anuonyam no, mɛdan no ahohora.


Na me de, mɛyɛ sɛ gyata ama Efraim, ne gyataforo ama Yuda fi, m’ankasa na mɛtetew mu makɔ, mɛfa makɔ a ogyefo bi nni hɔ.


Na wonsu mfrɛɛ me wɔn komam, na wɔbobom wɔn nnae so; awi ne nsa nti na wodi nkyereso, wɔtew m’anim atua.


Na Israel werɛ afi ne yɛfo, na wɔasisi aban afɛfɛ, na Yuda ama nkurow a ɛyɛ den adɔ; nanso mɛto ne kurow mu gya, na ahyew n’aban a ɛkorɔn no.


Wɔn de, wɔasisi ahemfo, na emfi me, wɔasisi mmapɔmma nso, na minnim; wɔn dwetɛ ne wɔn sika, wɔde ayeyɛ ahoni a ɛbɛsɛe wɔn.


Ɔbotan a ɔwoo wo no, woannwen no so, na wo werɛ afi Onyankopɔn a ɔkyem woo wo no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios