Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 13:16 - KYERƐW KRONKRON

16 Samaria ti ato, sɛ watew ne Nyankopɔn anim atua; afoa ano na wɔbɛtotɔ; wɔbɛtew wɔn nkokoaa abobɔ hɔ, na wɔapaepae wɔn apemfo mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Samaria tiri ato, sɛ wate ne Nyankopɔn anim atua; afena ano na wɔbɛtotɔ; wɔbɛte wɔn nkokoaa abobɔ hɔ, na wɔapaepae wɔn anyinsɛnfoɔ mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Samaria gye wɔn afɔdi to mu, efisɛ wɔayɛ dɔm atia wɔn Nyankopɔn. Wɔbɛtotɔ wɔ afoa ano; wɔbɛtotow wɔn mmofra ahwehwe fam, wɔn mmaa a wɔanyinsɛn nso wɔbɛpaapae wɔn mu.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

16 Samaria tiri ato, sɛ wate ne Nyankopɔn anim atua; afena ano na wɔbɛtotɔ; wɔbɛte wɔn nkokoaa abobɔ hɔ, na wɔapaepae wɔn anyinsɛnfoɔ mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Samaria gye wɔn afɔdie to mu, ɛfiri sɛ wɔayɛ ɛdɔm atia wɔn Onyankopɔn. Wɔbɛtotɔ wɔ akofena ano; wɔbɛtoto wɔn mmɔfra ahwehwe fam, wɔn mmaa a wɔanyinsɛn nso wɔbɛpaapae wɔn mu.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Samaria ti ato, sɛ watew ne Nyankopɔn anim atua; afoa ano na wɔbɛtotɔ; wɔbɛtew wɔn nkokoaa abobɔ hɔ, na wɔapaepae wɔn apemfo mu.

Ver Capítulo Copiar




Hosea 13:16
23 Referencias Cruzadas  

Ɛbere no mu no, Menahem fii Tirsa kɔsɛee Tifsa ne nea ɛwɔ mu nyinaa ne ɛho asase, efisɛ wɔanhiɛ no nti, okum wɔn, na ɔpaapaee emu apemfo nyinaa mu.


Enti AWURADE faa Israel abufuw sɛ, na oyii wɔn fii n’anim, wannyaw obi sɛ Yuda abusuakuw nko.


Na Asaria hene tu baa asase no nyinaa so, na ɔbaa Samaria bɛkaa no hyɛɛ mu mfe abiɛsa.


Hosea afe a ɛto so akron mu na Asaria hene faa Samaria, na otuu Israel kɔɔ Asiria, na ɔde wɔn koduaa Hala ne Habor, Gosan asubɔnten ho, ne Media nkurow mu.


Na Hasael kae sɛ: Ɛdɛn nti na me wura resu? Na ose: Efisɛ minim bɔne a wobɛyɛ Israelfo. Wɔn nkurow a ɛyɛ den no wobɛtoto mu gya, na wode nkrante bekunkum wɔn mmerante, na woatetew wɔn nkokoaa ahwehwe fam, na woapaapae wɔn apemfo mu.


na wɔbɛposa wɔn mmotafowa, wɔn anim, wɔbɛfofow wɔn afi, na wɔabobɔ wɔn yerenom adapaa.


Na wɔbɛsɛe Efraim abandennen ne Damasko ahenni, na Siria nkae bɛyɛ sɛ Israelfo anuonyam no: Asafo AWURADE na ose.


Na abarimaa no nnya nhuu agya anaa ɛna frɛ no, wɔbɛsoa Damasko ahoɔden ne Samaria asade adi Asaria hene anim.


Wɔn koma mu apaepae, afei ɛso bebua wɔn. Ɔno na obedwiriw wɔn afɔremuka agu, na wasɛe wɔn ahoni adum no.


Na wɔn agyinatu horow no nti afoa bekyinkyin ne nkurow mu, na ɛbɛsɛe n’apon akyi adaban awie.


Na wonsu mfrɛɛ me wɔn komam, na wɔbobom wɔn nnae so; awi ne nsa nti na wodi nkyereso, wɔtew m’anim atua.


Sɛ AWURADE se ni: Amonfo amumɔyɛ ntoatoaso nti merennan wɔn asotwe no, sɛ bere a wogu so retrɛw wɔn ahye mu no mpo, wɔpaepae Gilead apemfo mu nti


Momma ɛmfa Asdod aban so na wɔnte, ne Misraim asase so aban so, na monka sɛ: Mommoa mo ho ano, Samaria mmepɔw so, na mommɛhwɛ emu kitikiti bebree ne nhyɛso a ɛwɔ no mu no.


Mihuu AWURADE sɛ ogyina afɔremuka no ho, na ɔkae sɛ: Bɔ atifi pɔw no ma apongua nwosow, na buruw gu wɔn nyinaa atifi! Na akyirikafo no, mede afoa mekunkum wɔn; oguanfo renguan mma wɔn, na mfimufo remfi mu mma wɔn.


Na mmepɔw bedwiriw wɔ n’ase, na abon mu apaepae, sɛ hweawa tetew ogya anim no, te sɛ nsu a wɔahwie agu nea ɛhɔ sian.


Efisɛ wodi Omri ahyɛde ne Ahab fi nneyɛe nyinaa so, na wonennam wɔn agyinatu so, nea ɛbɛyɛ na mayɛ wo ahodwiriwde, ne emufo no nso ohwiremabɔ, na moasoa me man ahohora.


Ɛno nso akɔ otukɔ mu, ɔkɔɔ nnommumfa mu, ne mmotafowa nso, wɔde wɔn bobɔɔ mmorɔn nyinaa so twitwaa wɔn mu asinasin, na wɔtwee n’anuonyamfo so ntonto, na woguu ne nnipa akɛse nyinaa mpokyerɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios