Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 13:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Memaa wo ɔhene m’abufuw mu, na miyii no hɔ m’anibere mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Memaa wo ɔhene m’abufuo mu, na meyii no hɔ m’anibereɛ mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Enti mʼabufuw mu, memaa wo ɔhene, na mʼanibere mu no, miyii no hɔ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

11 Memaa wo ɔhene m’abufuo mu, na meyii no hɔ m’anibereɛ mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Enti mʼabufuo mu, memaa wo ɔhene, na mʼanibereɛ mu no, meyii no hɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Memaa wo ɔhene m’abufuw mu, na miyii no hɔ m’anibere mu.

Ver Capítulo Copiar




Hosea 13:11
18 Referencias Cruzadas  

Asase mmarato na ɛma ɛso ahemfo dɔɔso, na nnipa nhumufo ne nimdefo na ɛma ɔhene kyɛ.


Na afei wɔbɛka sɛ: Yenni hene; efisɛ yɛansuro AWURADE, na ɔhene nso, dɛn na ɔbɛyɛ ama yɛn?


Samaria de, wobetwa ne hene akyene, sɛ nsu ani ahuru.


Na Israel mma bɛtena hɔ nna pii a wonni hene na wonni bapɔmma, na wonni afɔre na wonni ɔbosom dum, na wonni asɔfotade ne abusua ahoni.


Wɔn de, wɔasisi ahemfo, na emfi me, wɔasisi mmapɔmma nso, na minnim; wɔn dwetɛ ne wɔn sika, wɔde ayeyɛ ahoni a ɛbɛsɛe wɔn.


Na Samuel hyiaa ɔman no baa AWURADE nkyɛn Mispa.


nanso ɛnnɛ moapa mo Nyankopɔn a ɔno na ogye mo mo amane ne mo ahohia nyinaa mu no, na muse no sɛ: Dabi, na si yɛn so hene. Na afei mummegyina AWURADE anim sɛ mo mmusuakuw ne mo mpem dodow te.


Na Samuel ka kyerɛɛ Israel nyinaa sɛ: Hwɛ, matie mo, sɛnea moka kyerɛɛ me no nyinaa, na masi mo so hene.


Na afei, hwɛ, ɔhene a moapaw no a mosrɛɛ no no ni; na hwɛ, AWURADE asi mo so hene.


Na Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ: Me ne wo rensan nkɔ, efisɛ woapa AWURADE asɛm, na AWURADE nso apa wo sɛ nni Israel so hene.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Wubegyam Saul akosi da bɛn? Na me de, mapa no sɛ onnni Israel so hene. Fa ngo hyɛ w’abɛn ma, na bra ma mensoma wo Betlehemni Yese nkyɛn, efisɛ ne mma mu na mayi ɔhene mafa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios