Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 13:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Ɛhefa na wo hene no wɔ afei, na onnye wo wo nkurow nyinaa mu, ne w’atemmufo a wokae sɛ: Ma me ɔhene ne mmapɔmma no?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Ɛhefa na afei wo hene no wɔ, na ɔnnye wo wo nkuro nyinaa mu, ne w’atemmufoɔ a wokaa sɛ: Ma me ɔhene ne mmapɔmma no?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Wo hene wɔ he na wabegye wo? Wo sodifo a wɔwɔ wo nkurow nyinaa so no wɔ he, wɔn a wokaa faa wɔn ho se, ‘Ma me ɔhene ne ahenemma’ no?

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Ɛhefa na afei wo hene no wɔ, na ɔnnye wo wo nkuro nyinaa mu, ne w’atemmufoɔ a wokaa sɛ: Ma me ɔhene ne mmapɔmma no?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Wo ɔhene a ɔbɛgye wo no wɔ he? Wo sodifoɔ a wɔwɔ wo nkuro so wɔ he, wɔn a wokaa wɔ wɔn ho sɛ, ‘Ma me ɔhene ne ahenemma’ no?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Ɛhefa na wo hene no wɔ afei, na onnye wo wo nkurow nyinaa mu, ne w’atemmufo a wokae sɛ: Ma me ɔhene ne mmapɔmma no?

Ver Capítulo Copiar




Hosea 13:10
26 Referencias Cruzadas  

Na Israel nyinaa tee sɛ Yeroboam asan aba no, wɔsoma kohyiaa no baa asafo no mu, na wosii no Israel nyinaa so hene; obiara nni hɔ a odii Dawid fi akyi sɛ Yuda abusuakuw nko.


Na Asaria hene hui sɛ Hosea apam ne tiri so na wasoma abɔfo akɔ Misraim hene So nkyɛn, efisɛ wamfa ayɛyɛde ankɔma Asaria hene sɛ ɔyɛ daa afe no; ɛnna Asaria hene bɛkyeree no kɔtoo nneduadan mu.


AWURADE ne hene daa daa, amanaman bɛyera afi n’asase so.


Ma Israel ani nnye ne yɛfo ho, ma Sion mma nni wɔn hene ho ahurusi.


Wo, Nyankopɔn, wone me hene, hyɛ na Yakob nnya nkwagye ara nko.


Nanso Onyankopɔn ne me hene fi teteete, ɔyɛ ogye adwuma asase so.


Na AWURADE na yɛn kyɛm wɔ no, na Israel kronkronni no na yɛn hene wɔ no.


Na AWURADE ne yɛn temmufo, AWURADE ne yɛn hene ɔno na obegye yɛn nkwa.


Me, AWURADE, mene mo kronkronni, Israel bɔfo, mo hene no.


Na ɛhe na w’anyame a woyɛ fae no wɔ? Ma wɔnsɔre, sɛ wobegye wo w’amanehunu bere mu anaa? Na sɛ wo nkurow dodow te no, saa ara na w’anyame nso dodow te, o Yuda!


Hwɛ, me man babea sufrɛ nne fi akyirikyiri asase so: So AWURADE nni Sion, anaasɛ ne hene no nni mu bio? Ɛdɛn nti na wɔde wɔn ahoni ne amannɔne ahuhude no ahuru me bo?


Yɛn hwene mu ahome, nea AWURADE asra no no, wɔakyere no wɔn amoa mu, ɔno a yɛkae sɛ: Ne nwini ase na yebenya nkwa, amanaman no mu.


Na afei wɔbɛka sɛ: Yenni hene; efisɛ yɛansuro AWURADE, na ɔhene nso, dɛn na ɔbɛyɛ ama yɛn?


Nso mene AWURADE wo Nyankopɔn de fi Misraim asase so, na wunnim Onyankopɔn bi sɛ me nko, na ogyefo biara nni m’akyi.


Na Israel mma bɛtena hɔ nna pii a wonni hene na wonni bapɔmma, na wonni afɔre na wonni ɔbosom dum, na wonni asɔfotade ne abusua ahoni.


Wɔn nyinaa mu adodɔ sɛ ɔfononoo, na wokum wɔn akannifo; wɔn ahene nyinaa atotɔ; obi nni wɔn mu a ɔfrɛ me.


Wɔn de, wɔasisi ahemfo, na emfi me, wɔasisi mmapɔmma nso, na minnim; wɔn dwetɛ ne wɔn sika, wɔde ayeyɛ ahoni a ɛbɛsɛe wɔn.


Na AWURADE bedi asase no nyinaa so hene; ɛda no, AWURADE bɛyɛ biako, na ne din ayɛ biako.


Natanael bua see no sɛ: Rabi, woyɛ Nyankopɔn ba, wone Israel hene.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Tie nea ɔman no se ne nea wɔka kyerɛ wo no nyinaa, efisɛ ɛnyɛ wo na wɔapa wo, na me na wɔapa me, sɛ minnni wɔn so hene.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios