Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 12:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Na Efraim se: Manya me ho ara, manya ade pii; me brɛ nyinaa mu annya amumɔyɛde a ɛyɛ bɔne amma me.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Na Efraim ka sɛ: Manya me ho ara, manya adeɛ pii mafa; me brɛ nyinaa mu, wɔannya amumuyɛdeɛ a ɛyɛ bɔne amma me.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Efraim hoahoa ne ho sɛ, “Meyɛ ɔdefo; manya me ho. Mʼahonya nyinaa mu wɔrenhu amumɔyɛ biara wɔ me ho.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Na Efraim ka sɛ: Manya me ho ara, manya adeɛ pii mafa; me brɛ nyinaa mu, wɔannya amumuyɛdeɛ a ɛyɛ bɔne amma me.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Efraim hoahoa ne ho sɛ, “Meyɛ ɔdefoɔ; manya me ho. Mʼahonya nyinaa mu wɔrenhunu amumuyɛ biara wɔ me ho.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Na Efraim se: Manya me ho ara, manya ade pii; me brɛ nyinaa mu annya amumɔyɛde a ɛyɛ bɔne amma me.

Ver Capítulo Copiar




Hosea 12:8
29 Referencias Cruzadas  

Wɔde wɔn ho to wɔn ahonyade so, na wɔde wɔn adedodow hoahoa wɔn ho.


Hwɛ, onipa a wamfa Onyankopɔn anyɛ n’ahoɔden, na ɔde ne ho too n’ahode bebree no so, na ɔhyɛɛ ne ho den, n’anibere mu, no ni.


Mommfa mo ho nnto amimdi so, na monnyɛ dwowtwa ho ahupoo; sɛ ahonyade dɔ a, mommfa mo koma nnto so.


Nsisi nsenia yɛ AWURADE akyide, na abrammokwanmu yɛ no anisɔ.


Nnipa bi wɔ hɔ a wɔn ho tew wɔn ankasa ani so, nanso wonguaree wɔn mfii wɔn fi mu ɛ.


Sɛ ɔbea ɔwaresɛefo kwan te ni: Odidi popa n’ano, na ose: Memmɔɔ mmusu bi ɛ.


Ɛyɛɛ dɛn na woka sɛ: Me ho nguu fi ɛ, Baalim akyi nso minnii ɛ? Hwɛ wo kwan obon no mu, hu nea woayɛ. Yomabere a wagyigya a ɔkɔntɔnkɔntɔn ne kwan,


woka sɛ: Midi bem. Ampa, n’abufuw adan afi me so. Hwɛ, me ne wo bedi, nea woka sɛ: Menyɛɛ bɔne ɛ, no nti.


Sɛ nnomaa hyɛ kyerɛnkyɛ ma no, sɛ nsisi ayeyɛ wɔn afi mu amaama ne no; enti wɔayɛ akɛse na wɔanya wɔn ho.


wo nyansa dodow ne w’aguadi na wode ama w’ade adɔɔso, na w’ade no nti wo koma ahoman,


Bere a wonyaa adidibea pa no, wɔmee, wɔmee nti wɔn koma maa ne ho so, enti wɔn werɛ fii me.


Israel, san bra AWURADE wo Nyankopɔn nkyɛn; na w’amumɔyɛ nti woahwe ase.


Me man bɔne no ne wɔn aduan, na wɔn amumɔyɛ yɛ wɔn kra akɔnnɔ.


na mubisa sɛ: Da bɛn na ɔsram foforo betwam na yɛatɔn awi, ne homeda, na yɛabue ɔsan ano, na yɛayɛ olonka ketewa, na yɛama n’abrammo aso, na yɛakyea nsenia de asisi?


Saa nti ɔbɔ n’asawu no afɔre na ɔhyew aduhuam ma ne kyerɛnkyɛ no, efisɛ ɛno na ɛma ne kyɛfa dɔ srade, na n’aduan dɔɔso.


a wɔn a wɔtɔɔ wɔn no kunkum wɔn na wonni so, na wɔn a wɔtɔn wɔn no ka sɛ: Nhyira nka Awurade, na manya ade, na wɔn ahwɛfo nso nkyɛe wɔn so no.


Mode mo nsɛm hyɛ Awurade brɛ. Na moka se: Dɛn na yɛde hyɛ no brɛ? Sɛ moka se: Obiara a ɔyɛ bɔne no, ye Awurade anim, na wɔn ho yɛ no anisɔ; anaasɛ: Atemmu Nyankopɔn no wɔ he?


Mokasa tia me, Awurade na ose. Nanso moka sɛ: Dɛn na yɛka tia wo?


Na ɔno de, ɔpɛe sɛ obu ne ho bem, nti obisaa Yesu sɛ: Na hena ne me yɔnko?


na maka makyerɛ me kra sɛ: Ɔkra, wowɔ nneɛma pa pii a wɔde asie ama mfirihyia pii. Home, didi, nom, na wo bo ntɔ wo yam!


Akoa biara ntumi nsom awuranom baanu. Na ɔbɛtan obiako, na wadɔ obiako no anaasɛ ɔbɛbata obiako ho, na wabu obiako no animtiaa. Muntumi nsom Nyankopɔn ne ahonyade.


Na osee wɔn sɛ: Moyɛ nnipa a wobu wɔn ho bem nnipa anim, nanso Onyankopɔn de, onim mo koma mu. Na nea ɛyɛ kɛse nnipa mu no yɛ akyide Onyankopɔn anim.


na woanka wo koma mu sɛ: M’ahoɔden ne me nsa den na ama manya ahonyade yi,


Kasa kyerɛ adefo a wɔwɔ wiase sɛ wonnnwen akokurokosɛm, nso wɔmmfa wɔn ani nnto ahonyade a enni hɔ daa so, na wɔmfa wɔn ani nto Nyankopɔn a ɔma yɛn nneɛma nyinaa ma ɛdɔɔso sɛ yenni no so,


mansotwe a ɛsɛ nnipa a wɔn adwenem asɛe, na nokware abɔ wɔn a wosusuw sɛ onyamesom pa yɛ adepɛde.


Efisɛ wuse: Meyɛ ɔdefo na manya me ho, na hwee nhia me, na wunnim sɛ wo ara ne ɔmanehunufo ne mmɔboroni ne ohiani ne onifuraefo ne ɔdagyani.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios